Joseph Kweku Essien

Ɛfi Wikipedia

Joseph Kweku Essien yɛ (wɔwoo no wɔ Obubuo bosome da a ɛtɔ so aduonu nwɔtwe, November 28, 1945)[1] yɛ Sɔfopɔn wɔ Wiawso.[2][3]

Abrabɔ Mfitiaseɛ ne ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo no wɔ Obubuo bosome da a ɛtɔ so aduonu nwɔtwe (28th November, 1945) wɔ Nkroful, a ɛbɛn Sekondi. Ne man yɛ Ghana. Wɔwoo no maa Joseph Kobina Essien ne Helena Krah (Nana Nwewa) a wɔn baanu nyinaa awu.

Ɔsɔfoɔ Joseph Francis Kweku Essien nyaa ne ntoasoɔ nwomasua wɔ Fijai Ntoasoɔ Sukuu de firi afe apem ahankron aduosia baako de kosi afe apem ahankron aduosia nsia (1961 - 1966). Ɛfiri hɔ no ɔkɔɔ St. Teresa’s Minor Seminary, Amisano, Elmina, wɔ afe apem ahankron aduosia nkron (1969) mu na ɔwiee wɔ afe apem ahankron aduoson baako (1971). Wɔ afe 1971 koro no ara mu no, ɔkɔɔ mu St. Peter’s Regional Seminary, Pedu, Cape Coast, faako a osuaa Nyansapɛ ne Nyamekyerɛ. Ɔwieeɛ no wɔ afe apem ahankron aduoson nson (1977) mu.[2]

Adwumayɛ[sesa]

Wɔ 1981 mu no saa bere no Fr. Joseph Francis Kweku Essien na Most Rev. Charles Kweku Sam a na ɔyɛ Sekondi-Takoradi asɔredan mu ɔsɔfopɔn saa berɛ no na ɔde no kɔɔ Ghana Asraafo Adesuabea. Ɔwieeɛ wɔ Asraafo Sukuu mu wɔ 1982 mu na wɔmaa no adwuma wɔ afe koro no ara mu sɛ Ɔsraani Panyin. Ɔsom sɛ ɔsɔfoɔ wɔ Ghana Asraafoɔ mu firi afe 1982 kɔsi afe 1999 wɔ mmeaeɛ a ɛdidi soɔ yi:

  • 1982 – 1987: 6 Garrison, Tamale, na ɔyɛ ɔbarima a ɔyɛ ɔdefoɔ
  • 1987–1990: Asraafo a Wɔnam Anamɔn so Kuw a Ɛto so Abien (2Bn) Apremdo, Takoradi
  • 1990 – 1999: Asafo ti (GHQ), Burma Nsraban, Accra

Asrafo Adwuma[sesa]

Ɔkɔɔ Asomdwoe Dwumadie ahodoɔ anan wɔ bere ahodoɔ yi mu:[2]

  • Nov. 1984 – 1985    Operation Sunrise (Task Force X) Ghanbatt 23, South Lebanon[2]
  • 1992 –        ECOMOG Ghanbatt 5, Liberia
  • Jan 1994 – July 1994    Operation Sunrise, Ghanbatt 40 South Lebanon
  • February 1999 – Sept 1999- Operation Sunrise, Ghanbatt 50 (The Golden Ghanbatt) South Lebanon

N'ankasa abrabɔ[sesa]

Most Rev. Joseph Francis Kwaku Essien, Wiawso Asɔredan mu Ɔsɔfopɔn no adi mfe 78 afe yi na wasom sɛ ɔsɔfopɔn mfe 23. Ɔyɛ asɔfopɔn a wɔhwɛ kwan sɛ wobegyae ahwɛfo som adwuma a wɔyɛ nnam afe yi no mu biako, efisɛ wanya mfe a wɔahyɛ sɛ obegyae pɛnhyen wɔ mmara kwan so no na watwa mfe 75. Esiane sɛ ɛkame ayɛ sɛ wasom mfe abiɛsa bio bere a wadi mfe 75 a wɔde kɔ pɛnhyen wɔ mmara kwan so no akyi nti, ɛbɛyɛ sɛ ɔresiesie ne ho ama ne pɛnhyenkɔ, sɛ Pope Francis gye ne gyae adwuma no tom a.[4]

Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. Most Rev. Joseph Francis Kweku Essien | Ghana Catholic Bishops' Conference (in American English), retrieved 2023-11-27
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 Profile of Most Rev. Joseph Francis Kweku Essien; Bishop of Wiawso Diocese (in American English), 2023-01-24, retrieved 2023-12-02
  3. Bishop Joseph Francis Kweku Essien [Catholic-Hierarchy], retrieved 2023-12-02
  4. Profile of Most Rev. Joseph Francis Kweku Essien; Bishop of Wiawso Diocese (in American English), 2023-01-24, retrieved 2023-12-18