Jump to content

Mogyasoteɛ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
anemia
class of disease, symptom or sign
subclass ofhematopoietic system disease, cytopenia, hemic system symptom, Nyarewa Sesa
facet ofwomen's health Sesa
health specialtyhematology Sesa
genetic associationG6PD Sesa
ICD-9-CM285.9, 285.8 Sesa
NCI Thesaurus IDC2869, C2869 Sesa

Sɛ Oxygyen nni obi mogya mu a, ɛno na yɛfrɛ no mogyasoteɛ a Nglesi kasa mu, wɔfrɛ no Anemia anaa anaemia. Deɛ ɛtaa de yei ba pa ara ne sɛ mogya mu mmoawa a wɔfrɛ wɔn red blood cells no so bɛte anaasɛ hemoglobin a ɛma mogya no yɛ kɔkɔɔ na ɛtumi ma mogya no di aforosane no so bɛte. Sɛ ɔhaw bi ba hemoglobin no mu nso a, ɛtumi de mogyasoteɛ( anaemia) ba.[1][2]

Wɔnyaa din anaemia no firii Greek kasa " av" mu a ɛkyerɛ biribi dabi kabea. Ɛna afei (haima) a ɛkyerɛ sɛ mogya. Nti ne mmienu ka bom a, aseɛ kyerɛ sɛ mogya nni obi nipadua mu.

Nsɛnkyerɛnne[sesa]

Sɛ obi nya mogyasoteɛ( anaemia ) a, ahyaseɛ no deɛ, nsɛnkyerɛnne no nhyɛ da nna ne ho adi papa. [3]Mmom, nkakrankakra na mogya a ɛwɔ nipadua no mu no rewe. Nsɛnkyerɛnne a ɛhyɛ aseɛ no bi ne ɔbrɛ, honamyaw, obi a ɔhome a ɛnhyɛ da nsi so, tipaeɛ, ɛne sɛ obi ntumi ntenetene n'apɔ mu yie.[4] Sɛ yadeɛ no duru bunu mu a, ɛte sɛ deɛ nipa no rewu. Ampa nso, saa berɛ no, wɔanhwɛ no yie a ɔtumi hwere ne nkwa. Na'ni so tumi si no. Nsukɔm taa de no ntɛntɛm. Ansa na saa nsɛnkyerɛnne yi bɛyi ne ho adi no, na kyerɛ sɛ yadeɛ no adokoro nipa no ankasa. Deɛ ɛkɔfa anaemia no baeɛ no nso tumi ma yɛnya nsɛnkyerɛnne foforɔ. Ɛba obi ho a, ɛtumi kɔ ntɛm. Ɛtumi nso kyɛ yɛ hu pa ara. [5]

Deɛ Ɛde Ba[sesa]

Deɛ ɛde mogyasoteɛ( anemia ) ba no bi ne sɛ mogya a ɛwɔ obi mu no so bɛte, mogya no mu mmoawa a wɔfrɛ wɔn red blood cells no so bɛte, deɛ ɛma mogya mu mmoa no so bɛte anaasɛ ɛrenyɛ adwuma ne nneɛma nketenkete bi a ɛkeka ho.[6]Sɛ obi nso nya yafunu mu hyew sɛ ebia, wadi adeɛ bi a ne nipadua no mpɛ na ne yafunu mu hyehye no. Sɛ mogya nso tu obi a, ɛno nso tumi de mogyasoteɛ ba. Sɛ nnuane nnuro bi te sɛ iron, folate ne vitamin B12 , sintɔ nso tumi demogyasoteɛ ba. Yadeɛ a ɛtumi ka obi to hɔ [7]biara nso tumi de mogyasoteɛ ba. Afei nso, ɛtumi yɛ yadeɛ a wɔde wo. Yɛwɔ nkorɔfoɔ bi wɔ hɔ a, bosome anaa deɛ ɛnnuru saa biara, wɔn mogya so te. Yɛbɛtumi agyina red blood cells kɛseɛ so akyekyɛ anaemia mu. Yɛbɛtumi nso agyina hemoglobin a ɛwɔ mogya no mu no nso so akyekyɛ anaemia mu. Sɛ mmoawa a ɛwɔ mogya no mu no soso a, yɛfrɛ no macrocytic anemia; sɛ wɔnhyɛ da nsoso nso a, yɛfrɛ no normocytic anemia.[8]

Ne Nsɔano[sesa]

Esiane sɛ anaemia yadeɛ no ma ara na ɛrema ne ho so no nti, sika a wise afanan nyinaa hwere wɔ mogyasoteɛ nsɔano no ho afe biara no yɛ US sika ɔpepepem aduonu mmeɛnsa($ 23 billion). Deɛ wɔtumi de nnuro sɔ ano no yɛ deɛ iron zintɔ a ɛwɔ nipadua no mu no de ba.[9] Akwan ahodoɔ a wɔfa so sɔ ano no gyina yadeɛ no kɔfabae so ne sɛdeɛ asi adokoro nipa no afa so. Wɔtumi de nnuane nnuro bi te sɛ vitamin B12 sɔ ano. Wɔma ɔyarefoɔ no di nnuane a iron wɔ mu nso.

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. Anemia: Practice Essentials, Pathophysiology, Etiology, 2023-10-24, retrieved 2024-06-09
  2. Anaemia | Define Anaemia at Dictionary.com, 2014-07-14, archived from the original on 2014-07-14, retrieved 2024-06-09{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  3. Anemia In The Emergency Department: Evaluation And Treatment, retrieved 2024-06-09
  4. Anemia In The Emergency Department: Evaluation And Treatment, retrieved 2024-06-09
  5. Anemia In The Emergency Department: Evaluation And Treatment, retrieved 2024-06-09
  6. Timothy G. Janz, Roy L. Johnson, Scott D. Rubenstein (2013-11), "Anemia in the emergency department: evaluation and treatment", Emergency Medicine Practice, vol. 15, no. 11, pp. 1–15, quiz 15–16, ISSN 1524-1971, PMID 24716235, retrieved 2024-06-09 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  7. Timothy G. Janz, Roy L. Johnson, Scott D. Rubenstein (2013-11), "Anemia in the emergency department: evaluation and treatment", Emergency Medicine Practice, vol. 15, no. 11, pp. 1–15, quiz 15–16, ISSN 1524-1971, PMID 24716235, retrieved 2024-06-09 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  8. Amir Qaseem, Linda L. Humphrey, Nick Fitterman, Melissa Starkey, Paul Shekelle, for the Clinical Guidelines Committee of the American College of Physicians (2013-12-03), "Treatment of Anemia in Patients With Heart Disease: A Clinical Practice Guideline From the American College of Physicians", Annals of Internal Medicine (in English), vol. 159, no. 11, p. 770, doi:10.7326/0003-4819-159-11-201312030-00009, ISSN 0003-4819, retrieved 2024-06-09{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  9. Nhwɛsoɔ:Cite press release