Francis Osafo-Mensah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Francis Osafo-Mensah
MP ɛwɔ Mpraeso
Bere
7 January 2005 – 6 January 2009
ƆmanpanyinJohn Kufuor
AnanmusiniSeth Kwame Acheampong
MP ɛwɔ Mpraeso
Bere
7 January 2001 – 6 January 2005
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Ne ho asɛm
Ne manGhana{[flagicon|GHA}}
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔDurham University
N'adwumaMedical doctor

Francis Osafo-Mensah yɛ Ghanani amanyɔni a na ɔyɛ mmarahybadwani ma Mpraeso abatoɔ mpasua a ɛwɔ Atɔeɛ mantam mu wɔ Ghana no.[1] Ɔsane somm sɛ ɔsoafoɔ maa saa mantam korɔ no ara na na ɔka mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nan no ho wɔ Ghana Repɔblik a ɛtɔ so nan no mu.[2]

N'abrabɔ ne ne sukuukorɔ[sesa]

Wɔwoo no afe apem ahankron ne aduasa-nsia too abusua bi a wɔagye din pa ara mu wɔ Atɔeɛ mantam mu.[3] Ɔgyee ne suapɔn abodin a ɛdi kan firii Durham University a ɛwɔ United Kingdom no mu. Adeɛ a ɛdii n'adesua no mu atintimman ne sɛ, ɔsuaa nnuroyɛ ne ayaresa ho adeɛ pa ara.[4][5]

N'adwumasɛm[sesa]

Osafo-Mensah adwuma ne sɛ ɔyɛ dɔkotani a ɔpaepae nnipa mu sa wɔn yareɛ.[5] Ɔsane yɛ dɔkotani a wakwadare wɔ nnuroyɛ mu.[6]

N'abrabɔ sɛ amanyɔni[sesa]

Mensah abrabɔ sɛ amanyɔni no hyɛɛ aseɛ wɔ afe apem ahankron ne aduokron-nsia no mu berɛ a ɔgyinaa New Patriotic Party, ɔsono amanyɔkuo no anan mu sɛ mmarahyɛbadwani wɔ Mpraeso mpasua no mu.[7] Ɔdii nkunim wɔ abatoɔ no mu berɛ a ɔnyaa mma a wɔtoeɛ no nyinaa mu mpem dunan, ahankron ne nsia a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu aduanan baako wɔ mma dodoɔ a wɔtoo no afe no mu nyinaa mu.[8] Ɔsane tenaa adwa no so wɔ mfeɛ mpenu abatoɔ no mu berɛ a ɔnyaa mma wɔtoeɛ no mu mpem dumiɛnsa ne aduowɔtwe.[9] Na nnipa ɔne wɔn repere saa adwa no firi amanyɔkuo a ɛdidi soɔ yinom mu; National Democratic Congress (NDC), People's National Convention (PNC), National Reform Party (NRP) ne United Ghana Movement (UGM).

Nnipa a wɔgyinaa mu maa saa amanyɔkuo yinom ne Mike K.S. Akyeampong, Asiamah Godfried Nyarko,Kwabena Adjei ne Aninakwa Samuel Kyeramanteng (Wɔahyehyɛ edin no sɛdeɛ wɔahyehyɛ amanyɔkuo no). NDC nyaa aba a wɔtoeɛ no nyinaa mu mpem du, ahasa ne dunwɔtwe a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu aduanan-mmienu akyiripɔ aduokron. PNC nyaa aba no mu ahanu aduosia-num a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu baako akyiripɔ du, NRP nyaa ɛmu ahanu aduosia-baako a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu baako akyiripɔ du, ɛnna UGM nso nyaa aba no mu ɔha ne dumiɛnsa a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu hwee akyiripɔ aduonum.[10] Mensa sane dii akonnwa no ne mprɛnsa so wɔ mfeɛ mpenu ne nan ɔman abatoɔ no mu berɛ ɔgyinaa New Patriotic party, Ɔsono Amanyɔkuo no anan mu nyaa mmaa dodoɔ a wɔtoe no mu ɔha mu nkyɛmu aduosia-nson akyiripɔ nan.[11] N'adwuma sɛ mmarahyɛbadwani no baa awieeɛ wɔ mfeɛ mpenu ne nkron no mu.

N'abrabɔ[sesa]

Francis Osafo-Mensah yɛ Kristoni.[6]

Wobɛtumi nso asane ahwɛ[sesa]

  1. New Patriotic Party mmarahyɛbadwafoɔ.
  2. Mpraeso abatoɔ mpasua no mmarahyɛbadwafoɔ

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Ghana National Party plan to eliminate Preventable Diseases (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2022-09-02 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  2. https://allafrica.com/stories/200210290669.html {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  3. (PDF) https://library.fes.de/pdf-files/bueros/ghana/03610.pdf {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  4. "Francis Osafo-Mensah", Wikipedia (in English), 2022-03-14, retrieved 2022-09-02
  5. 5.0 5.1 Ghana Parliamentary Register (2004-2008) (in English), retrieved 2022-09-02
  6. 6.0 6.1 "Francis Osafo-Mensah", Wikipedia (in English), 2022-03-14, retrieved 2022-09-02
  7. Peace FM Online, We Need To Build A Stronger, Prouder And Better Kwahu - OPK Declares As He Files To Contest Mpraeso NPP, retrieved 2022-09-02
  8. Peace FM, Parliament - Mpraeso Constituency Election 1996 Results, retrieved 2022-09-02
  9. J. Järvisalo, N. E. Saris (1975-09-15), "Action of propranolol on mitochondrial functions--effects on energized ion fluxes in the presence of valinomycin", Biochemical Pharmacology, vol. 24, no. 18, pp. 1701–1705, doi:10.1016/0006-2952(75)90009-x, ISSN 0006-2952, PMID 13, retrieved 2022-09-02
  10. Peace FM, Parliament - Eastern Region Election 2000 Results, retrieved 2022-09-02
  11. Peace FM, Parliament - Eastern Region Election 2004 Results, retrieved 2022-09-02