Ibrahim Dey Abubakari

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Ibrahim Dey Abubakari (wɔwoo no Oforisuo 25, afe 1958) yɛ Ghana amanyɔni, na ɔyɛ Ghana Ɔmanpanin mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nsia no muni a ɔgyina Salaga Anafoɔ Mansin ananmu wɔ Atifi Mantam mu wɔ National Democratic Congress tekiti so.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Abubakari wɔ Oforisuo 25, afe 1958. Ɔfiri Sirimunchu, kuro bi a ɛwɔ Ghana Atifi Fam Mantam mu . Ɔkɔɔ Manchester Business School, University of Wales, UK na onyaa ne master’s degree wɔ sikasɛm mu wɔ afe 1996 mu. Ɔsan nso kɔɔ Associates of Cost and Management Accountants wɔ afe 1993.

Amanyɔsɛm[sesa]

Abubakari yɛ Ɔman Demokrasi mmrahyɛbagua (NDC) no muni. Wɔ afe 2012 mu no, ɔsii akan wɔ Salaga South nkongua no ho wɔ NDC mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nsia a ɛwɔ republic a ɛtɔ so nnan no tekiti so na odii nkonim. Ɔhyɛɛ n’amammui adwuma ase wɔ afe 2009 mu bere a wɔkae sɛ odii nkonim wɔ afe 2008 Ghana Amansan Abatow mu na wɔpaw no sɛ ɔmmɛyɛ mmrahyɛbagua a ɛto so 5 wɔ Ghana man a ɛto so 4 no mu.

Ankorankoro asetra[sesa]

Abubakari yɛ Nkramofo. Ɔwaree na ɔwɔ mma baanum. Ɔyɛɛ adwuma sɛ Director of Internal Audit wɔ Ministry of Local Government a ɛwɔ Accra no.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]