Gifti Afenyi-Daasi

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Yɛwoo Gifty Afe yi Dadzie wɔ June da a etɔ so 7 afe 1957( June 7, 1957). Ná ɔyɛ Nsɛmkyerɛwni ne oguadinni. Ɔbɛyɛɛ Ghana nsɛnkyerɛwfo nkabom kuw (Ghana institute of Journalism. GJA) no titrani. Ɔne titrani a ɔtenaa so kyɛɛ paa.

Asetena Mfiase[sesa]

Yɛwoo Afe yi Dadzie wɔ afe 1957 wɔ, Nkran Ghana.

Nhomasua[sesa]

Afenyi Dadzie nyaa ne mfiase nhomasua wɔ Winneba afi afe 1970 kosi 1975 wɔ mfinfini mantɔw mu wɔ Ghana. Ɔkura n'abodin wɔ amamuo ne akandi mu ( Masters Degree in Governance and Leadership) wɔ Ghana institute of Professional Studies.

Career[sesa]

Gifty Afenyi Dadzie yɛ nsɛnkyerɛwni. Ná Gifty yɛ Opayin wɔ 1st African Group a ɛyɛ aguadi adwumayɛkuo baatan a ɛwɔ ndwuma ahorow mmiensa wɔ Ghana Club 100 mu.

Afenyi Dadzie nyaa dibea titiriw ahorow wɔ Ghana ne ndwuma ahorow a ebi ne Tender Board, Asoɔyɛ a ɛhwɛ Amanɔne nsɛm so fotufuo kuw (Ministry of Foreign Affairs Advisory committee), Ghana nsɛnkyerɛwkuw Baatan (Ghana institute of Journalism) Akuw a ɛhwɛ nsɛnkyerɛwkuw adwuma so ( National Media Commission), Ekumfiman Sikakorabea ne CDH nsakyibea (CDH insurance). Ɔyɛ adwuma nso wɔ mmrahyɛ kuw adwuma Kulendi wɔ Accra, Ghana.

Wɔ afe 1993 mu no, ɔbɛyɛɛ adwuma wɔ akuw bi a ɔmo hwɛ mmea ahofadi wɔ nsɛmkyerɛw adwuma mu. ( Women's institute for Freedom of the Press). Saa kuw yi yɛ America adwumakuw a ɔmo mmpɛ mfasoɔ, na ɔmo botae ne sɛ ɔmo beboa na mmea nsɛnkyerɛw adwuma adu bagua mu.

Ɔne ɔbea a odi kan bɛyɛɛ titrani abedi akyirie na ɔsan bɛyɛɛ titrani ma Ghana nsɛnkyerɛw baatan. Ɔno nso na ɔtraa so kyerɛ, na ɔde mfe nson na ɛyɛɛ saa efi afe (1996 - 2003).

Yepaw no sɛ ɔmmra ɔmbɛyɛ kuw mu no mma ɔmanpanin afutuofo kuw (Council of State) na ɔne kuw muni a na ne mfe sua koraa.

Ɔyɛ titrani ma mmea som fekuw ( Women's Aglow Ministry)

Abodin ne Nkamfoɔ[sesa]

Ɔgyee nkamfoɔ soronko a ɛne National Award order of Volta. Gifty Afenyi- Dadzie nyaa Abodin no wɔ ndwom dwumadi (Harvest Praise international Ministry)