Mercy Adu-Gyamfi

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Mercy Adu Gyamfi
Former MP
Member of the Ghana Parliament
for Akwatia Constituency
ƆmanpanyinNana Akuffo-Addo
Ne ho asɛm
Awo bere1 May 1971 (1971-05-01) (age 53)
Akwatia, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
NehokaniYes
MmaSix
Sukuu a w'akɔPresby Middle School, Akwatia, Ghana
N'adwumaBusiness Person
N'adwumaBusiness Person

Mercy Adu Gyamfi (wɔwoo no wɔ Kɔtɔnimaa bosome da a ɛdi kan wɔ afe apem ahankron aduoson baako ,1{ May 1971}) yɛ Ghana Mmarahyɛ Badwa no muni, ɔyɛ New Patriotic Party, kuo a wɔdɔɔ so wɔ mmarahyɛ badwa no mu na ɔyɛ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan no Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson no muni.[1] Waware a ɔwɔ mma nsia.[2]

Mfitiase asetena[sesa]

Mercy Adu-Gyamfi firi Akwatia, wɔ Eastern Region, wɔ Ghana na wɔwoo no wɔ Kɔtɔnimaa bosome da a ɛdi kan wɔ afe apem ahankron aduoson baako (1 May 1971).[3]

Nwomasua[sesa]

Owurayere. Mercy Adu-Gyamfi kɔɔ Presby Mfifini Sukuu wɔ Akwatia na afe apem ahankron aduowɔtwe nwɔtwe (1988) mu no, ɔnyaa Mfinimfini Sukuu Awieeɛ Krataa. (MSLC) (MSLC) a ɛwɔ hɔ.[2]

Adwumayɛ[sesa]

Ɔyɛ adwumayɛfoɔ baa na ɔyɛ ti nhwi ho adwuma wɔ n’adwuma mu na ɔbɛyɛɛ Ghana mmarahyɛ badwa no muni wɔ Ɔpɛnimaa bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia (December 2016) mu berɛ a ɔdii nkunim maa Akwatia mantam a ɛwɔ Apueeɛ Mantam mu no. Ná ɔyɛ ɔkwankyerɛfoɔ panin, wɔ Amasey Nnuruyɛbea, a ɛwɔ Kade, wɔ Apuei Fam Mantam mu.[1] Ɔyɛ boayikuo ahodoɔ bi muni wɔ Mmarahyɛ Badwa no mu, ɔsom wɔ Adwumayɛ ne asetena mu yiedie fie boayikuo no mu.[4] Ɔnyaa abatoɔ no amma mpem aduonu mmienu, aha-nnan ne aduasa mmiɛnsa (21,433) wɔ abatoɔ amma dodoɔ a wɔtoeɛ no mu a ɛyɛ mpem aduasa nson, ahanson ne du-nsia (37,716) a ɛfata a wɔtoo no mu, a ɛne ɔha nkyɛ mu aduonu nson, akyiri pɔ aduonu baako (57.21%) yɛ pɛ wɔ n’asɔretiafoɔ Baba Jamal Mohammed Ahmed ne Joice Sakei so.[5]

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Mercy Adu Gyamfi aware a ɔwɔ mma nsia.[6] Ɔyɛ Kristoni na ɔyɛ Pentekoste Asɔre no muni.[7]

Mmeaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 "Coen, Massimo (Aldo), (29 July 1918–13 Feb. 2004), Hon. Life President, Italian Chamber of Commerce and Industry for the UK, 1994; President, Etrufin Reserco Ltd, since 1985", Who Was Who, Oxford University Press, 2007-12-01, retrieved 2023-10-02
  2. 2.0 2.1 MPs (in American English), retrieved 2023-10-02
  3. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-02
  4. "Scholarly Use of the Archived Web", The Archived Web, The MIT Press, 2018, retrieved 2023-10-02
  5. MPs (in American English), retrieved 2023-10-02
  6. A Adu-Gyamfi (2008-02-22), "Studies on microbiological quality of smoked fish in some markets in Accra, Ghana", Ghana Journal of Science, vol. 46, no. 1, doi:10.4314/gjs.v46i1.15918, ISSN 0855-1448, retrieved 2023-10-02
  7. MPs (in American English), retrieved 2023-10-02