Michael Teye Nyuanu

Ɛfi Wikipedia

Wɔwoo Michael Teye Nyuanu Ayɛwohomumɔ da a ɛtɔ so dumiɛnsa, afe apem ahankron aduonum-num mu. Ɔyɛ Ghanani amanyɔni a na ɔka mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so mmienu, mmiɛnsa ne nan no ho wɔ Repɔblik a ɛtɔ so nan wɔ Ghana no ho. Ɔsomm sɛ mmrahyɛbadwani wɔ Lower Manya abatoɔ mpasua a ɛwɔ Atɔeɛ mantam mu no mu. Edin a na nkurɔfoɔ sane de nim no ne MTN.[1][2][3][4][5][6]

N'abrabɔ[sesa]

Nyuanu Teye yɛ ɔwarefoɔ a wawo mma nan. Ɔyɛ Kristoni mapa a ɔkɔ asɔre a wɔfrɛ no Baptist.[7]

Ne mfiaseɛ abrabɔ ne ne sukuukorɔ[sesa]

Wɔwoo Michael Teye Nyuanu Ayɛwohomumɔ da a ɛtɔ so dumiɛnsa, afe apem ahankron aduonum-num mu wɔ Ghana Atɔeɛ mantam mu kuro bi a wɔfrɛ no Manya Kpogunor so.

Ɔkɔɔ suapɔn a wɔfrɛ no Ghana Institute of Management and Public Administration (GIMPA) kɔgyee nteteɛ nyaa abodin a wɔfrɛ no Business Administration wɔ mfeɛ mpenu ne baako mu. Afei, ɔsane toaa n'adesua so suaa deɛ wɔfrɛ no Executive Masters in Governance and Leadership wɔ GIMPA suapɔn no ara mu.[7]

N'adwumasɛm[sesa]

N'adwuma a ɔhyɛɛ da suaeɛ pa ara ne Account Officer. Bio, ɔsane wɔ ahyɛn ahodoɔ a wɔyɛ adwuma ma no.[7] Afei nso, na ɔyɛ ɔkasafoɔ abɛdiakyire ma ECOWAS mmarahyɛbadwafoɔ no.[8]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔtoo aba maa no sɛ mmarahyɛbadwani wɔ afe apem, ahankron aduokron-nsia mu berɛ a ɔnyaa mma mpem aduasa, ahankron aduosia-mmiɛnsa a wɔtoeɛ no mu mpem aduonu-nan, ahanson aduosia-mmiɛnsa a ɛyɛ ɔha mu nkyɛmu aduonum-nkron akyiri pɔ aduonum. Nnipa a ɔdii wɔn so nkunim no ne Kodjiku Lawerence Kpabitey a na ɔyɛ NPP amanyɔkuo no ananmusini, Robert Kwesi Nartey a na ɔyɛ PNC amanyɔkuo no ananmusini, Samuel Terlabie a na ɔyɛ CPP amanyɔkuo no ananmusini ne John Tetteh Akuerter a na ɔyɛ EGLE amanyɔkuo no ananmusini no. Abatoɔ no baa awieeɛ no, na Kodjiku Lawerence Kpabitey anya mma dodoɔ a wɔtoeɛ no mu mpem num, ahanson ne dunwɔtwe. Robert Kwesi Nartey nso nyaa mma no mu ahanan ne aduowɔtwe-mmienu. Nnipa baanu a wɔka wɔn ho no deɛ, obiara antumi anya aba biara.[9]

Nyaunu Teye gyinaa National Democratic Congress amanyɔkuo no anan mu. Ɔtumi boroo onipa a na ɔbɛn no pa ara no so mma mpem nan, ahansia ne aduokron-nson bɛyɛɛ mmarahyɛbadwani.[10] Ɔdii nkunim ɛfiri sɛ, ɔnyaa mma no mu ɔha mu nkyɛ mu aduonum-mmiɛnsa. Ɔne nnipa nan a wɔfiri amanyɔkuo a ɛdidi soɔ yi mu na wɔperee adwa no, New Patriotic Party (NPP), Convention People's Party (CPP), National Reform Party (NRP), ne People's National Convention (PNC). Henry Derma Narh a na ɔgyina NPP amanyɔkuo no anan mu no nyaa mma no mu mpem nkron, ahanu aduokron-baako. Owura Accam nso a na ɔgyina CPP amanyɔkuo no anan mu no tɔɔ so mmiɛnsa berɛ a ɔnyaa no mu apem, ahansia no. Afei, Thomas Narh Batsa a na ɔgyina NRP amanyɔkuo no anan mu no nyaa mma no mu apem ne aduosia mmienu ɛnna Robert Nartey a na ɔgyina PNC amanyɔkuo no anan mu no nyaa mma no mu ahasa aduosia-baako. Henry Derma Narh nyaa ɔha mu nkyɛmu aduasa-num akyiri pɔ aduonum. Owura Accam nso nyaa ɔha mu nkyɛmu nsia akyiri pɔ du. Afei, Thomas Narh Batsa nyaa ɔha mu nkyɛmu nan akyiri pɔ du, ɛnna Robert Nartey nyaa ɔha mu nkyɛmu baako akyiri pɔ aduanan.[11] Na ɔnsane nso ka mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so mmienu wɔ Repɔblik a ɛtɔ so nan wɔ Ghana no ho wɔ afe apem, ahankron aduokron-nson no mu.[7]

Mfeɛ mpenu ne nan abatoɔ no mu no, ɔnyaa mma mpem aduasa-num, ahanu aduanan-nwɔtwe a wɔtoeɛ no mu mpem dunwɔtwe, ahanum aduoson-baako a ɛyɛ ɔha mu nkyɛmu aduonum-mmienu akyiri pɔ aduoson. Nnipa a na ɔne wɔn repere a ɔdii wɔn so nkunim no ne Owurayere Difie Agyarko Kusi a a na ɔgyina NPP amanyɔkuo no anan mu no, Anim Amartey Francis Cecil a na ɔgyina IND amanyɔkuo no anan mu no, Emmanuel Kwame Adjei Okrah a na ɔgyina CPP amanyɔkuo no anan mu no, Robert Nartey Kwesi a na ɔgyina PNC amanyɔkuo no anan mu no ne Cecilia Kosi Akuerter a na ɔgyina EGLE amanyɔkuo no anan mu no. Owurayere Difie Agyarko Kusi nyaa mma no mu mpem dunum, ahanu aduonu-nwɔtwe. Anim Amartey Francis Cecil nyaa mma no mu ahanson ne nan. Emmanuel Kwame Adjei Okrah nso nyaa mma ahanu aduowɔtwe-nsia. Afei, Robert Nartey Kwesi nyaa mma ahanu aduasa nwɔtwe, ɛnna Cecilia Kosi Akuerter nso nyaa mma ahanu aduo-baako.[12]

Bio nso, na ɔka nnipakuo a wɔbɔ ɔmampanin abɛdiakyire ho dawuro no ho.[1] NDC amanyɔkuo no twee n'adwuma no sɛneeɛ berɛ a ɔne nnipa baasa bi a wɔfiri amanyɔkuo no mu kɔdii aniammɔhosɛm bi wɔ Lower Manya Krobo abatoɔ mpasua no mu. Afei, ɔbɛgyinaa sɛ kɔntɛnkorɔ wɔ mfeɛ mpenu ne dumienu abatoɔ no mu peree sɛ mmarahyɛbadwani berɛ ɔyii ne ho firii NDC amanyɔkuo no mu no.[13][14][15][16]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 Krobos cannot trust NPP - Michael Teye Nyaunu (in English), 2016-09-26, retrieved 2022-09-03
  2. [Adjorlolo, Ruth Abla. "Teye Nyaunu seeks a return into NDC". www.gbcghana.com. Retrieved 2020-07-12. Adjorlolo, Ruth Abla. "Teye Nyaunu seeks a return into NDC". www.gbcghana.com. Retrieved 2020-07-12.] {{citation}}: Check |url= value (help); Missing or empty |title= (help)
  3. Peace FM Online, [https://www.peacefmonline.com/pages/politics/politics/201201/90839.php Teye Nyaunu Was Taught A Bitter Electoral Lesson By Delegates � Gen Mosquito], retrieved 2022-09-03 {{citation}}: replacement character in |title= at position 63 (help)
  4. Demo hits Michael Teye Nyaunu - MyJoyOnline.com (in American English), 2011-05-30, retrieved 2022-09-03
  5. Teye Nyaunu stages comeback for Lower Manya Krobo seat - MyJoyOnline.com (in American English), 2015-09-04, retrieved 2022-09-03
  6. Starrfm.com.gh (2017-08-09), Sawyerr’s attacks on Amidu disappointing – Teye Nyaunu — Starr Fm (in American English), retrieved 2022-09-03
  7. 7.0 7.1 7.2 7.3 Ghana MPS - Ghana's comprehensive official repository of MPs information (in American English), retrieved 2022-09-03
  8. Former Lower Manya mp out of ndc primaries (in British English), retrieved 2022-09-03
  9. Peace FM, Ghana Election 1996 Results - Lower Manya Krobo Constituency, retrieved 2022-09-03
  10. Results Parliamentary Elections, retrieved 2022-09-03
  11. Peace FM, Parliament - Eastern Region Election 2000 Results, retrieved 2022-09-03
  12. Peace FM, Ghana Election 2004 Results - Lower Manya Krobo Constituency, retrieved 2022-09-03
  13. Kojo Akoto Boateng (2017-02-20), Lower Manya NDC suspends Teye Nyaunu (in American English), retrieved 2022-09-03
  14. Demo hits Michael Teye Nyaunu (in English), retrieved 2022-09-03
  15. Teye-Nyaunu lose Lower Manya to Terlarbi (in British English), retrieved 2022-09-03
  16. NDC Sacks Teye Nyaunu (in American English), 2017-02-21, retrieved 2022-09-03