Jump to content

Kɔkɔboyareɛ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
rectal prolapse
class of disease
subclass ofrectal disease, anal prolapse, Nyarewa Sesa
health specialtygastroenterology Sesa
ICD-9-CM569.1 Sesa
NCI Thesaurus IDC34973 Sesa

obi regya ne nan na sɛ ne kɔkɔbo pue bɛtetɛ ne to a, ɛno na yɛfrɛ no kɔkɔbo yareɛ, deɛ yɛfrɛ no rectal prolapse wɔ borɔfo kasa mu no.[1] Nhwehwɛmu akyerɛ sɛ saa tebea yi gu ahodoɔ mmeɛnsa de rekɔ enum ( wɔnhyɛɛ da nna no adi pefee). Saa nkyekyɛmu yi gyina kwan a kɔkɔbo no fa so pue so. Ebi wɔ hɔ a epue nanso wɔnhyɛ da nhunu no papa. Ebi nso wɔ hɔ a, epue.[2][3]

Yɛyi kɔkɔbo a epue no si nkyɛn a mpɛn pii no, ɛyɛ a kɔkɔboyareɛ nhyɛ da nnan nsɛnkyerɛnne foforɔ biara adi. Deɛ ɛtumi si nanso ɛntaa nsi no bi ne sɛ; nsuo tumi firi deɛ wanya kɔkɔboyareɛ no to ba. Mogya nso tumi firi nipa no to ba .[4]

Mmaa mpanimfoɔ titriw na wɔtaa nya kɔkɔbo yareɛ. Nyɛ wɔn nko, obiara tumi nya bi , nanso, mma mpanimfoɔ yi na wɔtaa nya no paa. Yareɛ yi nyɛ owuyadeɛ, nanso, sɛ wɔansɔ ano a, ɛho nsɛnkyerɛnne no tumi ha adwene pa ara.[5] Wɔtumi fa oprehyɛn so sɔ kɔkɔbo yareɛ ano, titriw, deɛ epue no. Deɛ empue no deɛ, ɛyɛ den sɛ wɔbɛsɔ ano. Wɔntumi mpo nyɛ ho oprehyɛn.

Nkyekyɛmu[sesa]

Nkyekyɛmu no gu ahodoɔ mmienu. A. Deɛ epueB. Deɛ empue

.[6][7]



Deɛ Ɛde ba[sesa]

Adwenkyerɛ a ɛfa adeɛ a ɛde kɔkɔboyareɛ ba ho no gu ahodoɔ mmienu. Ebinom gye di sɛ kɔkɔboyareɛ yɛ nyarewa afoforɔ bi ho nsunsuansoɔ. Wɔkyerɛ sɛ, biribi a wɔfrɛ no internal intussusception na ɛde kɔkɔboyareɛ ba. Nanso nhwehwɛmu akyerɛ sɛ, saa tebea no rentumi mma obi kɔkɔbo mpue. Ebinom nso gye di sɛ, ɛno ankasa ne yareɛ no. Saa kuo no adwene ne sɛ ebia nipa no kɔ baabi so a ɔnsusu nkyem. Na ɛno na ɛtɔ kɔ so a, ɛma ne kɔkɔbo no pue. Wɔnnye nni sɛ sintɔ a nyarewa bi de ba ne turumu nneɛma no bi ho nsunsuansoɔ na ɛma kɔkɔbo no pue. [8][9][10] Wɔnhyɛ no nso sɛ, kɔkɔboyareɛ a ɛma kɔkɔbo no pue tenteenten ne deɛ ɛmma kɔkɔbo no mpue no nsɛnkyerɛnne sesɛ.[11][12] [13] [14]

Kwan A Wɔfa So Fii Ayarefoɔ[sesa]

Sɛ kɔkɔbo no pue dea, ɛnyɛ den sɛ ayarehwɛfoɔ bɛhunu sɛ ɛyɛ kɔkɔbo yareɛ. Nanso sɛ ampue dea, mpɛn pii no ɛyɛ den sɛ ayarehwufoɔ no bɛhunu.[15]

Nsɔano[sesa]

Yɛadi kan aka sɛ kɔkɔboyareɛ a ɛma kɔkɔbo no pue no deɛ, wɔtumi fa oprehyɛn so sɔ ano. Na deɛ ɛmma kɔkɔbo no mpue no deɛ, wɔntumi mfa oprehyɛn so nsɔ ano. Kwan a wɔfa so sa no bi ne pelvic floor retraining,[16][17]

Apɔmuden ho nhwehwɛmufoɔ bi akyerɛ wɔn adwene sɛ, esiane sɛ kɔkɔbo no ampue a wɔntumi nyɛ oprehyɛn nti, ɛho bɛhia sɛ wɔfa akwan ahodoɔ foforɔ bi so sa .[18]


Beaeɛ a Menyaa Mmoa Firiɛ[sesa]

  1. Altomare DF, Pucciani F (2007). Rectal Prolapse: Diagnosis and Clinical Management. Springer. p. 12. ISBN 978-88-470-0683-6.
  2. Kim DG. "ASCRS core subjects: Prolapse andIntussusception". ASCRS. Archived from the original on 27 February 2021. Retrieved 14 October 2012.
  3. Kiran RP. "How stapled resection can treat rectal prolapse". Contemporary surgery online. Archived from the original on 7 May 2013. Retrieved 14 October 2012.
  4. Rectal prolapse - Symptoms and causes (in English), retrieved 2024-06-22
  5. Rectal prolapse - Symptoms and causes (in English), retrieved 2024-06-22
  6. Tou S, Brown SR, Nelson RL (November 2015). "Surgery for complete (full-thickness) rectal prolapse in adults". The Cochrane Database of Systematic Reviews. 2015 (11): CD001758. doi:10.1002/14651858.CD001758.pub3. PMC 7073406. PMID 26599079.
  7. Altomare, Pucciani (2007) p.14
  8. Christiansen J, Zhu BW, Rasmussen OO, Sørensen M (November 1992). "Internal rectal intussusception: results of surgical repair". Diseases of the Colon and Rectum. 35 (11): 1026–8, discussion 1028–9. doi:10.1007/bf02252991. PMID 1425046. S2CID 9443258.
  9. Christiansen J, Hesselfeldt P, Sørensen M (May 1995). "Treatment of internal rectal intussusception in patients with chronic constipation". Scandinavian Journal of Gastroenterology. 30 (5): 470–472. doi:10.3109/00365529509093309. PMID 7638574.
  10. Ihre T, Seligson U (Jul–Aug 1975). "Intussusception of the rectum-internal procidentia: treatment and results in 90 patients". Diseases of the Colon and Rectum. 18 (5): 391–396. doi:10.1007/bf02587429. PMID 1149581. S2CID 13534724.
  11. Dvorkin LS, Knowles CH, Scott SM, Williams NS, Lunniss PJ (April 2005). "Rectal intussusception: characterization of symptomatology". Diseases of the Colon and Rectum. 48 (4): 824–831. doi:10.1007/s10350-004-0834-2. PMID 15785903. S2CID 21148803.
  12. Dvorkin LS, Gladman MA, Scott SM, Williams NS, Lunniss PJ (July 2005). "Rectal intussusception: a study of rectal biomechanics and visceroperception". The American Journal of Gastroenterology. 100 (7): 1578–1585. doi:10.1111/j.1572-0241.2005.41114.x. PMID 15984985. S2CID 21774948.
  13. Bassotti G, Villanacci V, Bellomi A, Fante R, Cadei M, Vicenzi L, et al. (March 2012). "An assessment of enteric nervous system and estroprogestinic receptors in obstructed defecation associated with rectal intussusception". Neurogastroenterology and Motility. 24 (3): e155–e161. doi:10.1111/j.1365-2982.2011.01850.x. PMID 22188470. S2CID 2148155.
  14. Abendstein B, Petros PE, Richardson PA, Goeschen K, Dodero D (May 2008). "The surgical anatomy of rectocele and anterior rectal wall intussusception". International Urogynecology Journal and Pelvic Floor Dysfunction. 19 (5): 705–710. doi:10.1007/s00192-007-0513-7. PMID 18074069. S2CID 25614599.
  15. Goei R, Baeten C (January 1990). "Rectal intussusception and rectal prolapse: detection and postoperative evaluation with defecography". Radiology. 174 (1): 124–126. doi:10.1148/radiology.174.1.2294538. PMID 2294538.
  16. Adusumilli S, Gosselink MP, Fourie S, Curran K, Jones OM, Cunningham C, Lindsey I (November 2013). "Does the presence of a high grade internal rectal prolapse affect the outcome of pelvic floor retraining in patients with faecal incontinence or obstructed defaecation?". Colorectal Disease. 15 (11): e680–e685. doi:10.1111/codi.12367. PMID 23890098. S2CID 30806620.
  17. Donald K. "Prolapse and intussusception". ASCRS. Archived from the original on 24 January 2013. Retrieved 8 July 2012.
  18. Felt-Bersma RJ, Tiersma ES, Stella MT, Cuesta MA (September 2008). "Rectal prolapse, rectal intussusception, rectocele, solitary rectal ulcer syndrome, and enterocele". Gastroenterology Clinics of North America. 37 (3): 645–68, ix. doi:10.1016/j.gtc.2008.06.001. PMID 18794001.