Joseph Appiah Boateng

Ɛfi Wikipedia
Hon
Joseph Appiah Boateng
Member of the Ghana Parliament
for Afram Plains South
Mprenpren
Bere
7 January 2021
OdikanfoEric Osei-Owusu
Ne ho asɛm
Awo bere
Joseph Appiah Boateng

24 August 1975 (1975-08-24) (age 48)
Obo Kwahu, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔAustralia Nursing College
N'adwumaPolitician
N'adwumaArchitect
CommitteesGovernment Assurance Committee, Environment, Science and Technology Committee

Joseph Appiah Boateng (a wɔde ɔdɔ frɛ no JAB1)[1]Ghana amammuifo ne National Democratic Congress muni. Ɔyɛ mmarahyɛ baguani a ɔhwɛ Afram Plains SouthGhana Apuei Fam mantam mu.[2][3][4][5]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Joseph wɔ Ɔsanaa da a ɛtɔ so nnan wɔ afe apem ahankron aduoson nnum (August 4 1975) wɔ Obo-Kwahu wɔ Apuei fam mantam mu. Ɔnyaa Diploma wɔ Ayarehwɛ mu wɔ Australia Ayarehwɛfoɔ Kɔlege wɔ afe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) kɔ si afe mpem mmienu ne du baako (2011) mu wɔ Paramatta.[6] Ɔsan nso nyaa ne Post-Graduate wɔ Strategic Management mu wɔ afe 2020.[2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔyɛ National Democratic Congress no muni.[7] Ná ɔyɛ Selection, Lands, and Forestry boayikuw no muni.[6] Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia (2016) mu no, Joseph paw sɛ ɔrenkɔ mmarahyɛ bagua akansi no mu bere a asɛnnibea bi penee nsusuwii bi a Dickson Adjei Danso de too gua sɛ ɛsɛ sɛ wosiw no kwan esiane nsɛmmɔnedi ho asɛm bi a wɔde tia Joseph nti.[8]

Mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012) abatoɔ mu[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012) Ghana amansan abatoɔ mu, ɔdii nkunim wɔ Afram Plains South Constituency mmarahyɛ badwa no mu a ɔnyaa abatoɔ no mu amma mpem dunan ahankron aduanan nsia (14,946) a ɛyɛɛ ɔha nkyekyɛ mu aduosia baako akyiri pɔ aduanan nsia (61.46%) wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu berɛ a NPP mmarahyɛ badwa mu kandifoɔ Adongo Anthony nyaa abatoɔ no mu amma mpem nson aha mmiɛnsa ne aduanan nwɔtwe (7,348) a ɛyɛɛ ɔha nkyekyɛ mu aduasa akyiri pɔ aduonu mmienu (30.22%) wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu, Independent mmarahyɛ badwa kandifoɔ Ahaligah Rapahel Kofi nyaa abatoɔ apem ahanwɔtwe ne du nnan (1,814) a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoo no nyinaa mu yɔ ɔha nkyekye mu nson akyiri pɔ aduanan nsia (7.46%) na CPP mmarahyɛ badwani Darfour Janet nyaa abatoɔ no mu aha mmienu ne nkron (209) a ɛyɛɛ abatoɔ no nyinaa mu ɔha nkyekyɛ mu hweeɛ akyiri pɔ aduowɔtwe nsia (0.86%).[9]

Mfeɛ mpem mmienu ne aduonu (2020) abatoɔ mu[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu (2020) Ghana amansan abatoɔ mu, ɔdii nkonim wɔ Afram Plains South Constituency mmarahyɛ bagua no mu a ɔnyaa abatoɔ no mu amma mpem du nwɔtwe, aha mmienu ne aduanan nsia (18,246) a ɛyɛɛ ɔha nkyekyɛ mu aduosia nsia akyiri pɔ aduonu nnan (66.24%) wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu berɛ a NPP mmarahyɛ badwa mu kandifoɔ Willie Horr nyaa abatoɔ 9,300 a ɛyɛɛ 33.76% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu. [10] [11] [12]

Boayikuo hodoɔ[sesa]

Ɔyɛ Aban Awerɛhyem Boayikuw no muni na ɔsan nso yɛ Atwa Yɛn Ho Ahyia, Nyansahu ne Mfiridwuma Boayikuw no muni.[2]

Adwumayɛ[sesa]

Joseph yɛ nkɔsoɔ adwumayɛfoɔ/ɔdansifoɔ/dodoɔ nhwehwɛmufoɔ.[7] Na ɔyɛ Twenties Jog Company Limited a ɛwɔ Sowutuom, Accra no kwankyerɛfo panin.[7] Ɔyɛ Twimbros Enterprise aguadi sohwɛfo fi afe 1996 kosi afe 2007.[6] Ɔsan nso yɛɛ adwuma wɔ Regis Care sɛ Ɔyarehwɛfoɔ firi afe 2008 kɔsi afe 2011.[6]

N'ankasa abrabɔ[sesa]

Yosef aware a ɔwɔ mma baasa. Ɔyɛ Kristoni ( Pentekoste Asɔre)[7][6]

Adɔeyɛ[sesa]

Wafi ase reyɛ nnwuma te sɛ sukuu, mmɔnten so akanea ne boreholes a wɔde bɛma.[1]

Akyinnyegye[sesa]

Wɔkyerɛe sɛ wɔpam no fii Ghana, akyiri yi ɔde ne ho kɔbɔɔ National Democratic Congress na ogyinaa Afram Plains South Constituency ananmu wɔ Mmarahyɛ Bagua no mu wɔ afe 2012.[13] Wɔkyerɛe sɛ ɔyɛɛ nsɛmmɔnedi wɔ New Zealand ne Australia.[14] Wɔ 8 December 2017 no, wɔyii no fii bɔne biara mu ɛfiri sɛ na adanseɛ a ɛfata nni hɔ a ɛbɛfoa soboɔ no so.[15]

Mmeaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 Mark Appiah (2013-01-30), "Understanding the Complexities and Resource Sustainability in Afram Plains, Ghana", Environmental Management and Sustainable Development, vol. 2, no. 1, doi:10.5296/emsd.v2i1.3040, ISSN 2164-7682, retrieved 2023-10-01
  2. 2.0 2.1 2.2 Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-01
  3. Owusu Boampong, Sabina Appiah-Boateng, Nana Yaw Osei, Richard Ametefe (2023-05-31), "Commercial Surrogacy: Invisible Reproductive Workers in Ghana", Global Labour Journal, vol. 14, no. 2, doi:10.15173/glj.v14i2.5287, ISSN 1918-6711, retrieved 2023-10-01{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  4. Owusu Boampong, Sabina Appiah-Boateng, Nana Yaw Osei, Richard Ametefe (2023-05-31), "Commercial Surrogacy: Invisible Reproductive Workers in Ghana", Global Labour Journal, vol. 14, no. 2, doi:10.15173/glj.v14i2.5287, ISSN 1918-6711, retrieved 2023-10-01{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  5. Bernard Okoampah Otu, Kwasi Sarfo (2023-09-04), "The Political Ecology of Farmer-Herder Conflict in Ghana: A Case Study of the Kwahu Afram Plains South District", African Journal on Conflict Resolution, vol. 23, no. 1, doi:10.17159/ajcr.v23i1.16786, ISSN 2309-737X, retrieved 2023-10-01
  6. 6.0 6.1 6.2 6.3 6.4 Michael Rush (2001-09-20), "The Professionalization of the Member of Parliament", The Role of the Member of Parliament Since 1868, Oxford University Press, pp. 109–138, retrieved 2023-10-01
  7. 7.0 7.1 7.2 7.3 Nana Nimo Appiah-Agyekum (2013-05-14), "Local Government Finance in Ghana: Disbursement and Utilisation of the MPs share of the District Assemblies Common Fund", Commonwealth Journal of Local Governance, pp. 90–109, doi:10.5130/cjlg.v12i0.3275, ISSN 1836-0394, retrieved 2023-10-01
  8. Bernard Okoampah Otu, Kwasi Sarfo (2023-09-04), "The Political Ecology of Farmer-Herder Conflict in Ghana: A Case Study of the Kwahu Afram Plains South District", African Journal on Conflict Resolution, vol. 23, no. 1, doi:10.17159/ajcr.v23i1.16786, ISSN 2309-737X, retrieved 2023-10-01
  9. "Front Matter", Constituency Influence in Parliament, University of British Columbia Press, pp. i–iv, 2012-04-12, ISBN 978-0-7748-2158-2, retrieved 2023-10-01
  10. {{cite web}}: Empty citation (help)
  11. {{cite web}}: Empty citation (help)
  12. {{cite web}}: Empty citation (help)
  13. MyJoyOnline.com - Myjoyonline (Ghana News) Ghana's most comprehensive website. Independent, Fearless and Credible journalism (in American English), retrieved 2023-10-01
  14. "Frequency allocation for long-distance communication channels (over 1000 miles). Radio Section discussion meeting, 16th January, 1945", Journal of the Institution of Electrical Engineers - Part III: Radio and Communication Engineering, vol. 92, no. 19, pp. 234–235, 1945-09, doi:10.1049/ji-3-2.1945.0041, ISSN 2054-0604, retrieved 2023-10-01 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  15. Bernard Okoampah Otu, Kwasi Sarfo (2023-09-04), "The Political Ecology of Farmer-Herder Conflict in Ghana: A Case Study of the Kwahu Afram Plains South District", African Journal on Conflict Resolution, vol. 23, no. 1, doi:10.17159/ajcr.v23i1.16786, ISSN 2309-737X, retrieved 2023-10-01