Mary Winfred Koranteng

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Na Mary Winfred KorantengGhana ɔman adwumayɛni ne ɔmanyɔni . Ɔyɛɛ Ghana mmrahyɛbagua no muni fi afe 1960 kosi afe 1966. Efi 1960 kosi 1965 no, na ɔyɛ Apuei Fam Mantam no muni a ɔto so abien, na efi 1965 kosi 1966 no, na ɔyɛ Swedru-Achiase mmrahyɛbaguani.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Koranteng wɔ December 25, 1922 wɔ Achiase .[1][2][3] Ɔnyaa ne mfitiaseɛ nwomasua wɔ Mmofraturo Sukuu mu, faako a ɔnyaa ne Standard Seven Certificate wɔ 1940 mu berɛ a ɔwiee sukuu no.[1][2]

Adwuma ne amammuisɛm[sesa]

Koranteng fii ase sɛ ntadehyɛfo wɔ 1944 mu bere a na ɔwɔ sotɔɔ bi a wɔtɔn wax nkyerɛwee mu no. Ɔtraa Achiase kosii afe 1960 bere a wɔpaw no sɛ ɔmmɛyɛ mmrahyɛbagua wɔ afe 1960.[4] Sɛ ntadehyɛ da nkyɛn a, na Koranteng nso de ne ho hyɛ nnua adwuma mu, na osiesie nnua ho kwan maa nnua aguadifo. Wɔ afe 1960 mu no, na Koranteng ka mmea a wodii kan hyɛn Ghana mmrahyɛbagua no mu wɔ ɔmanfo (mmea asɔremma) mmara ase. Ná ɔka mmea 10 a wɔpaw wɔn a wɔansɔre atia wɔn wɔ June 27, 1960 wɔ Convention People’s Party no tekiti so no ho .[5][6] Ná ɔyɛ Apuei Fam Mantam no muni a ɔto so abien .[5][7] Wɔ afe 1965 mu no, wɔyɛɛ no mmrahyɛbaguani maa Swedru-Achease kosii afe 1966 mu bere a wotuu Nkrumah aban no gui no.[8]

Ankorankoro asetra[sesa]

Owiee sukuu akyi bere tiaa bi no ɔwaree Owura Asafu-Adjei kosii 1943 mu bere a owui no. Ɔwaree bio wɔ afe 1951 mu ne Kwame Nkrumah, Ghana ɔmampanyin a odi kan, na wɔboom woo ɔbabea.[9][10][11] Wɔ 1955 mu no, wogyaee aware no. Akyiri yi ɔwoo mma baanan foforo a wofi fekuw ne aware afoforo mu.[9]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. 1.0 1.1 Commission, Ghana Manyo-Plange (Assets) (1969). Report of the Manyo-Plange (Assets) Commission, Appointed Under the Commissions of Enquiry Act, 1964 (Act 250) and N. L. C. (Investigation and Forfeiture of Assets) Decree, 1966 (N. L. C. D. 72) to Enquire Into the Assets of Specified Persons (in English). Ghana Publishing Corporation (Print. Division).
  2. 2.0 2.1 Commission, Ghana Manyo-Plange (Assets) (1969). Report of the Manyo-Plange (Assets) Commission, Appointed Under the Commissions of Enquiry Act, 1964 (Act 250) and N. L. C. (Investigation and Forfeiture of Assets) Decree, 1966 (N. L. C. D. 72) to Enquire Into the Assets of Specified Persons (in English). Ghana Publishing Corporation (Print. Division).
  3. Ghana Year Book (in English). Graphic Corporation. 1961.
  4. Commission, Ghana Manyo-Plange (Assets) (1969). Report of the Manyo-Plange (Assets) Commission, Appointed Under the Commissions of Enquiry Act, 1964 (Act 250) and N. L. C. (Investigation and Forfeiture of Assets) Decree, 1966 (N. L. C. D. 72) to Enquire Into the Assets of Specified Persons (in English). Ghana Publishing Corporation (Print. Division).
  5. 5.0 5.1 Ghana Today (in English). Information Section, Ghana Office. 1959.
  6. Ghana (1960). Ghana Gazette (in English).
  7. Ghana (1960). Ghana Gazette (in English).
  8. Jakande, L. K. (1966). West Africa Annual (in English). James Clarke.
  9. 9.0 9.1 Commission, Ghana Manyo-Plange (Assets) (1969). Report of the Manyo-Plange (Assets) Commission, Appointed Under the Commissions of Enquiry Act, 1964 (Act 250) and N. L. C. (Investigation and Forfeiture of Assets) Decree, 1966 (N. L. C. D. 72) to Enquire Into the Assets of Specified Persons (in English). Ghana Publishing Corporation (Print. Division).
  10. Pobee, J. S. (1991). Religion and Politics in Ghana (in English). Asempa Publishers. ISBN 978-9964-78-179-8.
  11. West Africa (in English). West Africa Publishing Company Limited. 1966.