Kpandai

Ɛfi Wikipedia

Kpandai yɛ kuro na ɛyɛ Kpandai Mantam no ahenkuro a ɛwɔ Ghana atifi fam Atifi Mantam mu . na nnipa a na wɔn wɔ Kpandai no yɛ 11,239 wɔ afe 2012 mu.

Nnipa dodoɔ

Gonjafoɔ ne Nawurisfoɔ a wɔn baanu nyinaa fi Guan mmusuakuw mu no pre Kpandai so. Akasakasa no maa ntɔkwaw pii bae wɔ 1990 mfe no maa Nawurifo dii Gonjafo so nkonim.

Kpandai wɔ akuo ahodoɔ pii a wɔn , Nawurifoɔ, Komkombafoɔ, Bassaresfoɔ ne Kotokolifoɔ ka ho. Akuw nketewa afoforo nso wɔ hɔ a Akanfo aguadifo a wɔte hɔ no ka ho. Kpandai wɔ Frao Atifi fam ne Atifi fam mantam no Anafo fam ano nyinaa. Nnipa a wɔte hɔ no mu dodow no ara yɛ akuafo a wɔde wɔn ho hyɛ kuayɛ mu a afifide a wodua no bi ne bayerɛ , aburow ne atoko . Wɔde bayerɛ dodow no ara kɔ Nkran ne amannɔne. Nnipa pii a wofiri Kurow no awie sukuupɔn na pii akɔ so sdi yiye. N a nka eyinom mu dodow no ara benya wɔn Ntoaso sukuu wɔ Salaga, ne ntoaso sukuu pii a ɛwɔ Tamale no. Wonim Kpandai sɛ ɛwɔ mango nnua pii ne Kube mfuw ketewaa bi.

Katolek Asɔre, Seventh Day Adventist Asɔre a ɛwɔ Ghana ne Pentekoste Asɔre no ne nyamesom ahyehyɛde akɛse wɔ hɔ. Nanso Nkramofoɔ nso dɔɔso na nkramosom renya nkɔanim. Nnipa a wɔte hɔ no mu pii ka atetesɛm mu nyamesom gyidi ne Atɔe Fam/Arabia som bom.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]