Kantanka Automobile

Ɛfi Wikipedia

Kantanka Automobile, ɛyɛ Ghana adwumakuo bi a wɔn yɛ ɛhyɛn, wɔtee saa adwumakuo yi wɔ afe apem aha nkron aduokron nan mu (1994). Ɔpanin Kwadwo Safo Kantanka na ɔtee saa adwumakuo yi.[1] Ɔkekaa wɔn nnwumadie ahodoɔ no bɔɔ mu maa wɔn bɛyɛɛ adwuma mua. Wɔ afe apem aha-nkron aduokron nnwɔtwe (1998) mu no, wɔn sa ano adwuma wɔn dii kan wieɛ no ɔde wɔn krom nnoɔma byɛ ɔha nkyekyemu aduoson num (75%) na ɛyɛɛeɛ a mpo "engine block" ka ho bi. Adwumakuo no yɛɛ wɔn SUV, edikan a ɔtoo ne din Onantefo wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nsia (2006) mu.[2] Kantanka hyɛn no nyianaa wɔ Ghana, na emom nnoɔma a ɔkekabom de yɛ ɛshyɛn no, ɔkra ne nyinaa firi China man mu wɔ knock-down kits.

Abakɔsɛm[sesa]

Onipa a ɔhyɛ saa adwumakuo yi akyi ne Ɔpanin Kwadwo Safo Kantanka. Ɔno ara ne adwumakuo yi wura. Edin a ɛda saa adwumakuo yi so ne 'Kantanka Group of Companies.' Ɔpanin yi yɛ obi a ɔwɔ ɔdom akyɛdeɛ a ɔde yɛ n'adwuma. Ɔsan nso yɛ onipa a ɔnim de pa ara. Ɔpanin Kwadwo Safo Kantanka wɔ nnipa ho dɔ na ɔsan nso tumi fa akwan ahodoɔ binom so yɛ nneɛma afoforɔ pii. Owura yi yɛ obi a wanhyɛda ankɔgye nteteɛ wɔ sukuu pɔtee bi mu. Yei nti, yɛntumi mfa yɛn nsa nsi yɛn bo nka sɛ, ɔnyaa ne nimdeɛ no firii sukuu bi mu anaasɛ onipa bi hɔ. Ɔyɛ obi a ɔsusu nneɛma ho, twa ho mfonin, sane nwene na ɔyɛ no akwan sononko so a obiara nkyerɛ no. Deɛ yɛbɛbɛka ne sɛ, ɔno ara wɔ wiase bi a ɔte mu. [3]

Adwuma no so mfasoɔ[sesa]

Adwumakuo yi atirimpɔ titire ne sɛ, wɔbɛyɛ ahyɛn ahodoɔ a ɛbɛboa ama Ghanafoɔ ne Afrikafoɔ nyinaa anya so mfasoɔ. Saa ahyɛn yi yɛ ahyɛn a ɛyɛ sononko firi deɛ aborɔfo no ayɛ no nyinaa ho. Deɛ nti a ɛte saa ne sɛ, ahyɛn a Ɔpanin Kwadwo Safo Kantanka ayɛ no yɛ ahyɛn a ne ho yɛ den, ne boɔ da fam, na wɔtumi de di dwuma ahodoɔ pii. Ɛbinom bɛboa aban no, ɛbi nso bɛboa nnwumakuo ahodoɔ na ɛbi nso aboa ankorɛnkorɛn a wɔwɔ Ghana ne Abibirem ha nyinaa. [4]

Deɛ ɛma adwuma yi da nso[sesa]

Deɛ ɛma Ɔpanin Kwadwo Safo Kantanka ahyɛn no da nso firi ahyɛn foforɔ ho ne sɛ, ahyɛn no bi wɔ hɔ a, wɔde batere ahodoɔ dumienu na ayɛ. Yei nti, wɔtumi de anyinam kanea ahoɔden nko ara ma no yɛ adwuma. Bio nso, wɔayɛ saa ahyɛn yinom wɔ akwan sononko bi so a, ɛtumi ma no nante akwan a ɛnyɛ so nanso ɛnsɛe. Afei nso, adeɛ baako a ɛma Owura yi ahyɛn no da mu fua ne sɛ, wɔayɛ ama wotumi de kasa kɛkɛ kyerɛ deɛ wopɛ sɛ ɛhyɛn no yɛ ma wo biara. Yei nyinaa akyi no, ahyɛn no nyinaa yɛ deɛ ne boɔ da fam koraa. [5]

Onipa a Ɔde adwuma yi baeɛ[sesa]

Wɔwoo Ɔpanin Kwadwo Safo Kantanka wɔ Ɔsanaa bosme no da a ɛtɔ so aduonu-nsia, afe apem ahankron ne aduanan nwɔtwe (Ɔsanaa 26, 1948) mu. Wɔtetee no wɔ Bɛkwae a ɛwɔ Asante mantam mu. Ɔpanin yi ne adwene a ɛhyɛ 'Kantanka Group of Companies' no akyi, na ɔno ara ne adwuma no wura. Berɛ a na ɔyɛ ɔbabunu no, ɛsiane nnoɔma a na ɔtumi de ne nsa yɛ nti, na ne nnamfonom ne nnipa a wɔbɛn no no ka ne ho asɛm sɛ ɔyɛ obi a n'adwene mu dɔ yie pa ara. Na ɔyɛ obi a n'ani gye agokansie ahodoɔ ho. Afei nso, n'ani gye nnwom ho, na ɔmfa ne Nyamesom nni agorɔ koraa. Ɔyɛ onipa a ɔde n'akyɛdeɛ ne ne nimdeɛ a ɔwɔ no ayɛ abɛɛfo mfidie pii a ɛyɛ nwanwa pa ara. Nokwasɛm ne sɛ, ne nsa ano nnwuma no nyinaa da mu fua. [6]

Ɛhyɛn Ahodoɔ[sesa]

Ɛwɔ Kantanka ɛhyɛn ahodoɔ a w'ayɛ no mu no, yɛ wɔ emu nketoa ne akɛseɛ. Ɛhyɛn no bi din na edidisoɔ yi

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://jalopnik.com/the-living-apostle-who-sold-the-media-on-the-myth-of-g-1784458558
  2. https://jalopnik.com/the-living-apostle-who-sold-the-media-on-the-myth-of-g-1784458558
  3. Archive copy, archived from the original on 2022-05-18, retrieved 2022-03-19{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  4. https://www.yellowpagesghana.com/vehicle-manufacturers/kantanka-automobiles-company-limited/
  5. https://www.globalblackhistory.com/inventions-innovations-african-automotive-industry/
  6. https://www.thecityceleb.com/biography/public-figure/kwadwo-safo-kantanka-biography-wife-net-worth-age-junior-cars-business/
  7. https://web.archive.org/web/20150109040146/http://www.dailyguideghana.com/kantanka-outdoors-nkunimdie-v8/
  8. https://jalopnik.com/the-living-apostle-who-sold-the-media-on-the-myth-of-g-1784458558