Joseph Kwadwo Ofori

Ɛfi Wikipedia

Joseph Kwadwo Ofori (wɔwoo no 13 Oforisuo 1967) yɛ kane Ghana amanyɔni ne Mmarahyɛbadwani wɔ Ghana mmarahyɛbadwafie a Ɛtɔ so Nsia a ɛwɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu a ɔgyina sii akan wɔ mansin no ananmu wɔ Volta Mantam mu wɔ Ghana sɛ ɔman a ɔde ne ho.[1][2][3][4]

Abrabɔ ahyɛase ne nnwomasua[sesa]

Wɔwoo Ofori wɔ Ɔbɛnem bosome da a ɛtɔ so dummiɛnsa(13) wɔ afe apem ahankron ne aduosia-nson(1967) mu. Ɔfiri Kadjebi, kuro a ɛwɔ volta mantam mu wɔ Ghana. Ɔnyaa ne GCE 'O' Level wɔ Kadjebi Asato Senior High School wɔ 1990.[5]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ofori yɛ Kyiniiɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress(NDC) ) no muni. Odii kan bɛyɛɛ Mmarahyɛbadwani wɔ mfeɛ 2009 mu bere a odii nkonim wɔ ne abatoɔ mu wɔ mfeɛ 2008 Ghana amansan abatoɔ mu na ogyinaa Akan amansin ananmu. Ɛno na ɛmaa ɔbɛyɛɛ Ghana adehyeman amammuo a ɛtɔ so nan mmarahyɛbadwafie a ɛtɔ so num no mu ni. Wɔ mfeɛ 2012 mu no, Ɔsii akan sɛ wɔbɛsan apaw no bio akɔ Akan nkongua so wɔ NDC tekiti so wɔ mfeɛ 2012 Ghana amansan abatoɔ no mu na ɔdii nkonim.[6] Na ɔyɛ Adwumayɛ, Asetra mu Yiedie ne Ɔman, sikasɛm ntotooeɛ titiriw no boayikuw mu ni.

Adwuma[sesa]

Ofori yɛ Mmarahyɛbadwani firii mfeɛ 2009 kɔsi mfeɛ 2012 maa Akan amansin a ɛwɔ Volta Mantam mu.[3] Ɔyɛ aguadifo.[2] Na ɔyɛ Wafa Paye Company Limited no kwankyerɛfo panyin.[2]

Ne abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Ofori aware wɔ ɛba baako. Ɔyɛ kristoni a asɔre a ɔkɔ ne Evangelical Presbyterian.[6]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  2. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/republic/parliamentatian.php?ID=133
  3. donresearcher (2014-10-09), HON. JOSEPH KWADWO OFORI MP AKAN CONSTITUECNY MARKS FIRST ANNIVERSARY OF ATTACK ON HIS LIFE (in English), retrieved 2023-10-11
  4. https://web.archive.org/web/20200131092700/https://www.myjoyonline.com/news/2013/October-4th/mp-for-akan-constituency-stabbed-by-armed-robbers-in-critical-condition.php
  5. MPs (in American English), retrieved 2023-10-11
  6. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/republic/parliamentatian.php?ID=133