Felicia Edem Attipoe

Ɛfi Wikipedia
Felicia Edem Attipoe
CitizenshipGhanaian
AdesuaOLA Senior High School, African University College of Communications, Temple University,
Sukuu a w'akɔOLA Senior High School, Ho
N'adwumaaircraft marshaller
EmployerGhana Civil Aviation, Ghana Airports Company Limited
Yɛnim no sɛproducer, secretary
Notable work
Key Soap Concert Party,
AwardsMost Inspiring Woman in Aviation Industry, 2019

Felicia Edem AttipoeGhanani baa wiemhyɛn kwankyerɛfo, ɔbaa a odikan a w'naya akwanya wɔ adwuma a mmarima di mu akotene wɔ Ghana no mu. Na wonim no sɛ a obi a na odi akotene wɔ dwumadie a w'ato din Key Soap Concert Party so, aseresɛm dwumdie bi a na ɛkɔ so[1][2][3][4].

Nhomasua[sesa]

Attipoe kɔɔ ntoaso sukuu a ne din de OLA Senior High School a ɛwɔ Ho, Frao Mantam no mu. ɔtoaa n'adesua so kɔɔ suapɔn a ɛde African University of College of Communication, na onyaa abɔdin kraataa a ɛde First Degree. ɔsan nso kura abɔdin krataa a ɛfa nfonitwa ho firii suapɔn a ɛde Temple University a ɛwɔ Japan. Okura abɔdin krataa a ɛfa wiemhyɛn nsɛm ho a ɛne Aerodrome Safety, Marshalling and Radio Telephony a efiri School of Aviation[5][6].

Nnwuma[sesa]

N'adwuma akwantuo a ɛfa wiemhyɛn kwankerɛ no hyɛɛ ase wɔ afe apem ahankron aduokron nkron (1999) mu, bre a wɔfaa no sɛ ɔkyerɛwfo wɔ adwumakuo a ɛde Ghana Civil Aviation no. Bre a Ghana Civil Aviation tee ne ho no, ɔde ne ho kɔdɔɔm Ghana Airport Company Limited sɛ ɔkyerɛwfo na ɔyɛɛ adwuma mfie du. Wɔ afe mpem mmienu ne du-baako (2011) mu no, woyii no kɔɔ adwumakuo no mpanyinfoɔ no baako ɔfis a ɛde Ramp Manager no sɛ ɔkyerɛwfo. Bre a ohuu sɛ ontumi nnyɛ pii sɛ okyerɛwfo no, na afei nso ne kon ado bre a ɔhwɛ mmaraima sɛ wɔkyerɛkyerɛ wiemhyɛn ahorɔw akwan, ɔsrɛɛ kwan wɔ ɔkwankyerɛfo a pɔtɔ kasamu wɔka no director of operations no hɔ, sɛ ɔpɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ mu bi. Nti bre a akwanya no bae sɛ wɔbɛtete wiemhyɛn akwankyerɛfo no, ɔde ne ho hyɛɛ mu[7].

Abasobɔdeɛ[sesa]

Wɔ afe mpem mmienu ne du-nkron (2019) mu no - Onyaa abasobɔdeɛ a w'ato din Most Inspiring Woman in Aviation Industry ɛyɛ nea edikan a wɔde hyehyɛɛ so.

N'setena mu nsem[sesa]

ɔye ɔwofo a ɔwɔ mmɔfra mienu.

Ntotoho[sesa]

  1. Former Koko Seller Pulls a Surprise; Now Ghana’s First Female Aircraft Marshaller (yen.com.gh)
  2. Master Agen SBOBET Wap | Judi Bola | Live Casino Online Asia | Cara Daftar Sbobet
  3. Page not found (svtvafrica.com)
  4. Defying all odds: From Koko seller to first Female Aircraft Marshaller in Ghana, Meet Felicia Edem Attipoe — Kasapa102.5FM (kasapafmonline.com)
  5. Meet Felicia, the aircraft marshal with passion - Graphic Online
  6. The inspiring story of Ghana’s first female Aircraft Marshaller - Africa Feeds
  7. Meet Felicia, the aircraft marshal with passion - Graphic Online