Kelewele

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kelewele(About this soundpronunciation of "Kelewele" ) yɛ Ghanafoɔ aduane a agye din. Yɛde borɔde kɔkɔɔ na ɛkye kelewele. Yetwitwa borɔde kɔkɔɔ no nketewa na yɛde "spices" fra kye wɔ angwa mu.[1] Wɔtaa frɛ kelewele "hot plantain crisp" wɔ brɔfo mu.[2] Wɔtaa tɔn kelewele wɔ kwan ho anwumerɛ wɔ Nkran. Ebinom nso tumi tɔn no awia titiriw wɔ nkurow nketewa mu.[3] [4][5][5]Yɛtumi de eduwa frɔe anaa nkatiɛ ka kelewele ho di. Yetumi nso di ɛno nkoaa. Wɔtaa di kelewele anwumerɛ.

Borɔdeɛ, a wɔgye di sɛ efri Anaafoɔ apueɛ mantamu wɔ Asia kyerɛ sɛ nea wɔ nua kwadu,anaa nea ene kwadu dua sɛ ,a yedi a ataredeɛ wɔ mu na wɔ betumi edi no saa. Ɛwɔ mu sɛ aduane mmienu yi sɛ nanso ɛwɔ dea yɛ di emu biara yɛ. Wɔ aman beberee a wodi aduane yi so no, wɔ nua, toto anaa wɔ kye wɔ abere auane ne mbere yɛ enam ataredeɛ a ɛwɔ mu no. Wɔ abibirem mantamu bi so no, wɔ de borɔdeɛ no yɛ pɔɔda anaa nsa. Nanso , mpɛm pii a wo be hu borɔdeɛ no na ya kye.

Borɔdeɛ a yakye yɛ aduane a wɔnoa wɔ beae a wodua borɔdeɛ, efi Abibirem Atɔeɛ ko si Abibirem Apueɛ ne Amerika Mfinfii ne Anaafoɔ ne Caribbean aman bi te sɛ Haiti ne Cuba ne mmeae beberee wɔ Asia Anaafoɔ.Saa aduane yi agye din wɔ aman horow yi so paa. Wɔ Indonesia wɔ frɛ no gorengan. Wɔ fra no allocoCôte d'Ivoire ne dodoNigeria Atɔeɛ, anaa sɛ borɔdeɛ a wakye wɔ Nigeria. Kelewele yɛ borɔdeɛ a yɛ de neɛma akeka ho akye anaa ya kye no saa de aka "eduwa ne gari" ho a ɛnam ka ho wɔ Ghana.

Wodi borɔde a wɔakye wɔ aman ahorow bi so wɔ Amerika Anaafoɔ ne mmeae a Abibifo te wɔ Caribbean. Nhwɛsoɔ nie , wɔ Dominican Republic, Cuba ne Puerto Rico no, wotwitwa borɔdeɛ nketenkete na wɔakye ama no ayɛ sɛ akokɔ sradeɛ, na wɔ de agu taforabɔtɔ mmienu ntɛm na wa san akye no biom. Aduane yi asan agye din wɔ Haiti, wɔfrɛ no "bannan peze" wɔ hɔ, Amerika mfinfini mantamu nyinaa nso, wɔfrɛ no patacones wɔ Costa Rica, Panama, Colombia ne Ecuador, ne tostones wɔ Guatemala, Nicaragua, ne Puerto Rico. Wɔ Honduras ne Venezuela nso wɔfrɛ no tajadas.

Wɔn a wɔ tɔn borɔdeɛ a ya to to wɔ Ouagadougou, Burkina Faso

Akadeɛ[sesa]

Wobɛtumi edi borɔde a wɔakye saa ara, wobetumi nso adi de atwɛn aduane ankasa anaasɛ wo betumi de aka aduane bi te sɛ, Jollof rice, mogyanam a yɛ de neɛma aka ho atoto, ntoosi forɔeɛ anaa adua ho.Wɔwɔ kwan a wɔfa so yɛ te sɛ dea yɛ de nkyen aka ho anaa yenfa nkyen nka ho , yɛ twitwa no tɛtrɛwɛ, atenten anaa wakye no mua. Borɔdeɛ a abere a yakye yɛ kwadu a ɛdɛ a efi Amerika mfimfini mantamu na Caribbeanfo kye wɔ Angwa a ɛyɛ she mu. Wɔ de di creamu a emu ka , ketchup, anaa mayonnaise ne ketchup a yɛ de abom.

Alloco[sesa]

Alloco

Alloco, yɛ adin a wɔ de frɛ borɔde wɔ Côte d'Ivoire ne Burkina Faso, wɔ frɛ no dodoNigeria, missolè wɔ Cameroon, makemba wɔ Democratic Republic of Congo ne kelewele wɔ Ghana. Agyedin sɛ aduane a yedi a yakye wɔ Abiriren Atɔeɛ a yɛ de borɔde ayɛ . Wɔ taa de mako anaa gyeene di. Wɔ Nigeria, wɔ de ka aduane bi ho anaa wɔ di no saa.

Alloco yɛ aduane a wɔ de beree kumaa bi na ɛyɛ na wɔ tɔn wɔ Côte d'Ivoire mbɔnten so. Wɔ frɛ bia a wɔn a wɔ tɔn alloco ne mmogyanam a ya toto dɔɔso wɔ Cocody no sɛ Allocodrome, sɛ wɔ di di wie a.

Kelewele[sesa]

Kekewele

Su Aduane a yɛ de pa yen anum'

Nea efri Ghana

Neɛma a wɔ de yɛ Borɔde ne nspices

KeleweleGhana aduane a agye din na yɛ de spices aka borɔdeɛ ho akye. Wɔ Brɔfo mu no, wɔ frɛ no hot plantain crisps. Wɔ Accra, wɔ tɔn kelewele anadwo wɔ kwan nkyɛn na etɔ da nso a wɔ tɔn no ewia bere. Wɔ betumi de edi adua forɔeɛ, nkate, anaa wɔ bedi no saa sɛ dessert. Wɔ betumi edi kelewele anadwo .

Aduane yi fi Ghana, kelewele agye din wɔ Amerika a ɛwɛ nhoma a yɛ hwɛ so de nua aduane mu (recipezaar, 2009)

Ɔkwan a wɔ fa so yɛ[sesa]

Wɔ hwane borɔdeɛ no ho na watwitwa no nketewa.[6] Akekaduro, mako a ɛhyehye, ne nkyene na ɛyɛ neɛma a wɔ taa de ka ho yɛ kekewele.[7] Wɔ betumi de Gyeene, nketenkete, pɛprɛ, nutmeg, cinnamon,ne mako sam, aka ho. Sɛ wɔ yɛ atɔn a nhyehyɛyɛ da ha ɛwɔ sɛ wo hyɛ so yɛ na ne dɛ no ansesa. Nhwɛsoɔ ne sɛ , ɛwɔ sɛ angwa no yɛ hye paa na borɔde no nso nyɛ merɛ beberee enyɛ saa a borɔde no bɛ num angwa nol. Wɔ kye borɔde no kosi sɛ asikyire na ɛwɔ mu no bɛ na ne na borɔde no ho bɛ yɛ asaase ahosuo no.

Kelewele tɔn ne wɔ Takoradi, Gana

Hwɛ ayi nso[sesa]

  • Tostones
  • Chifle
  • Banana chip
  • Pisang goreng
  • Vegetable chips
  • List of African dishes
  • Cuisine of Ghana

Beae A Minyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

https://ak.wikipedia.org/wiki/Special:ContentTranslation?page=Fried+plantain&from=en&to=ak&targettitle=Kelewele#:~:text=view%20page,Street%20food

  1. https://books.google.com.gh/books?id=skwuAQAAIAAJ&redir_esc=y
  2. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/food/kelewele.html
  3. https://web.archive.org/web/20150923201611/http://www.congocookbook.com/vegetable_and_side_dish_recipes/kelewele.html
  4. https://books.google.com.gh/books?id=ENfWAAAAMAAJ&redir_esc=y
  5. 5.0 5.1 https://online.ucpress.edu/gastronomica/article-abstract/2/1/49/45894/We-Eat-First-With-Our-Eyes-On-Ghanaian-Cuisine?redirectedFrom=fulltext
  6. https://online.ucpress.edu/gastronomica/article-abstract/2/1/49/45894/We-Eat-First-With-Our-Eyes-On-Ghanaian-Cuisine?redirectedFrom=fulltext
  7. https://books.google.com.gh/books?id=UqJKAAAAYAAJ&redir_esc=y