Nasa, Ghana

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Nasa yɛ akurase bi a ɛwɔ Ghana wɔ abakɔsɛm ahennie wɔ Wala a ɛwɔ mprenpren atifido atɔeɛ mantam wɔ Ghana.Ɛyɛ brɔfo kwansin dunan wɔ atifi atɔeɛ wɔ Wa, Ghana. Wɔ afe apem ahannwɔtwe ne aduowɔtwe nson de kɔpem afe apem ahannwɔtwe ne aduowɔtwe nnwɔtwe ɔpɛ berɛ mu no, na Nasa yɛ kuro a ɛdi mu pa ara. Ɔpɛ berɛ no mu no Zabarima a ɛhyɛ Babatu ase ahokwka ne asoɔkyee no nti ɛseɛ kuro no. Saa atoyerɛnkyɛm yi maa wɔhweree nnipa bebree ɛna ɛgyaa ɛfii ne prɔka wɔ kuro no agya. Adan ahodoɔ a Babatu asoɔkyee seɛ no bi ne Nkramofo asɔredan a ɛwɔ kurom hɔ. Na nnipa dodoɔ a ɛwɔ Nasa wɔ afe apem ahankron ne aduasa baako yɛ ɔha ne aduanan nkron. Wɔ afe apem ahankron ne aduanan nwɔtwe mu no nnipa dodoɔ a na ɛwɔ hɔ yɛ ahanu ne aduonwɔtwe nkron. Wɔ afe apem ahankron ne aduosia nnipa akenkan mu no ɔnyaa nnipa ɔha ne

aduasa nsi wɔ afe apem ahankron ne aduoson mu no na nnipa a wɔte kurom hɔ no dodoɔ yɛ ahanu ne du nsia.a.