Nana Dokua

Ɛfi Wikipedia

Nana Dokua yɛ Akyem Abuakwa ɔhemmaa maame . Ɔno na ɔmaa Dwabenfoɔ Hene a wɔfrɛ no Nana Kwaku Boateng ne n’asraafoɔ akwaaba. Ɔmanko bi sii wɔ Ashantifo ne Dwabenfo ntam wɔ afe 1832 mu, wɔ Akatamansu ko no akyi mfe asia.[1] Wɔ afe 1824 mu, wɔ n’ahennie mu no, ɔsan nso maa Kotokufoɔ a na wɔn nso aboa Abuakwa wɔ akodie bi a wɔne Ashantifoɔ dii mu no guankɔbea. Wɔ n’ahenni mu no, Juabensfo no fa bi tew atua tiaa Ashantifo. Nana Kwaku Boateng na ɔyɛ atuatewfoɔ no kannifoɔ a na ɔyɛ wɔn panin. Wɔhyɛɛ wɔn ma wofii Juaben wɔ Ashanti kɔɔ anafo fam.

Ankorankoro asetra[sesa]

Ɔwaree Barima Twum Ampofo a ofi Oyoko abusua a ɛwɔ Barekeseso wɔ Ashanti mantam mu. Ɔyɛɛ no Asiakwahene ne Akyem Abuakwa Nifahene nso. Ɔbɛyɛɛ ''ɔhɔho'' nko ara a okura saa abodin a ɛyɛ Divisional chief wɔ Akyem Abuakwa. Wɔwoo mmabarima mmarima mmienu a wɔn nso bɛyɛɛ ahene wɔ ne wuo akyi a wɔfrɛ wɔn Nana Atta ne Obiwom. Wodi afahyɛ bi de hyɛ wɔn anuonyam a wɔfrɛ no Abam afahyɛ. Wɔhyɛ no afe biara Fida a edi kan wɔ Odwira afahyɛ no akyi wɔ asɛnka agua a ɛsen biara a ɛwɔ Kyebi no nkyɛn.

Akyem Abuakwa Abakɔsɛm[sesa]

Akyem Abuakwa Hene a odi kan na ɔhyehyɛɛ no ne Nana Kunutunkununku I wɔ Adans Ahemman no asehwe akyi na wɔtetew wɔn ho fii Ahemman no ho. Ahene dodow bi bɛtraa ahengua no so.

Agyapade ahorow[sesa]

Wɔkyerɛe sɛ ɔyɛ ɔbea a ɔyɛ Okyenhene a ɔto so 24 a ɔtraa asɛnka agua a ɛsen biara no so. Wɔde no totoo Nana Yaa Asantewaa ho efisɛ na wɔn baanu nyinaa fi Asona abusua koro mu. Na Nana Dokua yɛ ɔbaabun ne ɔkofo bere a ɔne Ashantifo koe mpɛn 99, na ɔbɔɔ Akyemfo ho ban fii Ashantifo ntua ho no. Wɔkae no wɔ n’adwuma akɛse a ɔyɛe wɔ nnwom mu no ho.

Wɔsan nso ka sɛ na ɔyɛ ɔhwɛfoɔ berɛ a ɔde nkuraa ne nkuro a ɛwɔ Akyem Abuakwa sii hɔ yɛɛ no mpaapaemu de yɛɛ ɔko ne nnisoɔ. Afei nso a wɔbɛkwati mpaapaemu ne atuatew wɔ ahenni no mu.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. ADDO-FENING, R. (1973). "Asante Refugees in Akyem Abuakwa 1875-1912". Transactions of the Historical Society of Ghana. 14 (1): 39–64. ISSN 0855-3246. JSTOR 41405838.