Kwaku Asante-Boateng

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon.
Kwaku Asante-Boateng
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Asante-Akim South
Mprenpren
Bere
7 January 2021
Ne ho asɛm
Awo bere
Kwaku Asante-Boateng

27 April 1961 (1961-04-27) (age 63)
Bompata, Ghana
Ne manGhanaGhana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
N'adwumaPolitician
N'adwumaLawyer
CommitteesSubsidiary Legislation Committee; Government Assurance Committee; Employment, Social Welfare and State Enterprises Committee

Kwaku Asante-Boateng (wɔ woo no Oforisuo (April) da a ɛtɔ so aduonu nson (27), wɔ afe apem aha nkron ne aduosia baako (1961) yɛ Ghanani amanyɔni ne mmarahyɛ baguani a wɔ mmarahyɛ baguakuo a ɛtɔ so nsɔn no mu wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu a ogyina hɔ ma Akim Atɔe apatoɔ mpɛsoa so a ɛwɔ Asante Mantam mu na ogyinae wɔ amanyɔkuo New Patriotic Party (NPP) din.[1]

Ne mmɔfrase[sesa]

Asante-Boateng was born on 27 April 1961 in Bompata, Asante Akim of Ghana.

Wɔ woo Asante – Boateng wɔ April da a ɛtɔ so 27, afe 1961 wɔ Bompata, Asante Akim wɔ Ghana.

Nwomasua[sesa]

Asante – Boateng nyaa abɛdin krataa wɔ ɛkɔnomise mu firi Suapɔn a ɛde Kwame Nkrumah University of Science and Technology. Ɔsan nso nyaa abɔdin krataa wɔ sɛnea wɔhwɛ nwuma so wɔ Suapon a ɛde GIMPA.

Okura abɔdin krataa a ɛde MBA a onyaa firii suapɔn a ɛde University of Ghana. Ɔbɛyɛɛ mmaranimfo bre a owiee suapɔn a ɛde Ghana School of Law. Onyaa abɔdin krataa a ɛde MGh diploma firii suapon a ɛde Ghana Institute of Survey.

Nnwuma[sesa]

Asante – Boateng yɛ mmaranimfo ne ɔkwankyerɛfo ma adwumakuo a ɛne Property Solutions and Models, Accra and Real Concepts R. Limited.[2] Na ɔye okwankyerefo abediakyire wɔ adwumakuo wɔ beae a wɔhwɛ nsase ho nsɛm so firi afe 1989 kosii afe 1991. Ɔbɛyɛɛ adwumayɛfo maa ɔkwankyerɛfo abediakyire a ɔwɔ ɔman nsiakyibaa adwumakuo a ɛde State Insurance company of Ghana firi afe 1991 kosii afe 2000. Ɔne adwumakuo a ɛde Uniliver Ghana Limited yɛɛ adwuma firi afe 2000 kosii afe 2004. Ɔbɛyɛɛ ɔkwankyerɛfo maa adwumakuo a ɛhwɛ adansie so wɔ afe 2004 mu.

Amanyɔsɛm[sesa]

Asante boateng yɛ kane mmarahyɛ baguani a ɔka dɔm kɛse no ho wɔ mmarahyɛbaguakuo a ɛtɔ so nsia wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nna no mu. Wɔpaw no se titenani abediakyire wɔ abadwakuo a ehwe adansie ho nsem so ne abadwakuo a ɛhwɛ mmara nsɛm so wɔ mmarahyebadwam.[3][4]

Nkekaho[sesa]

  1. https://www.parliament.gh/mps?mp=44
  2. https://ghanamps.com/mps/details.php/?id=5299
  3. Pwaberi Denis (2021-08-27), [Video] It costs Ghana $5m to construct 1km of railway - Dep Minister (in American English), archived from the original on 2023-04-26, retrieved 2023-06-11
  4. Ministry of Railways Development - Ghana - about ministry of railways development, retrieved 2023-06-11