Grace Adams

Ɛfi Wikipedia

Grace Adams (wɔwoo no November da a ɛtɔ so 2 , afe 1995) yɛ Ghanani bɔɔlobɔfo a osi akan sɛ atenatofo ma Ghana mmaa bɔɔlobɔkuo a ɛde Berry Ladies ne Ghana man mmaa bɔɔlobɔkuo Ghana women's national team.

Bɔɔlobɔkuo[sesa]

Adams hyɛɛ bɔɔlobɔ nnwuma ase wɔ Ghana wɔ Ghana Prison Ladies[1], ɛno akyi na otu kɔɔ United states kɔtoaa n'adesua ne osuani agodini agodini. Onyaa akwanya koo suapɔn a ɛde University of South Florida firi afe 2015 kosii afe 2018 mu, na ɔbɔ maa wɔn bɔɔlobɔkuo a ɛde South Florida Bulls wo American Athletics Conference[2]. Odii nkunim wo afe 2017 ofa no mu.

Wo August da ɛtɔ so 16, afe 2019 mu no, ɔde ne ho kɔ dɔɔm bɔɔlobɔkuo ɛde Rivers Angels a wosi akan wɔ Nigeria Women Premier League a ɛyɛ afe baako kɔntraagye[3]. Wo ɔpepɔn da a ɛtɔ so 24, afe 2020 mu no, Adam de nsa hyehyɛɛ nkrataa ase maa SAAS a ɛwɔ Lebanon, wɔ bre 2019-20 no mfinfin[4]. Osii akan mpen nsɔn na ɔboaa atenato mpɛn 5; ɔboaa n'afa no maa wodii nkunim wɔ saa bɔɔlobɔ afe no mu[5].

Adam san n'akyi baa Ghana bɛbɔɔ maa Berry Ladies wɔ National Women's League no mu.

Amanman mu akansie[sesa]

Adam bɛyɛɛ Sahene maa mmaa wonni mfe 20 a wɔde Under-20 no wɔ 2014 FIFA U-20 Women's World Cup no mu[6]. Wɔ bosome a ɛtɔ dubaako no da a ɛtɔ so 30 no mu no, Adam sii akan maa Ghanaman mmaa mpanyinfoɔ bɔɔlobɔkuo no, wo bre a na adamfofa akansie bi bɔɔ so wɔ wɔn ne Morocco ntam; ɔbaa mu wɔ sima 80 no mu ma Ghana dii nkunim 2-0[7].

Abasobɔ[sesa]

South Florida Bulls

SAS

  1. Police find their target to finish on top (modernghana.com)
  2. https://gousfbulls.com/sports/womens-soccer/roster/grace-adams/11357
  3. Grace Adams: Former Black Princesses skipper signs for Nigerian side Rivers Angels - Ghana Latest Football News, Live Scores, Results - GHANAsoccernet
  4. Facebook
  5. Facebook
  6. https://www.fifa.com/u20womensworldcup/news/ghana-s-saving-grace-2419146
  7. Amicaux - Double succès du BRESIL et du GHANA, les USA battent les PAYS-BAS, la ZAMBIE victorieuse au CHILI (footofeminin.fr)
  8. "SAS champions of the 2019-20 Lebanese Women's Football League!". FA Lebanon (in British English). 2020-03-01. Retrieved 2021-02-06.