Kɔkɔɔ kɔkɔɔ(Gɔbɛ)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kɔkɔɔ kɔkɔɔ(Gɔbɛ) yɛ Ghana aduane bi a yɛde adua a ani yɛ tuntum na ɛyɛ,a yɛde anwa anaa ngwo akye kɔkɔɔ aka ho.[1] Saa aduane yi nyaa ne din firii n'ahosuo a ɛyɛ kɔkɔɔ a yɛnya firi ngwo mu (zomi) ɛne kɔkɔɔ a yakye no mu. Nnoɔma a yɛde yɛ kɔkɔɔ kɔkɔɔ (Gɔbɛ) ne nsuomunam bi te sɛ nsuomunam a yakora no konkom, adua a n'ani yɛ tuntum, mako, gyeene ne ntoosi.[2]Ghana no wɔtaa frɛ no kɔɔ kɔɔ ne adua. Ɛwɔm sɛ yɛde nsuomunam di saa aduane yi nanso wɔn a wɔnnwe nam nso bɛtumi adi kɔkɔɔ kɔkɔɔ (Gɔbɛ).[3] Wɔbɛtumi de adi kɔkɔɔ a yakye, paya, Ɛmoo anaa gari ama no ayɛ pɛpɛɛpɛ.[4]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. Steven J. Salm; Toyin Falola (1 January 2002). Culture and Customs of Ghana. Greenwood Publishing Group. pp. 109–. ISBN 978-0-313-32050-7.
  2. Lonely Planet (1 September 2014). Food Lover's Guide to the World: Experience the Great Global Cuisines. Lonely Planet Publications. pp. 375–. ISBN 978-1-74360-581-3.
  3. How to prepare vegetarian Red Red". Ghana Web. 1 December 2017.
  4. "Akosua Konadu Yiadom writes: 30 nutritional benefits of 'red red'". Citinewsroom. 2019-10-15. Retrieved 2020-06-06.