Nkrabeah Effah Dartey

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Nkrabeah Effah Dartey
Member of Parliament for Berekum Constituency
Bere
7 January 2005 – 6 January 2009
ƆmanpanyinJohn Kufuor
AnanmusiniKwaku Agyenim-Boateng
Member of Parliament for Berekum Constituency
Bere
7 January 2001 – 6 January 2005
ƆmanpanyinJohn Kufuor
OdikanfoJ.H. Owusu Acheampong
Ne ho asɛm
Awo bere21 June 1953 (1953-06-21) (age 70)
Ne manGhanaianGhana 
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mma4
Sukuu a w'akɔAchimota School
N'adwumaLawyer

Nkrabeah Effah Dartey yɛ Ghana amanyɔni a na ɔsanso yɛ Mmarahyɛbadwani de ma Berekum abatoɔ mpɛsoa no so wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtoso mmiensa wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nan no mu( 3rd Parliament of Ghana of the 4th Republic of Ghana).

Abrabɔ Ahyɛaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Effah Dartey hyɛɛ ne Nwomasua ase wɔ Achimota Skuul (Achimota School).[1]sanso kɔɔ Dormaa Ntoasoɔ Sukuu (Dormaa Secondary School) na onyaa ne GCE A Level abɔdin krataa (Certificate).[2]

Adwuma[sesa]

Effah Dartey n'adwuma a ɔyɛ ne mmaranimfoɔ anaasɛ lɔyani (borrowed).[3][4][5]Na ɔyɛɛ adwuma wɔ ɔno ara ankasa ne ankorɛankorɛ mmara adwumakuo mu (private law firm).[3][4] Effah Dartey yɛ ɔsraani panin a w'ayɛ adwuma wɔ Ghana Aseraafoɔ adwumakuo (Ghanaian Army) no mu a w'akɔ ahome gyeɛ mu.[6][4]a ɔkɔɔ n'anim sɛ Asraafoɔ panin a na n'abɔdin kɔduruu Asraafoɔ sahene (Captain) wɔ Oforisuo bosome no, ne da a ɛtoso aduonu-nson wɔ afe apem ahankron aduowɔtwe-mmiensa (27th April,1983) na onyaa saa abɔdin yi. Wɔ Ɔsanaa bosome no ne da a ɛtoso du-nan wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe-mmiensa (14th August 1987) no mu no na ɔfirii Ghana Asraafoɔ adwumakuo no mu (Ghana Armed Forces).[6]Effah Dartey yɛɛ adwuma wɔ ɔman Ghana adwumakuo a ɛhwɛ wɔn a ɛkɔfa fangoo bɛtoɔn nsɛmkaeɛ ne atwerɛtwerɛ adwumayɔbea (National Secretariate for Petroleum Retailors Association) firi afe apem ahankron aduowɔtwe-nson on mu de bɛsii mfie mpem mmienu ne baako no mu.[4]

Amanyɔsɛm[sesa]

Effah Dartey wɔn too aba maa no kɔɔ mmarahyɛbadwafie ne mprenusoɔ maa no kɔ gyinaa hɔ maa Berekum abatoɔ mpɛsoa no so hɔ foɔ wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu (Brong Ahafo Region) wɔ mfie mpem mmienu ne mfie mpem mmienu ne nan Ɔman Ghana abatoɔ no mu (2000 and 2004 Ghanaian General Elections).[7][8][9]Na ɔsanso yɛɛ adwuma sɛ ɔmansoafoɔ abɛdeakyire ma asuaeɛ ɛhwɛ ɛfie nsɛm so. (Deputy Minister of Interior).[4][10]

2000 Elections[sesa]

Effah Dartey Wɔn dii nkae too aba maa no kɔɔ mmarahyɛbadwafieMmarahyɛbadwani a ɔgyina hɔ ma Berekum abatoɔ mpɛsoa no so wɔ mfie mpem mmienu Ɔman Ghana abatoɔ no mu (2000 Ghanaian General Elections).[11] Ɔgyina hɔ ma Berekum abatoɔ mpɛsoa no so foɔ wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtoso mmiensa wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nan no mu (3rd Parliament of the 4th Republic of Ghana).[11] Wɔn de mma mpem aduonu-mmiensa aha-mmienu ne aduowɔtwe-nwɔtwe (23,288 votes) de firii mma mpem aduasa-nsia aha-mmienu ne aduowɔtwe-nwɔtwe (36,288 votes) wɔ mma a wɔn tooeɛ no deɛ wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.[11] Wei ne ɔha nkyekyemu susupɛn aduosia-nan ne akyiripɔ aduonu (64.20%) na ɛyɛ pɛpɛɛpɛ wɔ mma a wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.[11] Wɔn too aba maa no sɛ nkunimdifoɔ wɔ wɔn a ɛdidisoɔ yi so J.H. Owusu-Acheampong a na ɔfiri National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no mu, Kofi Kumi Atta-Frimpong a na ɔno nso firi Convention People's Party (CPP) amanyɔkuo no mu, Dickson Kofi Nuako a na ɔno nso firi ɛyɛ National Reform Party(NRP) ɛne Andrews Hinneh a na ɔno nso firi ɛyɛ United Ghana Movement (UGM) amanyɔkuo no nso mu.[11] Wei ne mma a wɔn mu biara nyaaeɛ wɔ saa abatoɔ no mu, mma mpem du-mmienu aha-mmiensa ne aduokron-mmiensa (12,393 votes), mma aha-mmienu ne aduosia-mmienu (262 votes), mma aha-mmienu ne aduonum-baako (251 votes) ɛne mma aduokron-nnan (94 votes).[11] Wei ne ɔha nkyekyemu susupɛn a edidisoɔ yi na ɛyɛ pɛpɛɛpɛ aduasa-nnan ne akyiripɔ aduonu (34.20%), hwee ne akyiripɔ aduoson (0.70%), hwee ne akyiripɔ nson(0.7%) ɛne hwee ne akyiripɔ mmiensa (0.3%) wɔ mma a wɔn tooeɛ no deɛ wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu no.[11] Effah Dartey wɔ too aba maa no bɛyɛɛ MmarahyɛbadwaniNew Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo no tumi krataa so.[11] Na ne mpɛsoa no ka mmarahyɛbadwafie nkonwa du-nan (14) a New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo nyaa de firii mmarahyɛbadwam nkonwa aduonu-baako (21) wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu wɔ Ghana.[12] [13]Wɔ ne nyinaa mu no New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo na ɛnyaa Mmarahyɛbadwafie nkonwa no mu kɛseɛ a ne dodoɔ ne ɔha (100) de firii mmarahyɛbadwam nkonwa aha-mmienu no mu wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtoso mmiensa wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nnan no mu.[13]

2004 Elections[sesa]

Effah Dartey Wɔn sanso too aba maa no kɔɔ mmarahyɛbadwafieMmarahyɛbadwani de maa Berekum abatoɔ mpɛsoa no so foɔ wɔ ne mprenusoɔ ɛwɔ mfie mpem mmienu ne nnan ɔman Ghana nyinaa abatoɔ no mu.[8] [9]Ɔno na ɔgyina maa saa abatoɔ mpɛsoa no so foɔ wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtoso nnan wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nnan no mu.[8] [9]Wɔn de mma mpem aduonu-nwɔtwe aha-num ne aduosia-baako (28,561 votes) na yii no na onyaa saa mma yi de firii ɛyɛ mma dodoɔ mpem aduanan-nson aha- nsia ne aduasa-num (47637 votes) wɔ mma a wɔn tooeɛ no deɛ wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu no.[8][9]Wei ne ɔha nkyekyemu susupɛn yi na ɛyɛ pɛ aduosia ne akyiripɔ hwee (60.0%) wɔ mma a wɔn tooeɛ no deɛ wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.[8][9] Wɔn too aba maa no sɛ nkunimdifoɔ wɔ onnipa baako pɛ so a ɔno ne Stephen Oppong a na ɔfiri National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no mu. Ɔno nso nyaa mma a wɔn tooeɛ no mu mpem du-nkron ne aduoson- nnan (19,074 votes) wɔ mma a wɔn tooeɛ no deɛ wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu.[8][9]Wei nso ne ɔha nkyekyemu susupɛn aduanan ne akyiripɔ hwee (40.0%) na ɛyɛ pɛpɛɛpɛ wɔ aba wɔn tooeɛ no ɛmu deɛ wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu no. Effah Dartey Wɔn sanso too aba maa no biom wɔ New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo no tumi krataa so.[8][9] Na ne mpɛsoa no ka mmarahyɛbadwafie nkonwa du-nan (14) a New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo no nyaaeɛ de firii mmarahyɛbadwam nkonwa aduonu-nan (24) no ho wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu wɔ Ghana ɛwɔ saa abatoɔ no mu.[13][8] Wɔ ne nyinaa mu no New Patriotic Party NPP amanyɔkuo no na ɛnyaa Mmarahyɛbadwafie nkonwa no mu dodoɔ no ara a ɛyɛ ɔha ne du-nan (114) de firii ɛyɛ mmarahyɛbadwam nkonwa aha-mmienu ne aduasa (230) no mu wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtoso nnan wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nnan no mu (4th Parliament of the 4th Republic).[13]

Ankorɛankorɛ Abrabɔ[sesa]

Effah Dartey yɛ owarefoɔ a ɔwɔ mma nnan.[3] Ɔyɛ okristoni.[3][sesa]

Bea me nyaa mmoa firiieɛ[sesa]

  1. Archive copy, archived from the original on 2020-01-29, retrieved 2022-09-29{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. [2]
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 I'm a serious politician — Effah-Dartey (in British English), retrieved 2022-09-29
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 4.4 https://www.modernghana.com/news/242239/effah-dartey-launches-bid-to-become-general-secr.html
  5. https://www.myjoyonline.com/claim-that-aisha-huang-sneaked-out-of-ghana-is-blatant-untruth-effah-dartey/
  6. 6.0 6.1 Puzzle Between Effah Dartey And NPP (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2022-09-29 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  7. Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Berekum East Constituency, retrieved 2022-09-29
  8. 8.0 8.1 8.2 8.3 8.4 8.5 8.6 8.7 Peace FM, Ghana Election 2004 Results - Berekum East Constituency, retrieved 2022-09-29
  9. 9.0 9.1 9.2 9.3 9.4 9.5 9.6 Beethoven, Ludwig van, 1770-1827, composer., Symphony no. 9, OCLC 1242065314, retrieved 2022-09-29{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  10. Effah-Dartey Storms Burma Camp (in English), retrieved 2022-09-29
  11. 11.0 11.1 11.2 11.3 11.4 11.5 11.6 11.7 Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Berekum East Constituency, retrieved 2022-09-29
  12. Peace FM, Ghana Election 2000 Results - Brong Ahafo Region, retrieved 2022-09-29
  13. 13.0 13.1 13.2 13.3 Kwaku Krobea Asante (2016-08-10), Statistics of Presidential and Parliamentary Election Results (in American English), retrieved 2022-09-29