Nii Oakley Quaye-Kumah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Nii Oakley Quaye-KumahGhana ɔmanyɔni ne Mmoa Ho Oprehyɛn Ho Oduruyɛfo . Ɔyɛ mmrahyɛbaguani ma Krowor Mantam no firi 7 Ɔbɛnem 2009 kɔsi 6 Ɔbɛnem 2017. Na ɔsan yɛ mmoa ayaresabea ahorow bi so panyin.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Quaye-Kumah wɔ 26 Ɔpɛpɔn 1959. Ɔfiri Nungua, a ɛwɔ Greater Accra Mantam mu wɔ Ghana . Ɔnyaa ne Master of Veterinary Science wɔ sukuupɔn bi mu wɔ Ukraine wɔ afe 1989.

Adwuma[sesa]

Quaye-Kumah yɛ Mmoa Ho Oprehyɛn Ho Oduruyɛfo . Ansa na ɔrekɔ amammuisɛm mu no, na ɔyɛ Beach Mmoa Ayaresabea a ɛwɔ Nungua ne Westland Mmoa Ayaresabea a ɛwɔ West Legon, Accra.

Amanyɔsɛm[sesa]

Quaye-Kumah kɔɔ mmrahyɛbagua mu wɔ 7 Ɔbɛnem 2009 wɔ National Democratic Congress (NDC) a egyina Krowor Mantam no ananmu no tekiti so . Wɔsan paw no sɛ ɔmmɛgyina amansin no ananmu mpɛn mmienu a ɛtoatoa soɔ wɔ afe 2012 Ghana amansan abatoɔ no mu nanso wantumi annsi akan wɔ atenaeɛ no ho ne mprɛnsa a ɛtoatoa soɔ ɛnam akwahosan pa nti. Agnes Naa Momo Lartey a ɔsii akan maa NDC wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ mu nanso ɔdii nkoguo wɔ Elizabeth Afoley Quaye a ɔfiri New Patriotic Party .

Ankorankoro asetra[sesa]

Quaye-Kumah aware a ɔwɔ mma baanum. Ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni na ɔyɛ International Central Gospel Church (ICGC) no muni.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]