Margaret Sarfo

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Margaret Sarfo (a yɛ frɛ no Peggy Oppong, née Odame; 26 Ɔpɛpɔn 1957 – 8 Kotonimma 2014) yɛ Ghana ni nwoma twerɛfo ne Nsɛmtwerɛfo. Ɔyɛ adwuma wɔ Graphic Communications Group Limited ɛsɔre bɛyɛ koowaa krataa mu samufo ɛma The Mirror.

Abrabɔnfitiasɛ ne N'adesua mu nsɛm[sesa]

Opanyin Daniel Odame ne ne yere wo Margaret Sarfo afe 1957, ɛwɔ Mpraeso, Kwahu, a ɛwɔ Ghana anaafo mu. Magaret Sarfo ɛkɔ sukuu wɔ Adabraka, Accra, ɔwie yɛ no ɔtoa ne sukuu so wɔ Okuapeman Secondary School, Akropong, ɛhɔ na onya ne General Certificate of Education (GCE), Ordinary ne Advanced levels. Ɔsan nso toa ne sukuu so wɔ University of Ghana ɛwɔ afe 1979,ɔwie sukuu no gye na bordin krataa wɔ BA (Hons) wɔ brɔfo kasaa ne Russia kasaa mu. Ɔde afe baako sua ade wɔ Russia no, ɔsan nso ba University of Ghana ɛbɛ wie sukuu no gye na bordin krataa wɔ ne Diploma ne MPhil degrees wɔ nipa ho nkitahodie adesua.

N'adwuma yɛmu[sesa]

N'adwuma yi mu bi[sesa]

  • The dancing money box
  • End of the Tunnel
  • Red Heifer

N'abrabɔmu Nsɛm[sesa]

Ɔware Mr. Kojo Safo akyire a ɔhyia no wɔ mmerɛ ana ɔkɔ sukuu wɔ University of Ghana na ɔtoa ne kunu no so wɔ Alataman mu wɔ afe 1982; ɛhɔ na ɔhyɛ ase sɛ ɔrekyerɛ brofo kasa no ase ɛwɔ Methodist Comprehensive High School a ewɔ Ekiti State. Ɔmo san nso ba ɔman Ghana mu afe mmiɛnsa.

Owuo ne Ayieyɔ[sesa]

Safo ɛwu wɔ 37 Military Hospital ɛda a ɛtoso Kotonimma 8, 2014. Wɔn ɛdeda no wɔ Osu Cemetery ɛda Memeneda, Ayɛwohomumɔ 28. Ɔde n'akyi ɛgya ne kunu ne ne mma ɛnan.

Ntotoho[sesa]