J. H. Owusu Acheampong

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

'Bold text'Bold text'== Joseph Henry Owusu Acheampong' yɛ Ghana ɔmanyɔni sane mmrahyɛbedwani wɔ mmrayɛbedwafie a ɛtɔso mmienu wɔ Ghana adehyeman amanmuo a ɛtɔso nan. Na ɔyɛ mmrahyebedwani ma Berekum mpɛsoa so ma NDC amanyɔkuo no. ==

Joseph H. Owusu Acheampong
Member of Parliament for Berekum Constituency
Berɛ

7 January 1993 – 6 January 2001

Ɔmanpanin Jerry John Rawlings
Personal details
Awo berɛ 1941
Ɔwueɛ Berɛ 13 June 2017
Sukuu a ɔkɔeɛ Kwame Nkrumah University of Science and Technology
N'adwuma Agricultural Economist

Abrabɔ ahyɛaseɛ[sesa]

Ɔwoo Owusu Acheampong wɔ Bono mantam. Ɔgyee n'abɔdin krataa edikan wɔ kuayɛ mu wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn sukuu. Akyire ɔkɔ toa n'adesua so wɔ London abrokyire man mu ɛhɔ na ɔnyaa n'abɔdin krataa ɛtɔso mmienu wɔ kuayɛ ne sikasɛm ho wɔ London Suapɔn sukuu.

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔyii no baa mmrahyɛbedwafie a edikan wɔ Ghana adehyeman amanmuo a ɛtɔso nan wɔ Ɔpɛpɔn bosome ne da ɛtɔso nson wɔ afe apem ɔha nkron ne aduokron mmiɛnsa akyire a ɔdii nkunim wɔ Ghana abatoɔ keseɛ a ɔtoo no Ɔpɛnimaa bosome ne da ɛtɔso aduonu nkron wɔ afe apem ɔha nkron ne aduokron mmienu.

Ɔsane baa mmrahyɛbedwafie a ɛtɔso mmienu wɔ Ghana adehyeman amanmuo a ɛtɔso nan wɔ afe apem ɔha nkron ne aduokron nson akyire a Ghana abatoɔ keseɛ aba no wɔ afe apem ɔha nkron ne nsia.

Ɔdii Michael Kojo Adusah a ɔgyina mu ma NPP amanyɔkuo no ɔnyaa ɔha mu abupɛn aduanan n'akyiri pɔ aduasa(41.30%) na deɛ ɔne no kɔɔ akansie nso nyaa ɔha mu abupɛn aduonu nnwɔtwe n'akyire pɔ aduowɔtwe. Akyire a Acheampong som ne mpɛsoa berɛ baako no ɔsii n'adwene pi sɛ ɔnkɔ akansie no biom nanso ɔde ne ho maa n'amanyɔkuo no.

N'asetena mu abrabɔ[sesa]

Ɔwu wɔ Ayɛwohomumɔ bosome ne da ɛtɔso du mmiɛnsa wɔ mfe mpem mmienu ne du nson.

Beaeɛ menyaa mmoa firiiɛ1[sesa]

1.http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/brongahafo/45/index.php

2.https://en.m.wikipedia.org/wiki/J._H._Owusu_Acheampong#cite_ref-2

3.https://dailyguidenetwork.com/nana-mourns-owusu-acheampong/