Jump to content

Garcinia kola

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Garcinia kola
taxon
short nameG. kola Sesa
taxon nameGarcinia kola Sesa
taxon rankspecies Sesa
parent taxonGarcinia Sesa
taxon common namegarcinia Sesa
IUCN conservation statusVulnerable Sesa
GRIN URLhttps://npgsweb.ars-grin.gov/gringlobal/taxonomydetail.aspx?id=71007 Sesa

Garcinia Kola(bitter kola,ɛdin a wɔtumi de ma no wɔ G.afzelii)yɛ nhwiren afifideɛ a ɛka Mangosteen genus Garcinia a ɛwɔ Clusiaceae abusuakuo no mu.Wobɛhunu no wɔ Benin,Cameroon,The Gambia,Democratic Republic of Congo,Ivory Coast, Guinea,Mali, Gabon, Ghana, Liberia, Nigeria, Senegal ne Sierra Leone.Faako a ɛtumi tena pa ara ne baabi a nsuo tɔ na awia nso bɔ kɛse anaa sɛ kwaeɛ a ɛmu yɛ nwunu.

Bɛyɛ mfeɛ ɔha ne akyire yi no,wɔde n'aduaba,n'aba ne dua no akyi ayɛ nnuro a ɛsa yareɛ bi te sɛ ɛwa de kɔsi ahoɔhyeɛ so.Ɛyɛ nhwehwɛmu a Center For International Forestry Research yɛeɛ no,wɔde baeɛ sɛ Garcina kola dwadie ho da so hia pa ara wɔ Alata borɔno ne ne nkurase so.Ɛyɛ Cola acuminata,a ɛyɛ bese ankasa no,ɛne Garcina Kola nyɛ pɛ koraa ne Clusiaceae,na mmom ɛyɛ mallow Malvaceae abusuakuo no mu bi.

Abibiduro

[sesa]

Abibifoɔ a wɔde nhaban sa yareɛ, na wɔgye di sɛ Garcina Kola tumi sa ayamtim,ɛtumi yareɛ a mmoa de ba,ne deɛ bateria ne varoso de ba no, na wɔde di dwuma.[1]Wɔde n'aba no sa brɛboɔ ho haw,hwenem haw,menem yareɛ,tipaeɛ anaa sɛ kokoɔ mu yareɛ,ne ɛwa.[2]Wɔsan de yɛ dua ɛwe.[3]

Deɛ Ɛsi Ne Dua Ho Kwan

[sesa]

Ɛnfa ho ne Garcinia kola ho mfasoɔ a ɛwɔ no,ne dua no nnɔɔso koraa.Nneɛma a ama akuafoɔ aba mu abu koraa a wɔnnua dua yi koraa ne ɛho den a ɛyɛ sɛ ɛbɛso na ne saa nso ma n'aba no ho yɛ den.Nnua a ɛso pa ara no akuafoɔ gya no wɔ wuram berɛ a wɔretwitwa kwaeɛ no.Nhwehwɛmufoɔ asua deɛ nti a G.Kola nnuaba no ntumi nso no na wɔde nneɛma binom agu akwan mu a ɛbɛtumi aboa ama dua yi atumi aso.Mmom,ɛho hia sɛ wɔyɛ nhwehwɛmu hunu nneɛma nketenkete ne nneɛma a wɔbɛyɛ a akuafoɔ bɛtumi de adi dwuma a wɔnmrɛ ho.

Mfonini

[sesa]
Two "bitter kola" seeds, one with brown rind removed
"Bitter kola" tree (Garcinia kola) growing in Limbe Botanical Gardens, Cameroon
Garcinia kola leaves, Limbe Botanical Gardens


Flowers of Garcinia kola (a.k.a. "bitter kola")















Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. New Antimicrobials of Plant Origin, retrieved 2024-07-16
  2. New Antimicrobials of Plant Origin, retrieved 2024-07-16
  3. New Antimicrobials of Plant Origin, retrieved 2024-07-16