Matthias Kobena Nketsiah

Ɛfi Wikipedia
Mathias kobena Nketsia
Awo bere14th May, 1942.
Kakomdo-(Cape coast)
CitizenshipGhanaian
Sukuu a w'akɔSt. Theresa's Minor Seminary
N'adwumaPriesthood
EmployerRoman Catholic Church
Board member ofCatholic Bishop conference
ChildrenNon

Abrabɔ Ahyeaseɛ ne Nwomasua[sesa]

ɔwoo Ɔsɔfo pɔn panin Mathias Kobina Nketsiah wɔ Oforisuo da a ɛtɔ so du-nan-14, afe Apem, Ahankron ne Aduanan-Mmienu(1942). Wɔwoo no wɔ ɔno ankasa ne krom Kakomdo a ɛwɔ wɔ Ghana Mfinimfini Mantam mu. Ɔsɔfo pɔn panin Matthias Kobena Nketsiah yɛ obi a wɔhyɛɛ no ​​sɔfo sɛ Cape Coast Ɔsɔfo wɔ Kitawonsa da a ɛtɔ so du-nkron-19, afe Apem, Ahankron ne Aduɔson(1970). Saa berɛ no na na wadi mfeɛ aduonu -nwɔtwe (28). Saa berɛ no Ɔsɔfopɔn Peter Kwasi Sarpong a na ɔyɛ sɛ Kumasi Ɔsɔfopɔn panin, na ɔsɔre faa dibea no so bɛyɛɛ Cape Coast Ɔsɔfo Panyin.[1]

Adwumayɛ[sesa]

Ɔsɔfo pɔn panin Matthias Nketsiah, a kosii sɛ wɔpaw no sɛ Asomafo sohwɛfo, na osii Peter Cardinal Appiah Turkson a wɔsan paw no sɛ Pontifical Council for Peace and Justice no Titenani wɔ Rome, Italy no ananmu.

Ɔdii dibea ahodoɔ a na ɔyɛ Episcopal Nhyiamu no Department of Juridical Matter no Titenani.

Owiee ne Ordinary ne Advanced Levels nyinaa wɔ St. Theresa’s Minor Seminary wɔ Amisano, na ɔtoaa ne Nyansapɛ ne Nyamekyerɛ adesua so wɔ St. Peter’s Major Seminary wɔ Pedu, Cape Coast. [2]

N'ahomegyeɛ Korɔ[sesa]

Wɔ Kotonimaa bosome da a ɛtɔ so du-baako, afe Mpemmmienu ne Du-nwɔtwe(2018) mu no, ɔde n'adwuma sɛ sɔfopɔn panin baa awieɛkɔɔ ahomegyeɛ mu[3]


Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. mascolgh (2018-05-12), Catholic Archbishop of Cape Coast resigned (in British English), retrieved 2023-11-26
  2. MASAHUDU ANKIILU (2018-05-11), Ghana: Catholic Archbishop of Cape Coast Resigns (in American English), retrieved 2023-11-26
  3. MASAHUDU ANKIILU (2018-05-11), Ghana: Catholic Archbishop of Cape Coast Resigns (in American English), retrieved 2023-11-26