Gabriel Osei

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Gabriel Osei
Member of the Ghana Parliament
for Tain Constituency
Bere
7 January 2017 – 6 January 2021
AnanmusiniAdama Sulemana
Ne ho asɛm
Awo bereJune 2, 1974 (1974-06-02) (age 49)
Badu, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔCatholic University College, KNUST
N'adwumaFinance Officer

Gabriel Kweku Osei yɛ Ghana amammuifoɔ ne Ghana Ɔmanpanin a ɛtɔ so nnan Mmarahyɛ Bagua a ɛtɔ so nson no muni a ɔgyina Tain Mansin ananmu wɔ Brong-Ahafo Mantam muNew Patriotic Party tekiti so.[1][2] Mprempren, ɔyɛ Adwumayɛ Nkɔso sohwɛfo ma Ɔman Ɔsom Nhyehyɛe Dwumadibea Ti.[3]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Osei wɔ June 2, 1974 na ofi Badu a ɛwɔ Brong Ahafo Mantam a na ɛwɔ hɔ saa bere no, mprempren Bono Mantam mu. Ɔnyaa ne Bachelor of Science abodin krataa wɔ sikasɛm mu wɔ Katolek Suapɔn Kɔlege a ɛwɔ Fiapre wɔ afe 2008.[4] Na ɔwɔ ne adansedi krataa nso wɔ Executive Master of Business Administration (CEMBA) mu wɔ KNUST.[5]

Adwumayɛ[sesa]

Na Osei yɛ sikasɛm sohwɛfoɔ wɔ St. Ambrose College of Education wɔ Dormaa Akwamu.[4]

Amanyɔsɛm[sesa]

Osei yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni. Ɔyɛ kan MP a ɔhwɛ Tain Mantam so wɔ Bono Mantam mu wɔ Ghana.[6][5][7] Wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ mu no ɔhweree n'akongua no maa Adama Sulemana. Ɔnyaa abatoɔ 18,346 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 40.87%.[8]

Adɔeyɛ[sesa]

Wɔ Ɔkɔtɔberɛ 2020 mu no, ɔde semɛnte nkotokuo bɛyɛ 150 maeɛ sɛ ɛbɛboa wɔ Brodi Senior High School ne Polisifoɔ Dwumadibea a wɔbɛsi wɔ mpɛsoa so.[9]

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Osei yɛ Kristoni.[4]

Mmeaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-03
  2. Tain MP cuts sod for 21km road construction, retrieved 2023-10-03
  3. Yuan-tsung Chen (2021-12-23), "From Black Market to Fake Bumper Harvest", The Secret Listener, Oxford University Press, pp. 170–182, retrieved 2023-10-03
  4. 4.0 4.1 4.2 Osei, Gabriel (in American English), retrieved 2023-10-03
  5. 5.0 5.1 Gabriel Osei, Biography, retrieved 2023-10-03
  6. Notable MPs who failed to retain their seats in the polls (in American English), 2020-12-09, retrieved 2023-10-03
  7. Infographic: NPP MPs who could not retain their seats (in American English), 2020-12-10, retrieved 2023-10-03
  8. Peace FM, Tain Constituency Results - Election 2020, retrieved 2023-10-03
  9. Sintim (2020-10-11), Tain MP Hon Gabriel Osei Donates 150 bags of Cement to Brodi for Community Support (in American English), retrieved 2023-10-03