Mary Kalin Arroyo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Mary Kalin Arroyo
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipNew Zealand Sesa
given nameMary, Therese Sesa
family nameKalin, Arroyo Sesa
date of birth1944 Sesa
place of birthNew Zealand Sesa
native languageSpanish Sesa
languages spoken, written or signedSpanish Sesa
occupationbotanist, ecologist, university teacher Sesa
employerUniversity of Chile Sesa
educated atUniversity of California, Berkeley College of Natural Resources Sesa
member ofNational Academy of Sciences Sesa
award receivedVolvo Environment Prize, Guggenheim Fellowship, Honorary Fellow of the Royal Society Te Apārangi Sesa

Wɔwoo Ɔbenfo Mary Therese Kalin-Arroyo wɔ afe apem ahankron ne aduonan nnan (1944) wɔ New Zealand. Mprenpren yi, ɔyɛ Ɔbenfo ɛwɔ abɔde a nkwa wɔ mu ho adesua (Biology) wɔ asuapɔn a ɛwɔ Chile. Kalin-Arroyo yɛ obi a ɔda nsow na ɔsan hwehwɛ Ourisia abusua no na ohunu mmoa ahorow foforo pii wɔ New Zealand.[1] N'adesua nso ama wɔakyerɛ sɛ Chile mfinimfin fam yɛ beaeɛ a ɛyɛ afifide a agu ahorow so.[2][3]

Abrabɔ mfitiaseɛ ne nwomasua[sesa]

Ɔnyaa ne BSc abɔdin ɛwɔ Canterbury a ɛwɔ Christchurch asuapɔn mu, New Zealand a ɔde adesuakuo a ɛdikan na ewieɛ wɔ afe apem ahankron ne aduosia nson (1967). Afei ɔwie ne PhD wɔ Botani mu wɔ UC Berkeley wɔ afe apem ahankron ne aduoson baako (1971). Afei a ɛtoa so no, Kalin-Arroyo ne Peter Raven yɛɛ post doctoral wɔ New York Botanical Garden.

Wɔ afe apem ahankron ne aduoson nwɔtwe (1978), ɔware ne kunu Manuel Arroyo ne wɔn ba barima tu kɔɔ asupɔn a ɛwɔ Chile, baabi a na ɔbɛyɛ adwuma sɛ okunini. Akyire yi, ɔbenfo Kalin-Arroyo bɛyɛɛ okunini kɛseɛ wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nnan (1984). Mprenpren yi, ɔyɛ panyin wɔ asoeɛ a ɛhwɛ abɔde a nkwa wɔm wɔ asuopɔn a ɛwɔ Chile.[2][3][4]

Nhwehwɛmu[sesa]

Kalin-Arroyo adwuma ne sɛ ɔhwɛ awoɔ a ɛfa afifide a nkwa wɔm, titiriw no nneɛma a afifiri ɛwɔ mmaeɛ a ɛkorɔn ne awo nhyehyeɛ ahorow a ɛdennan. Ne nhwehwɛmu a ɛtɔ so bio ne biogeography, faako a ɔhwɛ sɛnea afifide a ɛwɔ mmeaeɛ a ɛkorɔn no. Ɔde akwammisa krataa kɔeɛ sɛ ɔde ne nhwehwɛmu a ɔyɛɛ wɔ afifide awo nhyehyeɛ ho ne nhwehwɛmu a ɔyeɛ wɔ mpɔtam a ɛfa nneɛma a wokora so no ho. Afei nso, Obenfo Kalin-Arroyo nso ayɛ nneɛma a wɔkora so ho adwuma a ɔhwɛɛ sɛnea nneɛma a wɔkora so no ayɛ yie wɔ Chile mmea du-nsia (16) a wɔabɔ ho ban no mu. Wei aboa ama Chile mfinimfin beaeɛ ɛde abɔde a nkwa wɔm na agu mu ahodoɔ no ato dwa.[2][3][4]

Adeɛ foforɔ a ɔtumi yɛɛ ne sɛ ɔnyaa adwene bi a ɔde bɛbɔ Asubɔnten Kɔndor nsuo a ɛyɛ asase ɔpepe aduosia-nwɔtwe (68,000), Ɔha nkyekyɛmu aduonu-num (25%) a ɛkɔ fam a ɛwɔ Chile no ho ban daa.[3][5]

Abasobɔdeɛ[sesa]

Kalin anya ɔman ne amanaman ntam anuonyam pii. Wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nnan (1984) mu no ɔdii nkonim wɔ John Simon Guggenheim kuo a agye din no mu. Wɔ afe apem ahankron ne aduokron nnwɔtwe (1998) mu no, wɔpaw no sɛ kuoba ɛwɔ "Linnean Society of London" wɔ afe apem ahankron ne aduokron num (1995) mu ne "Corresponding member of the Botanical Society of America". Wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) mu, onyaa abasobɔdeɛ ɛwɔ "Merit Labarca" de kyerɛɛ ne nhomasua mu nkɔso a ɛda nsow wɔ wɔn adwuma mu wɔ amammerɛ ne ɔsom a wɔde ma aman no mu. Wɔ afe apem ahankron ne aduokron nson(1997) de kɔsi afe apem ahankron ne aduokron nkron (1999) mu no, Chile Ɔmanpanin maa no Ɔmanpanin diberɛ wɔ nyansahu mu. Wɔ afe apem ahankron ne aduokron nwɔtwe (1998) mu no, wɔpaw no sɛ New Zealand Ahemfo kuw no muni a ɔhyɛ nidi maa ne kurom. Wɔ afe apem ahankron ne aduokron-nkron (1999) mu no, ɔne Ramon Latorre, na wɔpaw wɔn sɛ "Amannɔne Kuoba ɛwɔ US Nyansahu Sukuu", na wɔyɛɛ nyansahufo baanu a wodii kan wɔ ɔman no mu a wɔanya saa nidi kɛse yi no mu baako. Wɔ afe mpem mmienu ne mmiɛnsa (2003) mu no ɔde ne ho kɔbɔɔ Chile Nyansahu Sukuu no sɛ Ɔmanpanyin a Ɔkyerɛw Nsɛm.[3][5] Wɔ afe mpem mmienu ne du (2010) mu no, onyaa Chile Ɔman Nkonimdi a Ɛfa Abɔde Ho Nyansahu Ho.[6]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "Honorary Fellows Elected in 1998". The Royal Society of New Zealand. Retrieved 14 October 2014.
  2. 2.0 2.1 2.2 "Mary T Kalin Arroyo". Instituto de Ecología y Biodiversidad (IEB). Archived from the original on 26 June 2015. Retrieved 14 October 2014.
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 3.4 "Arroyo, Mary Therese Kalin (1944-)". JSTOR. Retrieved 26 October 2014.
  4. 4.0 4.1 "Dr.Mary Kalin Arroyo". UNT. Retrieved 14 December 2014.
  5. 5.0 5.1 Tobar, Droguett Alfonso. "Dr. Mary Kalin. Notable scientific production and numerous international awards". Universidad de Chile. Retrieved 26 October 2014.
  6. "Mary Kalin Arroyo, premio nacional de Ciencias: 'Los eucaliptus son árboles gasolina'" [Mary Kalin Arroyo, National Prize for Sciences: 'The Eucalyptus are Gasoline Trees']. El Desconcierto (in Spanish). 1 February 2017. Retrieved 11 December 2017.