Mabel Agyemang

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Onuonyamfo Owura yere Otemmufo Mabel Maame Agyemang , née Banful (ne din foforo ne Yamoa) yɛ Otemmufo a ɔsoom Ghana , Gambia ne Swaziland aban. ɔno ne ɔbaa otemmufo Kandifo a odi kan wɔ Zambia man no mu.

Atemmuo Nnwuma[sesa]

Otemmufo Agyeman nyaa ɔfrɛ wɔ Ghana mmaranim adwumakuo no mu wɔ afe 1987.  Sɛ mmaranimfo no, ɔsoom sɛ otemufo dii nsɛm ahorɔw pii wɔ mmea ahorɔw te sɛ Nkran, Cape Coast, Koforidua, Kumasi ne Tema. ɔsan nso som sɛ Ghana Atemmufo kuo no abediakyire firi afe 1996 kosi afe 2000. Onyaa abasobɔ kɔɔ asɛndibea kɛse wɔ afe 2020 mu.

ɔhyɛɛ ase yɛɛ adwuma wɔ beae bi wɔfrɛ no Common Wealth Secretariat sɛ obi wakwadare wɔ attemuo nnwuma mu wɔ afe 2004, a nea edi kan no wɔde no kɔɔ Gambia man no mu ma no kɔ soom sɛ Otemmufo wɔ won asendibea kɛse. Wɔ mfie nnan a odii wɔ Gambia man no mu no, Otemmufo Agyeman soom mmeae a ene  nsase nsɛm ho, nsɛm a efa kuromma ho, dwadie ne amumuyɔ asoeɛ ma no tumi wie nkrata nnaka 365. Wɔ afe 2008 mu no, wɔde no kɔɔ Swazeland ma no kɔsoom  mfie mienu wɔ dibea koro no ara mu. Nsɛm a odii no wɔ Swaziland no bi yɛ ankorɛankorɛ ne badwam mmaransɛm a ebi ne edinsɛe, ɔkyere a ɛmfa mmara kwanso, atirimodensɛm a apolisifo di ne abatuɔ mu nsɛmsɛm. Atemmuo baako a wɔde kae no wɔ Swaziland ne nea ɛfa hokwan a ɛfa nhoma sua ho.

Otemufuo Agyemang san baa Gambia man no mu wɔ afe 2010 bre a a ɔda so ne adwumakuo Common Wealth Secretariat ye adwuma sɛ obi wakwadare wɔ attemuo nnwuma mu. ɔbɛyɛɛ Otemufo Kandifo wɔ August bosome , afe 2013 maa Gambia man no.Wohuu no sɛ dibea a wɔde ama no yɛ ade a ɛfata esiane sɛ na ne nwuma da adi wɔ amanaman no mu sɛ ɔyɛ obi a n’atemmuo ho nni asɛm. ɔsoom wɔ Gambia man no mu kosii sɛ woyii no ade wɔ afe 2014. Gambia man no amfa nea enti a wogyee ne dibia no firii ne nsam no anto dwa. Amanman mu fo no pii adwen ne sɛ na ɛfa nnipa fahodie nsɛmnsɛm bi a odii ne si a ɔkɔɔ so sii so dua sɛ ɛsɛ sɛ Atemmuo nnwuma wɔ Gambia no nya wɔn fahodie fi aban no ase. Sesei, ɔsom sɛ Otemmufo wɔ Dwane toa asɛndibea wɔ ɔman Ghana mu. Wɔ afe 2015 mu bre a Ghana manpanyin John Dramani rebue Asendibea a ɛwɔ Nkran ano no, ɔbɔɔ ne din sɛ ɔka Atemmufo a wobu wɔn paa wɔ Ghana no ho bi.

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Otemmufo Agyemang yɛ Kristoni mapa na ɔyɛ  ɔwarefo a ɔwɔ mma mienu.