Homowo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Nkran Mnatam mu nnip pii abo dompem eko hwe afahye no wo afe 1900
Teshie Homowo Afahyɛ no bra nnwomtoɔ ne dede
Dade ponkɔ twi wɔ Teshi, afe 2009

Homowo yɛ otwa bre afahyɛ a wɔn a wodi no yɛ nnipa wɛyɛ Ga-Adangbefo a wofiri Ghana. Afahyɛ no hyɛɛ ase wɔ Kotonimma bosome no mu, na nea wodikan yɛ ne nnuane a wodua (aburo ne bayerɛ) bre nsutɔbre no ahyɛ ase. Wɔ afahyɛ no ase no, wodi asa bi w’ato din Kpanlogo.Nnipa a wɔ yɛ Ga foɔ no di Homowo afahyɛ no de kae ɛkɔm bi a esii wɔ tete Ghana abakɔsɛm mu no.

Eho nsɛm[sesa]

Asɛmfua Homowo (Homo-ɛkɔm, wɔ-Ehuro) betumi akyerɛ ehuro a wohuro ɛkɔm wɔ Ga kasa mu. Homowo amammerɛ no hyɛɛ ase wɔ bre bi a ɛkɔm a ano yɛ den sii wɔ Nkran Mantam no mu a ɛyɛ beae a Ga nkorɔfo no wɔ no esiane osutɔbre a ɛboa ma wɔn nnuane gyina no antɔ nti. Bre a nsuo baa wɔ ne bere mu akyire no, Ga nkurɔfo no yɛ nea wɔn ani gyee na ɛno na ɛkɔfaa afahyɛ a ɛde Homowo no bae. Homowo yɛ afahyɛ a wodi no wɔ Ga nsase nyinaa so, na ne mpɛnpɛnso keseɛ no yɛ nea ɛkɔ so wɔ Gamashie. Afahyɛ no hyɛɛ ase wɔ bre a wodua aburo a wɔde bɛyɛ aduane soronko a ɛne kpokpoi anaa kpekple afehyɛ da no. Sɛ saa bre no duru so a, ɛyɛ adea  wɔbra twenebɔ anaa dede yɛ esiane sɛ wɔgyedi sɛ dede no yɛ nea ebetumi ama nnobae a w’adua nnyin. Aduane no yɛ nea wɔde abɛnkwa na edi, na afei wɔde bi petepete kuro no mu. Mmuasuko no ti ahorɔw na edi sa dwumadie no. Abusuakuo ti biara pete aduane bi gu wɔn mmuasua fie. Wodi afahyɛ no bre a wɔde nwomtoɔ, twene ne nsakubo, asa ne osebɔ to santene fa kuro no mu. Edu saa bre yi a, wosii akwan ahorɔw wɔ kuro no mu na ama w’atumi adi afahyɛ no yiyie. Enfa ho sɛ afahyɛ no yɛ Ga fo dee no, ɛyɛ ade wɔgye aforo a wofi kasa ahorɔw nyina atoo wɔ afehyɛ no ase.

Nkuro ahorɔw bi a wodi Homowo no ne La, Teshie Nungua, Osu, Ga – Mashie, Tema, Ningo, Prampram.

Nkekaho[sesa]