Kofi Konadu Apraku

Ɛfi Wikipedia

Kofi Konadu Apraku yɛ ɔmanyɔni, ɔnim sika ntotoeɛsɛm ho na ɔsane ka mmrahyɛbedwafie a ɛtɔso mmienu, mmiɛnsa ne nan wɔ Ghana adehyeman amanmuo a ɛtɔso nan. Ɔyɛ ɔmanyɔni ma NPP amanyɔkuo no. Na ɔyɛ mmrahyɛbedwani ma Offinso Atifi mpɛsoa wɔ mmrahyɛbedwafie a ɛtɔso nan wɔ Ghana adehyeman amanmuo ɛtɔso nan.

Kofi Konadu Apraku
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Offinso North Mpɛsoa so
Bere
7 January 1997 – 6 January 2009
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Ne ho asɛm
Awo bere7 September 1954 (1954-09-07) (age 69)
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔSouth Albany High School Oregon State University

Abrabɔ ne nnwomasua

Ɔwoo Kofi wɔ Akumadan a ɛwɔ Asante mantam wɔ Ɛbɔ bosome ne da ɛtɔso nson wɔ afe apem ɔha nkron ne aduonum nan(1954). Ɔkɔɔ ntoasoɔ sukuu wɔ Tweneboah Kodua firi afe apem ɔha nkron ne aduosia nson(1967)de kɔsi afe apem ɔha nkron ne aduowɔtwe mmienu(1972) ɛna ɔkɔ toaso wɔ South Albany a ɛwɔ Oregon U.S.A abrokyire man mu ɛkyire ɔdii nkunim wɔ AFS International Essay akansie no, ɔkɔɔ sua sedeɛ yɛ toto sikasɛm wɔ Oregon State suapɔn sukuu wɔ USA abrokyire man mu na ɔnyaa n'abɔdin krataa.

Adwuma

Na Kofi ka New Partnership for Africa Development na ɔsane yɛ ɔsuafɔ ma Mantam nkabom wɔ ɔmanpanin dada John Agyekum Kufour berɛ so wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa(2003) de kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne nsia(2006). Ɔsane som sɛ ɔsuafoɔ ma dwadie ne nnwuma so wɔ ɔmanpanin dada John Agyekum Kufour wɔ mfeɛ mpem mmienu ne baako(2001) de kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne du mmiɛnsa(2013). Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe(2008) Economic Community of West Africa(ECOWAS) yii no wɔ asuafoɔ a ɔhwɛ sikasɛm ntotoeɛsɛm ho mmra ne sikasɛm ntotoeɛ nhwehwɛmu a ɔsane hwɛ dodoɔ nhwehwɛmu yie berɛ no berɛ no wɔ nkabom wɔ sikasɛm ntotoeɛ ma ECOWAS nkrofoɔ, ma ɔhwɛ sɛ kwan a ECOWAS ka sɛ ɔbɛka sika nyinaa abom no bɛyɛ adwuma. Na ɔsane kasa fa no so ma Aman nyinaa sika korabea International Monetary Fund(IMF), African Development sika korabea ne sika korabea ɛkeka ho a ɛbeboa ECOWAS nkɔsoɔ.

Amanyɔsɛm

Ɔdikan de Kofi Konadu Apraku ba mmrahyɛbedwafie wɔ Ɔpɛpɔn bosome ne da ɛtɔso nson wɔ afe apem ɔha nkron ne aduokron nson(1997) ma ne mpɛsoa. Ɔnyaa mma mpem du ɔha nan ne aduonum nsia(10,456) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn aduasa nson n'akyiri pɔ aduowɔtwe(37.80%) firii mma mpem aduonu baako ɔha nan ne aduonu nnwɔtwe(21,428). Ɔne Nana Oduro Baah a ɔwɔ NDC amanyɔkuo a ɔnyaa mma mpem du ɔhanu ne aduonum nson(10,257) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn aduasa nson n'akyiri pɔ du(37.10%), Manu Yaw Joseph a ɔwɔ PNC a ɔnyaa mma ahasa ne aduonum nnwɔtwe(358) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn baako n'akyiri pɔ aduasa(1.30%) ne Emmanuel Kwame Boakye a ɔwɔ IND amanyɔkuo a ɔnyaa mma ahasa ne aduonum nson(357) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn aduasa(1.30%) mo nyinaa n'akɔɔ akansie. Ɔsane yii no baa mmrahyɛbedwafie wɔ Ɔpɛpɔn bosome ne da ɛtɔso nson wɔ mfeɛ mpem mmienu ne baako(2001) wɔ berɛ a ɔdii nkunim wɔ mfeɛ mpem mmienu abatoɔ mu no, ɔnyaa mma mpem du mmiɛnsa ɔha ne aduosia(13,160) de firii mma aduonu baako ɔha num ne aduanan ne mmiɛnsa(21,543) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn aduosia baako(61%). Ɔsane baa mmrahyɛbedwafie biom sɛ mmrahyɛbedwani ma Offinso Atifi mpɛsoa a ɛwɔ Asante mantam wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan(2004) abatoɔ kɛseɛ no mu a ɔnyaa mma mpem du mmiɛnsa ahasa ne aduowɔtwe nkron(13,389) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn aduonum n'akyire pɔ aduasa(50.30%). Na ɔka nnipa du nson a ɔgyina wɔ abatoɔ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nson(2007) a NPP amanyɔkuo nyaa ma wɔn kandifoɔ a ɔgyinaa ma amanyɔkuo no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe abatoɔ no mu.

Asetena ne abrabɔ

Na ɔyɛ ɔkristoni mmapa.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

1.https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/business/Dr-Kofi-Konadu-Apraku-to-be-appointed-Ghana-Gas-CEO-498682

2.https://www.bloomberg.com/profile/person/4058124

3.https://en.m.wikipedia.org/wiki/Kofi_Konadu_Apraku#cite_ref-:1_2-2

4.https://www.peacefmonline.com/pages/politics/politics/201803/347937.php

5.https://newsghana.com.gh/dr-apraku-donates-ghc50000-00-to-covid-19-fund/

6.https://www.graphic.com.gh/news/general-news/6-ecowas-states-elections-test-case-for-democracy-dr-konadu-apraku.html

7.http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/ashanti/34/index.php

8.http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/ashanti/34/index.php

9.http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2004/parliament/index.php