Magnus Kofi Amoatey

Ɛfi Wikipedia

Magnus Kofi Amoatey (wɔwoo no wɔ Ɔpɛnimaa da a, ɛtɔ so du wɔ afe apem ahankron aduanan nwɔtwe,10 December 1948) yɛ MP-a wɔpaw no ma Yilo Krobo Mantam a ɛwɔ Ghana Apueeɛ Fam mantam mu.[1] Ɔbɛyɛ Ghana Ɔmanpanin a ɛtɔ so nnan no mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so nsia no muni wɔ berɛ a wɔaka mmarahyɛ badwa foforɔ no ntam wɔ Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so nson wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmiɛnsa (7 January 2013) wɔ berɛ a wɔagyae mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so nnum no anadwo fa wɔ Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so nsiawɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmiɛnsa (6 January 2013). Sɛnea aban aba a Ghana Abatoɔ Badwa no de too dwa kyerɛ no, Amoatey dii nkunim wɔ Yilo Krobo mpɛsoa so mu abatoɔbea ɔha ne aduonu nnan (124) no nyinaa mu gye mmiɛnsa (3) na ɔtoo abatoɔ a ne nyinaa yɛ mpem aduonu nsia, ahanum ne aduowɔtwe nnan (26,584), a egyina hɔ ma abatoɔ a ɛfata a wɔtoo no ɔha nkyekyɛ mu aduosia baako akyiri pɔ aduannan nkron (61.49%).[2]

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Amoatey yɛ Kristoni a ofi Presbyterian asɔre mu. Waware a ɔwɔ mma nnan.[3]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Amoatey wɔ 10 December 1948. Ɔfiri Sra, kuro bi a ɛwɔ Ghana Apueeɛ Mantam mu.[3] Ɔkɔɔ Ghana Suapɔn mu na onyaa ne Bachelor of Art wɔ Sociology mu wɔ afe 1990 mu. Ɔsan nso kɔɔ Ghana School of Law na onyaa ne bachelor’s degree wɔ mmara mu wɔ afe 1995.[3]

Adwumayɛ[sesa]

  • Nhyehyɛeɛ sohwɛfoɔ, Ɔman Badwa a Ɛhwɛ Amammerɛ So (wakɔ ahomegyeɛ mu)[3]
  • Ɔhokafoɔ kumaa, Yilo Chambers, Accra (Mmaranimfoɔ ne Mmaranimfoɔ[3]
  • Mmaranimfoɔ[3]

Mmeaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. Frederick Affum (2020-06-30), "A Study of Microfinance and Its Impact on the Livelihoods of Market Women; Evidence from Yilo Krobo Municipality, Ghana", European Scientific Journal ESJ, vol. 16, no. 16, doi:10.19044/esj.2020.v16n16p216, ISSN 1857-7881, retrieved 2023-10-01
  2. Louis Kusi Frimpong, Shine Francis Gbedemah, Fatimah Eshun, Paulina Okine, Araba Mbrowa Korsah (2022-12-17), "COVID-19 Vaccination Acceptance and Its Associated Factors: Insights from Rural and Urban Settlements in the Yilo Krobo Municipality in Ghana", Ghana Journal of Geography, vol. 14, no. 3, pp. 1–27, doi:10.4314/gjg.v14i3.1, ISSN 0855-9414, retrieved 2023-10-01{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 3.4 3.5 MPs (in American English), retrieved 2023-10-01