Francis Addai-Nimoh

Ɛfi Wikipedia
Onionyamfo
Francis Addai-Nimoh
Member of the Ghana Parliament
for Mampong Abatoɔ mpasua
Bere
7 Ɔpɛpɔn 2013 – 6 Ɔpɛpɔn 2017
Ne ho asɛm
Awo bereMarch 23, 1965 (1965-03-23) (age 59)
Ne manGhanani
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔKwame Nkrumah University of Science and Technology

Francis Addai-Nimoh a wɔwoo no Oforisuo bosome da ɛtɔ so aduonu -mmiɛnsa wɔ afe apem ahenkron aduosia -num mu no yɛ Ghana amanyɔni a na ɔyɛ Ghana mmrahyɛbadwani wɔ Ghana mmrahyɛbadwa a ɛtɔ so nsia wɔ Ghana Adehyeman ɛtɔ so nnan no mu. Ɔgyinaa Mampong Mansini a ɛwɔ Asanti Mantam mu no ananmu wɔ New Patriotic Party amanyɔkuo no din mu.[1][2][3]

N'abrabɔ[sesa]

Ɔda ne ho adi sɛ ɔyɛ Kristoni, na waware a ɔwɔ mma mmiɛnsa. [1]

Ne mmɔfrase ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Addai-Nimoh wɔ Oforisuo bosome da ɛtɔ so aduonu -mmiɛnsa wɔ afe apem ahenkron aduosia - num . Ɔfiri Mampong-Nyinampong, kuro bi a ɛwɔ Asanti Mantam mu wɔ Ghana.[4] Ɔkɔɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma ( Kwame Nkrumah University of Science and Technology ) so wɔ hɔ a ɔnyaa Bachelor of Science abodin krataa wɔ 'Civil Engineering' mu wɔ afe apem ahenkron aduokron -mmiɛnsa . Ɔsan nso kɔɔ 'Ghana Institute of Management and Public Administration' na ɔnyaa 'executive master’s degree' wɔ 'Public Administration' mu.

Adwuma[sesa]

Addai-Nimoh yɛ Nkɔsoɔ nhyehyɛeɛfoɔ wɔ n’adwuma mu.[4] Ɔsane yɛ aban mfiridwumayɛfo.[5]

Amanyɔsɛm[sesa]

Addai-Nimoh yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuo Foforo (New Patriortic Party) no muni. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- mmienu mu no, ɔsii akan maa Mampong atenaeɛ no wɔ New Patriotic Party amanyɔkuo no din mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- mmienu Ghana amansan abatoɔ no mu na ɔdii nkonim.[6] Ɔsan nso yɛɛ mmarahyɛbadwani maa Mampong wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe ne mfeɛ mpem mmienu ne du- nsia mu. Ɔsii akan wɔ New Patriotic Party ɔmampanyin 'primaries' mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nnan mu.[7] Ɔdii nkoguo wɔ mmɔden a ɔbɔeɛ sɛ ɔbɛgyina ɛkuo no ananmu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- nummmarahyɛbadwa 'primaries' mu.[5] Wɔ Afe Afe Ɔman Nnanmusini Nhyiamu 2022 mu no, Owura Nimoh hyɛɛ nkɔm sɛ ɛbɛyɛ nwonwa sɛ wɔbɛhunu anim foforɔ wɔ New Patriotic Party akannifoɔ mu.[8] Ɔde ne ho ahyɛ akansi a ɛfa New Patriotic Party frankaatu akansie a wɔde bɛyi ɔkandifoɔ akɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu -nnan abatoɔ no ho nnansa yi.[9]