Koi larbi

Ɛfi Wikipedia

Koi Obuadabang larbi yɛ Ghana mmaranimfoɔ ne ɔtemmuafoɔ. Na ɔyɛ Ghana Asɛnnibea Kunini no temmuafoɔ firi afe apem ahankron ne aduoson mu (1970) de kɔsi afe apem ahankron ne aduoson mmienu mu (1972).[1]

NE HO ASEM[sesa]

Wɔwoo Koi Larbi wɔ afe apem ahankron ne du nan mu (1914 ) wɔ Gold Coast.[2] Ɔnyaa ne mmaranim abodin krataa wɔ afe apem ahankron ne aduanan mmiɛnsa mu (1943) wɔ Durham Suapɔn[3] ɔyɛɛ adwuma wɔ West Indian po so hyɛn mu adwumayɛfoɔ ahɔhodan mu sɛ ɔwɛmfoɔ. Berɛ a na ɔwɔ sukuu mu no, na ɔyɛ West African Students Union (WASU) no muni. Ɔfatae sɛ mmaranimfo wɔ Middle Temple [4] wɔ afe apam ahankron ne aduanan nan mu (1944) bosome a ɛdi kan[5] na ɔhyɛɛ ase yɛɛ kokoam adwuma wɔ London.[6] Ɔbɛyɛɛ mmara ho ɔfotufoɔ maa Gold Coast Akuafoɔ ananmusifoɔ a wɔwɔ United Kingdom wɔ afe apem ahankron ne aduanan num mu (1945) '[7],[8] na afe a ɛdi hɔ no, ɔbɛyɛɛ mmara ho ɔfotufoɔ maa West African National Secretariat (WANS). [9] Na ɔsane yɛ African Progress Association sane yɛ dwantinani ma Committee for the Defence of People of African Descent, wɔate saa kuo yi sɛ wɔmfa mmara kwan so mmoa mma Abibifoɔ fa wɔn mmara ho nsɛm ho[10][11].

Koi Larbi sane kɔɔ Gold Coast sɛ ɔrekɔhyɛ kokoam mmara adwuma ase bio. Wɔfrɛɛ no ​​kɔɔ Gold Coast bar wɔ afe apem ahankron ne aduanan nsia mu (1946)[12] Wɔ afe apem ahankron ne aduosia nkron mu no (1969), wɔpaw no sɛ Ɔman Badwani no muni[13] na afe akyi no, wɔpaw no sɛ Ghana Asɛnnibea Kunini no Tɛmmuafoɔ wɔ Ɔbɛnem boseme da a ɛtɔ so num. [14] Wɔyii no firii adwuma mu wɔ afe apem ahankron ne aduoson mmienu mu (1972) berɛ a Ɔman no Rɛdɛmhyen Kansele no tuu Asɛnnibea Kunini no fii hɔ no.

  1. "ISBN", Wikipedia (in English), 2023-04-24, retrieved 2023-05-01
  2. Hakim Adi, Marika Sherwood (1995), The 1945 Manchester Pan-African Congress Revisited (in English), New Beacon Books, ISBN 978-1-873201-12-1, retrieved 2023-05-01
  3. University of Durham (1936-12), The Durham University Journal (in English), University of Durham., retrieved 2023-05-02 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  4. Isaac S. Ephson (1981), Legends of the Lawless Lord (in English), ILEN, retrieved 2023-05-02
  5. The Law List (in English), Stevens, 1948, retrieved 2023-05-02
  6. David Killingray (2012-12-06), Africans in Britain (in English), Routledge, ISBN 978-1-136-30006-6, retrieved 2023-05-02
  7. Hakim Adi, Marika Sherwood (1995), The 1945 Manchester Pan-African Congress Revisited (in English), New Beacon Books, ISBN 978-1-873201-12-1, retrieved 2023-05-02
  8. Hakim Adi, Marika Sherwood (1995), The 1945 Manchester Pan-African Congress Revisited (in English), New Beacon Books, ISBN 978-1-873201-12-1, retrieved 2023-05-02
  9. Hakim Adi, Marika Sherwood (1995), The 1945 Manchester Pan-African Congress Revisited (in English), New Beacon Books, ISBN 978-1-873201-12-1, retrieved 2023-05-02
  10. Hakim Adi, Marika Sherwood (1995), The 1945 Manchester Pan-African Congress Revisited (in English), New Beacon Books, ISBN 978-1-873201-12-1, retrieved 2023-05-02
  11. Hakim Adi (1998), West Africans in Britain, 1900-1960: Nationalism, Pan-Africanism, and Communism (in English), Lawrence & Wishart, ISBN 978-0-85315-848-6, retrieved 2023-05-02
  12. Ghana (1976), The Supreme Court of Ghana Centenary: Souvenir, 1876-1976 (in English), University Press, retrieved 2023-05-02
  13. Moses Danquah (1969), The Birth of the Second Republic (in English), Editorial and Publishing Services, retrieved 2023-05-02
  14. Austin Amissah (1981), The Contribution of the Courts to Government: A West African View (in English), Clarendon Press, ISBN 978-0-19-825356-3, retrieved 2023-05-02