Martha Ama Akyaa Pobee

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Martha Ama Akyaa Pobee (wɔwoo no 4 September) yɛ Ghana ɔmanpanyin a wayɛ Ɔkyerɛwfo Panyin Boafo wɔ Amanaman Nkabom a ɛhwɛ Afrika so wɔ Amanaman Nkabom no Ɔkyerɛwfo Dwumadibea fi afe 2021.[1] Wɔ saa dibea yi mu no, ɔka Amanaman Nkabom Asoɛe a Ɛhwɛ Amanyɔsɛm ne Asomdwoe Ho Nsɛm So .

Ansa na Pobee rebɛka UN ho no yɛ Ghana ɔbea a odi kan a ɔyɛ Daa Ananmusifo wɔ Amanaman Nkabom no mu . Kan Ɔmampanyin John Dramani Mahama na ɔpaw no wɔ July 2015 mu .

Nwomasua[sesa]

Pobee nyaa ne bachelor’s degree wɔ Borɔfo ne nyansapɛ mu wɔ Ghana Sukuupɔn mu na ne master’s degree wɔ nkɔso ho adesua mu wɔ International Institute of Social Studies a ɛwɔ The Hague . Ɔsan nso suaa aman ahodoɔ ntam nkitahodiɛ wɔ Graduate Institute of International and Development Studies (IHEID) ne Ɔmanfoɔ Nnwuma wɔ Ghana Institute of Management and Public Administration (GIMPA).

Adwuma[sesa]

Na Pobee yɛ adwuma ho ɔnanmusifo, na na ɔsom wɔ Amannɔne Nsɛm Ho Dwumadibea . Wɔde no too Tel Aviv fi afe 2000 kosi afe 2004.[2] Ɔyɛ Head of Chancery wɔ Ghana Aban Nnanmusini a ɛwɔ Washington DC firi afe 2006 kɔsi afe 2010.

Efi afe 2010 kosi afe 2012 no, na Pobee yɛ Amanneɛbɔ ne Ɔmanfo Nsɛm Dwumadibea no Panyin wɔ Amannɔne Nsɛm Dwumadibea. Akyiri yi ɔbɛyɛɛ Asɛmpatrɛw Panyin Abadiakyiri wɔ Ghana Aban Asoɛe a ɛwɔ Pretoria fi afe 2012 kosii sɛ Ɔmanpanyin John Dramani Mahama paw no sɛ Ghana Daa Ananmusifo wɔ UN mu wɔ July 2015.

Ankorankoro asetra[sesa]

Pobee aware John Samuel Pobee a ɔyɛ Anglikan sɔfo ne Ɔbenfo a Wɔapaw no . Afahyɛ no kɔɔ so wɔ Ghana Suapɔn mu wɔ 26 July 1994.[3] Ɔyɛ Roman Katolekni .[4]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. Secretary-General Appoints Martha Ama Akyaa Pobee of Ghana Assistant Secretary-General for Africa United Nations, press release of May 21, 2021.
  2. Pobee, John S. (2012). Sense of Grace and Mission. African Books Collective. p. 226. ISBN 9789988152284.
  3. Pobee, John S. (2012). Sense of Grace and Mission. African Books Collective. p. 230. ISBN 9789988152284.
  4. Omenyo, Cephas N.; Anum, Eric B. (2014). Trajectories of Religion in Africa: Essays in Honour of John S. Pobee. Rodopi. p. 52. ISBN 9789401210577.