Fifi Fiavi Franklin Kwetey

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Fiifi Fiavi Kwetey
General Secretary for NDC
Mprenpren
Bere
2022
OdikanfoJohnson Asiedu-Nketia
Member of Parliament
for Ketu South
Bere
7 January 2013 – 6 January 2021
OdikanfoAlbert Kwasi Zigah
AnanmusiniDzifa Gomashie
Minister for Transport
Bere
February 2016 – January 2017
ƆmanpanyinJohn Mahama
OdikanfoDzifa Attivor
AnanmusiniKweku Asiamah
Minister of Food and Agriculture
Bere
2014–2015
ƆmanpanyinJohn Mahama
OdikanfoClement Kofi Humado
AnanmusiniLimuna Mohammed Muniru
Minister of State at the Presidency in charge of Financial and Allied Institutions
Bere
2013–2014
ƆmanpanyinJohn Mahama
Deputy Minister of Finance
Bere
2009–2013
ƆmanpanyinJohn Atta-Mills
OdikanfoGeorge Gyan-Baffour
AnanmusiniCassiel Ato Forson
Ne ho asɛm
Awo bere
Fiifi Fiavi Kwetey

2 June 1967 (1967-06-02) (age 56)
Nogokpo, Ghana
Ne manGhana Ghanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Mma4

Fiifi Fiavi Kwetey (wɔwoo no ayɛwohomumɔ bosome no da a ɛtɔ so 2 wɔ afe 1967) yɛ Ghana amannyɔni ne Ɔyɛ kyiniiɛ amannyɔkuo NDC mu twerɛtwerɛfoɔ Panyin. Ɔyɛ obi a na ɔyɛ mmarahyɛbadwani wɔ Ketu South mansini no mu wɔ Ghana. Na ɔyɛ Propaganda twerɛtwerɛfoɔ ma National Democratic Congress (NDC).[1][2]

Mfitiase asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Kwetey wɔ Hohoe nanso ɔfiri Nogokpo a nkuro mmienu no nyinaa wɔ Volta Mantam mu wɔ Ghana.[3] Ɔkɔɔ Bishop Herman College wɔ Kpando wɔ afe 1987 mu, na ɔnyaa ne O level adansedie krataa. Ɔsan kɔɔ Achimota Sukuu mu kɔhwehwɛɛ ne A level adansedie krataa. Ɔnya Bachelor of Arts wɔ Sikasɛm ne Adwene ne Nneyɛe Ho Adesua mu wɔ Ghana Suapɔn mu. Wɔ afe 1994 mu no, ɔnyaa Diplômes de la Chambre de Commerce et d'industrie de Paris (CCIP) (Adwadie ne Nnwumakuo no Diploma a Ɛkorɔn, Paris). Kwetey nyaa B.A HONS wɔ Ghana Suapɔn mu[4]

Adwuma[sesa]

Suapɔn no akyi no, Kwetey yɛɛ ne ɔman som adwuma wɔ Mmarahyɛ Badwa adwumayɛbea firi Ahinime bosome no mu wɔ afe 1993 kɔsi Kutawonsa bosome no mu wɔ afe 1994. Wɔ afe baako ɔman som adwuma a ɛyɛ ahyɛdeɛ akyi no ɔtu kɔyɛɛ adwuma sɛ Sikasɛm mu Nhwehwɛmufoɔ ne sikakorafoɔ wɔ Sikakorabea adwumakuo, Strategic African Securities Ltd wɔ July 1995. Akyiri yi otu kɔɔ CDH Financial Holdings Ltd sɛ Sikakorabea sohwɛfo, Sikakorabea Nhwehwɛmufo ne a Stockbroker a ɔyɛɛ adwuma wɔ hɔ firi Oforisuo bosome no mu wɔ afe 1998 kɔsi Ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ afe 2002, berɛ a na ɔsan nso som sɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ ma sikasɛm Adesua bi wɔ Ghana Stock Exchange.

Amanyɔsɛm[sesa]

Bere a na ɔwɔ sukuupɔn mu no, na Kwetey yɛ sukuuni kannifoɔ, na ɔsom sɛ dwamtrani ma National Democratic Congress nkorabata dwumadibea a ɛwɔ University of Ghana Legon Campus. Wɔ ɔpɛnimaa bosome no mu wɔ afe 2005 mu no, Kwetey sii akan wɔ NDC mpanyimfoɔ abatoɔ mu na ɔdii nkonim ma ɔbɛyɛɛ nkitahodifoɔ panyin maa NDC. Bere a ɔsom sɛ nkitahodifoɔ panyin a n’akuo no frɛɛ no kuo no Nsɛmmɔnedi twerɛtwerɛfoɔ no, wɔhuu no sɛ onipa a ɔbɛkasa atia akuo afoforo no na wama nsɛm a ɛfata a ɛfa wɔn akuo ahorow ho asɔre bere a ɔrebɔ n’apam no ho ban wɔ nhyiam hodoɔ a ɛho hia no so . Akyiri yi wɔsesaa dibea a ɛne Propaganda Secretary no yɛɛ no Ɔman Nkitahodi Sohwɛfoɔ.

Ɔsoafoɔ Abadiakyiri a ɔhwɛ Sikasɛm so[sesa]

Wɔ afe 2009 mu no, John Atta Mills yii Kwetey sɛ ɔnyɛ Sikasɛm soafoɔ abadiakyiri mma Kwabena Duffuor a saa berɛ no na ɔyɛ Sikasɛm soafoɔ. Wɔkaa ntam sɛ ɔbɛdi tumi wɔ Ayɛwohomumɔ bosome no mu wɔ afe 2009 mu berɛ a ɔfaa nhwehwɛmu mu wɔ mmarahyɛ badwa mu akyi. Ɔyɛɛ adwuma wɔ saa dwumadie no mu kɔsii Ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ afe 2013.[1]

Mmarahyɛ Badwa mu adwumayɛ[sesa]

Wɔ afe 2012 mu no, Kwetey dii nkonim wɔ Ketu South National Democratic Congress primaries mu kɔɔ afe 2012 Mmarahyɛ Bagua Abatoɔ no mu. Ɔdii nkonim wɔ primaries no mu denam abatoɔ 403 a ɔnyaeɛ no so a ɛne abatoɔ 60 a saa berɛ no na ɔdi tumi saa berɛ no Albert Ziga a ɔdii nea ɛtɔ so mmiɛnsa ne Raphael Alorwu a ɔnyaa abatoɔ 82, berɛ a Nyphson Agbagedy nso nyaa abatoɔ 30.[5][6] Akyiri yi Kwetey dii nkonim wɔ Ketu South mmarahyɛ bagua abatow mu denam abatow 77,837 a onyae a egyina hɔ ma abatow a wɔtow tiaa nea ɔbɛn no paa Godwin Yayra Nkuawu a ofi New Ptriotic kuw no mu a onyaa abatow 4,122 a egyina hɔ ma 4.71% no mu 88.92%.[7]

Wɔ afe 2015 mu no, wɔkɔɔ so kuraa Fiifi Kwetey mu sɛ National Democratic Congress kandifoɔ ma Ketu South mantam a ɔrekɔ afe 2016 mmarahyɛ bagua abatoɔ no mu. Ɔdii nkonim wɔ primaries no mu denam abatoɔ 146,10 a ɔnyaeɛ a ɛgyina hɔ ma 86.13% de dii Sylvanus Amedorme a ɔnyaa abatoɔ 1,375 ne Famous Kuadugah, abatoɔ 637 wɔ Denu wɔ Volta Mantam mu.[8]

Wɔpaw no wɔ afe 2016 Abatoɔ no mu sɛ ɔnsom sɛ mmarahyɛ baguani mma Ketu South wɔ afe foforɔ mu wɔ Ghana mmarahyɛ bagua mu wɔ berɛ a ɔnyaa abatoɔ 48,723 a ɛgyina hɔ ma abatoɔ nyinaa mu 65.47% tiaa ne akansifoɔ a ɔbɛn no paa Jim Yao Morti a ɔyɛ ɔkannifoɔ a ɔde ne ho a ɔnyaa abatoɔ 18,643 a ɔgyina hɔ ma 25.04% na ɛwɔ hɔ.[9] Jim Yao Morti yɛ kan NDC muni a na wɔayi no afiri mu wɔ nhwehwɛmu nhyehyɛe no mu na akyiri yi NDC gyaee no na na ɔrepere sɛ obi a ɔde ne ho.[10]

Ɔman Soafo a ɔhwɛ ɔman no so[sesa]

Ɔmampanyin John Dramani Mahama na ɔyii Kwetey sɛ ɔnsom sɛ Ɔman Soafoɔ wɔ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Sikasɛm ne Apam Asoɛe ahodoɔ so wɔ Ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ afe 2013 mu.[11] Na ne dwumadie ne sɛ ɔne sikasɛm adwumayɛbea no bɛyɛ adwuma abom denam ɔmampanyin no adwumayɛbea so de ahwɛ sikasɛm ne ahyehyɛdeɛ ahodoɔ a ɛka ho no so na wɔahwɛ so. Ɔsom saa tumi no ɔbuee akwankyerɛ badwakuo a ɛmufoɔ yɛ num maa Ɔman Pension Regulatory Authority (NPRA) sɛ wɔbɛhwɛ mfeɛ mmiɛnsa tumi a wɔde bɛkyekyere apam a wɔne Switzerland Aban ayɛ no so. Na Switzerland aban no ama Ghana Aban no sika ɔpepem mmienu ne akyiripɔ nan (2.4) sɛ wɔmfa mmoa Aban no mma wɔn nnipa tumi nkyekyere wɔn, hyehyɛ ahyehyɛdeɛ nhyehyɛeɛ a ɛyɛ adwuma yie a ɛbɛboa wɔn ama wɔayɛ wɔn dwumadie sɛ mmarahyɛfoɔ a ɔhwɛ sɛ pɛnhyen nhyehyɛeɛ ne nhyehyɛeɛ no bɔ ho ban na ɛhyɛ nkuran ampa anigyeɛ a ɛwɔ wɔn a wɔagye pɛnhyen wɔ Ghana.[12]

Aduane ne Kuadwuma ho Ɔsoafoɔ[sesa]

Ɔsomm wɔ saa dwumadie yi mu kɔsii sɛ wɔsan de no hyɛɛ aseɛ sɛ ɔnsom sɛ Aduane ne Kuadwuma ho Ɔsoafoɔ mfa nsi Clement Kofi Humado ananmu.[13] Na ne dwumadie sɛ sikasɛm nipa ne sɛ ɔbɛhwɛ sɛ Ghana Kuadwuma no bɛhunu sɛ nneɛma a wɔyɛ no bɛkɔ soro na nneɛma a wɔde firi amannɔne ba no so ate na nneɛma a wɔde kɔ amannɔne no akɔ soro. Na n’anisoadehunu ne sɛ ɔbɛpia kuayɛ som adwuma no akɔ kuayɛ adwuma a ɛfa kuayɛ ho mmom sene sɛ ɔbɛma kuayɛ adwuma a ɛfa aduane a wɔyɛ ara kwa ho.

Akyiri yi wɔde no kɔɔ asoeɛ a ɔhwɛ akwantuo so wɔ berɛ a Awuraa Dzifa Ativor gyaee adwuma no wɔ nsɛm a ɛfa GHS 3.6m baase re-branding apam a akyinnyegyeɛ wɔ ho no akyi

Ankorankoro asetena[sesa]

Ɔwaree Naomi Kwetey na wɔbom wɔ mma nnan .

Nsɛm a wɔka tia Nkramofoɔ[sesa]

Wɔ ne dibea sɛ NDC nsɛmmɔnedie ho ɔtwerɛfoɔ ne kane Ɔmampanyin Rawlings fotufoɔ no, Fiifi Kwetey kaa wɔ afe mpem mmienu ne nson (2007) mu wɔ nkitahodie bi a ɔne U.S. aban ananmusifoɔ dwumadibea mpanyimfoɔ dii mu sɛ "wɔ nsɛm a wontumi nsi pi mu sɛ Nkramofoɔ ntumi nyɛ Ghana Ɔmanpanyin da". Ɔkɔɔ n'anim sɛ "Bere a Ghanafoɔ dodoɔ no ara rennye yei ntom pefee deɛ, nanso wontumi nyi Nkramofoɔ sɛ Ghana Ɔmampanyin". Wɔde baa hann mu wɔ U.S. aman ntam nkitahodie nhama pii a ɛtrɛɛ wɔ afe 2010 mu akyi no, ne nsɛm no maa Ghana Nkramofoɔ bo fuiɛ a wɔahwehwɛ sɛ ɔtwe ne nsɛm no na ɔpa kyɛw. Ɛde besi ɔbenem bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne du num (2015) mu no, ɔnnya nnyee ne nsɛm no bio na ɔmpaa Nkramofoɔ kyɛw.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 WikiLeaks: Muslims can't be President - Fiifi Kwetey (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2023-10-01 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  2. NPP’s NASARA DAMNS FIIFI KWETEY AND DEMANDS APOLOGY TO MUSLIMS, 2011-11-09, archived from the original on 2011-11-09, retrieved 2023-10-01{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  3. MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  4. Fifi Kwetey, Biography, retrieved 2023-10-01
  5. Emmanuel Dogbevi (2012-10-31), Deputy Finance Minister appeals to companies to honour tax obligations (in American English), retrieved 2023-10-04
  6. Fiifi Kwetey battles MP over Ketu South seat - MyJoyOnline.com (in American English), 2012-05-13, retrieved 2023-10-04
  7. Peace FM, Ketu South Constituency Results - Election 2012, retrieved 2023-10-04
  8. myadmin (2015-12-31), Fiifi Kwetey wins Ketu South election (in American English), retrieved 2023-10-04
  9. Peace FM, 2016 Election - Ketu South Constituency Results, retrieved 2023-10-04
  10. Ketu South Political Giants To Fall (in American English), 2016-12-06, retrieved 2023-10-04
  11. Emmanuel Dogbevi (2013-02-15), Parliament approves nine more Presidential appointees (in American English), retrieved 2023-10-04
  12. News Ghana (2014-03-11), Fifi Kwetey inaugurated a five-member steering committee for NPRA | News Ghana (in American English), retrieved 2023-10-04
  13. List of Mahama's new ministers and deputy ministers - MyJoyOnline.com (in American English), 2014-07-16, retrieved 2023-10-04