Gabriel Kodwo Essilfie

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Gabriel Kodwo Essilfie (wɔwoo no 10 Ɔbɛnem 1950) yɛ Ghana amanyɔni ne mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nsia a ɛwɔ Ghana Aman a ɛtɔ so nnan no muni a ɔgyina Shama Mansin ananmu wɔ Atɔeɛ Mantam mu wɔ National Democratic Congress tekiti so.

Ankorankoro asetra[sesa]

Essilfie yɛ Kristoni na ɔyɛ fekubɔ wɔ Methodist asɔre mu. Ɔwaree (ɔwɔ mma baanan).

Mfitiase asetra[sesa]

Wɔwoo Essilfie wɔ 10 Ɔbɛnem 1950. Ɔfiri Abuesi, kuro bi a ɛwɔ Ghana Atɔeɛ Mantam mu . Ɔkɔɔ Glassboro State College ( Rowan Sukuupɔn ), New Jersey, wɔ U.S., na onyaa akontaabu ho abodin krataa.

Amanyɔsɛm[sesa]

Essilfie yɛ Ɔman Demokrasi mmrahyɛbagua (NDC) no muni. Wɔ afe 2012 mu no, ɔsii akan wɔ Shama nkongua no so wɔ NDC mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nsia a ɛwɔ republic a ɛtɔ so nnan no tekiti so na odii nkonim. Wɔ mmrahyɛbagua mu no wasom wɔ boayikuw ahorow mu, a Boayikuw no muni a ɔhwɛ Sikasɛm, Aduan, Kuadwuma ne Kokoo Nsɛm so ka ho

Adwuma[sesa]

Ɔyɛ akontaabufo. Ɔno na ɔhyehyɛɛ Gabdor Consultants Inc. a ɛwɔ Pennsauken Township, New Jersey no na ɔyɛ ne panyin .

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]