Frimpong John Osei

Ɛfi Wikipedia
Hon.
John Frimpong Osei
MP
Member of the Ghana Parliament
for Abirem Constituency
Ne ho asɛm
Awo bere5 March 1971 (1971-03-05) (age 53)
Ne manGhanaianGhana 
AmanyɔkuoNew Patriotic Party

John Frimpong Osei (wɔwoo no Ɔbɛnem da a ɛtɔ so nnum wɔ afe apem ahankron aduoson baako, 5 March, 1971) yɛ Ghana amamyɔni a na ɔyɛ Ghana Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson no mu ni na seesei ɔyɛ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nnan Mmarahyɛbadwa no mu ni a ɔgyina Abirem Mpɛsoa ananmu wɔ Apueeɛ Mantam mu wɔ tekiti a ɛyɛ New Patriotic Party.[1][2]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo John Frimpong wɔ Akim Ntronang wɔ Ghana Apueeɛ Mantam mu. John Frimpong nyaa ne Mfinimfini Sukuu Abɔdin krataa wɔ afe apem ahankron aduowɔtwe nsia (1986). Akyiri yi ɔnyaa ne Ordinary Level wɔ afe apem ahankron aduokron baako (1991) mu ne Advanced Level wɔ afe apem ahankron aduokron mmiɛnsa (1993). John Frimpong kɔɔ so nyaa ne Bachelor of Arts (Geography Resource Development) wɔ afe apem ahankron aduokron nwɔtwe (1998) mu ne M.PHIL (Micro Finance Geography) wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnan (2004) firii Ghana Suapɔn, Legon – Ghana.[3][4]

Adwumayɛ[sesa]

John Frimpong yɛ OM Finance and Business Service Limited sohwɛfoɔ firi afe apem ahankron aduokron nkron kɔsi mfeɛ mpem mmienu (1999- 2000). Ɔsan nso yɛ ɔsom adwuma no boafoɔ titire firi afe 2002 kɔsi 2005 wɔ Sikasɛm ne Sikasɛm Nhyehyɛe Dwumadibea ne Nwomasua Dwumadibea ne Mmabunu ne Agumadie Dwumadibea. John Frimpong reyɛ adwuma seesei sɛ Mmarahyɛbadwa no muni (MP) ma Abirem Mpɛsoa so.[3][4]

Amanyɔsɛm[sesa]

John Frimpong dii nkonim wɔ mmarahyɛbadwa no mu wɔ ne mansin (Abirem Mantam) mu wɔ Apuei Fam Mantam mu wɔ afe 2016 Ghana ɔsahene no mu abatoɔ a ɛwɔ New Patriotic Party no tekiti so sɛ wɔbɛka Ghana Republic a Ɛto so Anan Mmarahyɛbadwa a Ɛto so Ason (7) no ho a wɔanya abatoɔ 19208 (61.0%) atia Mavis Ama Frimpong a ɔfiri National Democratic Congress a ɔnyaa abatoɔ 12,217 (38.8%).[5][6][7] Ɔsan dii nkonim bio wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ no mu wɔ New Patriotic Party no tekiti so sɛ ɔbɛkɔ akɔka Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nwɔtwe (8) a ɛwɔ Fourth Republic of Ghana no ho a ɔnyaa abatoɔ 19,151 (55.2%) tiaa Mavis Ama Frimpong a ɔfiri National Democratic Congress a na ɔwɔ 15,110 abatoɔ (43.5%).[8]

Boayikuo ahodoɔ[sesa]

John Frimpong yɛ Aduane, Kuadwuma ne Kokoo Nsɛm Boayikuo no muni sɛ oguamtrani. Ɔsan nso yɛ Privileges Committee a ɛwɔ Fourth Republic of Ghana Mmarahyɛbadwa a Ɛto so Nwɔtwe (8) no mu ni.[4]

N'ankasa abrabɔ[sesa]

John Frimpong yɛ Kristoni.[6][4]

Adɔeɛ[sesa]

John Frimpong de ntoboa ama Abɔnten so bɔlɔb asinasin 100 a wɔde bɛboa amanne kwan so awudi anadwo wɔ ne kuropɔn mu. Sɛnea John Frimpong kyerɛ no, ɛbaa n’adwene mu sɛ, asram bi a atwam wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mmienu (2022) mu no, wɔakum mmea a wɔabɔ dam a wɔayi wɔn nipadua akwaa a wɔfrɛ no sɛ ɛyɛ amanne kwan so awudie.[9]

Abasobɔdeɛ Ahodoɔ[sesa]

Wɔmaa John Frimpong sɛ United Asɔfoɔ Amanaman Ntam Fekuo (UCIA) 2020 Hall Of Fame Award For Excellence In Leadership a The United Clergy International Association (UCIA) yɛeɛ no yɛɛ ne abasobɔdeɛ a ɛtɔ so 11 wɔ All Nations University wɔ 8 Ɔsanaa 2020.[10]

Mmeaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. John Frimpong Osei, Biography, retrieved 2023-10-09
  2. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-09
  3. 3.0 3.1 John Frimpong Osei, Biography, retrieved 2023-10-09
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-09
  5. Peace FM, 2016 Election - Abirem Constituency Results, retrieved 2023-10-09
  6. 6.0 6.1 Osei, Frimpong John (in American English), retrieved 2023-10-09
  7. Peace FM, Ghana Election 2020, retrieved 2023-10-09
  8. Peace FM, 2020 Election - Abirem Constituency Results, retrieved 2023-10-09
  9. Account Suspended, retrieved 2023-10-09
  10. Peace FM Online, Hon John Osei Frimpong Receives United Clergy International Association (UCIA) 2020 Hall Of Fame Award For Excellence In Leadership, retrieved 2023-10-09