Moses Anim

Ɛfi Wikipedia

Nhwɛsoɔ:Use Ghanaian English

Moses Anim
Member of the Ghana Parliament
for Trobu Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2013
OdikanfoConstituency split
Ne ho asɛm
Awo bereApril 25, 1965 (1965-04-25) (age 59)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana

Moses Anim yɛ Ghana amanyɔni na ɔyɛ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan no mu mmarahyɛbadwani a ɔgyina Trobu mansini a ɛwɔ Nkran punpuni mantam nomu no anan mu wɔ mmarahyɛbadwafie .Ɔdi saa diberɛ yi wɔ ɔsono kokroko ammanyɔkuo (New Patriotic Party -NPP)no tekiti so.[1]

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Anim wɔ Oforisuo da a ɛtɔ so Aduonu-num, afe Apem, Ahankron ne Aduosia-num(1965). Ɔfiri Adukrom wɔ Ghana Apueeiɛ Mantam mu. Ɔsuaa adeɛ wɔ Ghana Suapɔn mu baabi a ɔnyaa ne Bachelor of Science abodin krataa wɔ Biochemistry ne ne( Master of Business Administration) abodin krataa wɔ (Project Management) mu wɔ afe 1991 ne 2005 mu.[2][3][4]

Adwumayɛ[sesa]

Ansa na ɔrehyɛn amammɔsɛm mu no, na Anim yɛ ' Wilhelm Construction Company Limited" a ɛwɔ Nkran kuro pɔn no mu no Dwumadie sohwɛfoɔ.

Amanyɔsɛm[sesa]

Anim kɔɔ mmarahyɛbadwafie wɔ Ɔbɛnem da a ɛtɔ so nson, mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-mmeɛnsa ( 2013 ) wɔ ɔsono kokroko ammanyɔkuo (New Patriotic Party-NPP ) tekiti so. Ɔgyina Trobu abatoɔ mpɛsoa no ananmu wɔ mmarahyɛbadwafie . Mma Mpem Aduɔson-nso, Aha-nson ne Aduɔwɔtwe -mmienu (76,782 ) a ɛbaeɛ no, Anim nyaa mu Mpem Aduanan -nsia, Ahanan ne Aduanan-nsia( 46,446) a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyem Aduonum-nwɔtwe ne akyiri pɔ Aduɔkron-nsia(58.96%) na ɔde dii nkonim wɔ nkodwa no so. Wɔsan paw no wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-nsia (2016) mu sɛ ɔnkɔ so ntena mmarahyɛbadwa no mu mfeɛ nan (4) bio.[5][6]

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni na ɔyɛ Pentikɔso asɔre no mu ni.[7][8]

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-03
  2. MPs (in American English), retrieved 2023-10-03
  3. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-03
  4. Moses Anim, Biography, retrieved 2023-10-03
  5. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-03
  6. Moses Anim, Biography, retrieved 2023-10-03
  7. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-03
  8. Moses Anim, Biography, retrieved 2023-10-03