Herod Cobbina

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Herod CobbinaGhana amanyɔni a ɔyɛɛ mmrahyɛbadwani wɔ Sefwi-Akontombra Mantam no mu firi afe 2005 kɔsi afe 2017.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Cobinna wɔ 1 July 1956. Ɔfiri Akontombra kuro bi a ɛwɔ Ghana Atɔeɛ Mantam mu . Ɔnyaa ne ordinary level ('O'-Level) adansedie krataa wɔ afe 1979 mu fii Sefwi Wiawso hɔ Ntoaso Sukuu .

Adwuma[sesa]

Ansa na ɔrehyɛn mmrahyɛbagua no mu no ɔyɛɛ adwuma sɛ Ɔmantam Adetɔnbea sohwɛfo ma Cocoa Inputs Company Limited.

Amanyɔsɛm[sesa]

Cobbina yɛɛ mmrahyɛbadwani a ɔgyinaa Sefwi-Akontombra Mansin ananmu firi 6 Ɔbɛnem 2005 kɔsi 6 Ɔbɛnem 2017 wɔ National Democratic Congress no mufoɔ ne tekiti ase . Ɔdii nkoguo wɔ ne primaries mu wɔ Kenneth Yeboah anim na ɔsii gyinaeɛ sɛ ɔbɛgyae asɔre no mu na wasi akan sɛ obi a ɔde ne ho nanso ɔhweree atenaeɛ no wɔ afe 2016 amansan abatoɔ mu sɛ obi a ɔde ne ho. Ná wakɔ mmrahyɛbagua mu mfe abiɛsa a ɛtoatoa so wɔ mmrahyɛbagua mu. Ná ɔyɛ Boayikuw a Ɛhwɛ Adwumayɛ, Ahobammɔ ne Mfinimfini Fam So no muni.

Ankorankoro asetra[sesa]

Cobbina aware na ɔwɔ mma baasa. Ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni ne Katolek Asɔre no muni .

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]