Kudoɔ

Ɛfi Wikipedia

Kodoɔ yɛ Suhyɛn bi a ɛmu yɛ ha na ɛyɛ fiaa, ayɛ sɛ yɛde adeɛ asi ɛtire ne tire a ɛso abue a nkonwa mmienu anaa mmiɛnsa ɛsi mu ɛna opuani no n'ani kyerɛ akwantufoɔ.[1]

Wɔ British borɔfo kasa mu, asɛmfua "kodoɔ " tumi yɛ kayak.[2]

Ɔyɛɛ Kodoɔ kɔɔ wiase nyinaa, mpo ɔyɛɛ ebi sɛ hyɛmma. Kɔpem19th century mfimfini , kodoɔ yɛ hyɛn a yɛde to kwan kɔ di dwa, mpo aman bi so ɛda so yɛ adwuma saa. Sɛdeɛ kodoɔ di dwuma wɔ Abakwasɛm mu wɔ United States afifi fa, Canada, ne New Zealand, ɛda so som bo.

Wiase nyinaa de kodoɔ yɛ agokansie ne anigyeɛ sɛ mmirikatuo, nsuo so akansie, nsrahwɛ ne nhyiamudie. Kodoɔ ka Olympics ho firi 1936. Deɛ nti a wɔde di dwuma ne sɛ Sɛdeɛ esi teɛ,ne tenten ne nnoɔma a ɔde yɛɛ yɛ. Abakwasɛm kyerɛ sɛ wɔde nnua akyi na ɛyɛɛ kodoɔ,[3]. Ɛnnɛ mmere yi mu kodoɔ deɛ yɛde worɔba ne nhwehwɛ na ayɛ.

Abakwasɛm

Asemfua kodoɔ firi Spanish ne Portuguese na ɛbaa borɔfo kasa mu. Wɔn faa asɛmfua no firii Arawakan kasa a ɛyɛ Caribbean: kanawa

Dugouts[sesa]

Dugout kodoɔ yɛ pirogue ahodoɔ wɔype Solomon Islands

Nnipa dodoɔ no yɛ dugout kodoɔ a ɔde dua baako sɛ ɔde ne nyinaa bɛyɛ anaa ɛfa.

Ɔyɛɛ no afe 8200 ne 7600 BC mu, ɛnna yɛhuu no wɔ Netherland, Pesse kodoɔ na akyɛ pa ara. Nhwehwɛ mu kyerɛ sɛ na Denmarkfoɔ de dugouts ne kodo a yɛpea de dwuma wɔ Ertebølle mmerɛ mu, (c. 5300–3950 BC).

Kodoɔ baako a akyɛ pa ara ne ne Dufuna kodoɔ wɔ Nigeria.Ɛyɛ hyɛmma a akyɛ pa ara wɔ abibirem mu ha ne deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa wiase se nyinaa nim. Kodoɔ no wɔ Damaturu ahenkuro mu.

Kodoɔ aboa Wɔ tete berɛ so wɔ Columbian Caribbean sɛ ɛno ne kwan baako a wɔbɛtumi akɔ Caribbean asase pɛsɛɛ so firi mainland South America. Wɔ afe 3500 BC tete Amerindian nipakuo kɔ dii Caribbean a edi kan a ɔde kodoɔ baako pɛ. Kodoɔ kitiwa bi na wɔn nhunuuiɛ.  Nnua bebree wɔ hɔ a yɛbɛtumi de ayɛ kodoɔ. Nnua bi te sɛ mahogany abusua (Meliaceae) ebi ne Cuban mahogany (Swietenia mahagoni), a ne tenten bɛduru 30–35 m, ceiba abusua (Malvacae) bi te sɛ Ceiba pentandra, ɛtumi nyini kɔ 60–70 m ne cedar abusua bi te sɛ Cedar kɔkɔɔ (Cedrela odorata) a ɛtumi nyini a kɔ 60 m wɔ ne tenten mu.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

  1. "Canoe". Merriam-Webster Dictionary. Retrieved 20 October 2012.
  2. "Buying a canoe or kayak". gocanoeing.org. Archived from the original on 8 September 2014. Retrieved 8 September 2014.
  3. "Dugout Canoe". The Canadian Encyclopedia. Archived from the original on 15 November 2012. Retrieved 30 January 2013.