Felicia Abban

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Felicia Abban (ɔwoo no 1935 a ne fiedin de Ansah - 4 Ɔpɛpɔn 2024) yɛ kane Ghanabaa mfonitwafoɔ a odi kan. Ɔyɛɛ adwuma sɛ mfonitwafoɔ maa Ɔmanpanin a odi kan, Kwame Nkrumah wɔ n’aban mu wɔ afe 1960.

Ne mmɔfrase[sesa]

Bre a ɔwaree wɔ mfie 18 akyi no, otu firii Takoradi kɔtenaa Nkran, ɛhɔ na osii mfoni twabea.

Nfonitwa adwuma[sesa]

Ne mfonitwa adwuma a edii mfie 50 no hyɛɛ ase bre a osuaa mfonitwa adwuma no firii ne papa hɔ, na eyi ma no bɛyɛɛ adwumayɛ boafo koro wɔ saa bre no. Abban bue mfoni twabea wɔ Nkran wɔ afe 1955 mu na offaa mmaa pii sɛ adwumayɛ boafo. Wobehuu no sɛ ɔka Ghanafo mmaa a wɔbɔɔ wɔn ho mmɔden de Ghana man kyerɛɛ amansan denam nfonitwa mu. TN’amansan mfoni a wɔdaa no adi kɔɔ so wɔ baabi a wɔfrɛ no ‘ANO’ mfonibea wɔ March, afe 2017 na mfonibea no yɛɛ wɔn adwen sɛ wɔ bedane ne mfonitwabea no ayɛ no akorabea de ahyɛ no anuonyam. Sɛ wowiee akorae no a, ɛbɛboa ama w’atumi akora ne nnwuma so na afei, ɛbɛboa mfonitwafo a wobedi n’akyi aba no. Mfoni a ɛfa ɔno ankasa ho yɛ mfoni ahorɔw a otwae bre a ɔbɛkɔ afehyɛ bi ase. ɔkɔɔ ahomegyemu esiane ɔkwaha onyae na emu kɔɔ so yɛ den no nti.

Abusua asetena[sesa]

Na Felicia ye ɔwarefo a ne kunu din de Robbert Abban, ɔno na otintiim ntama a na Kwame Nkruma nfoni ne nhwiren, ne Ghana Frankaa wɔ mu no, ɛno na wɔde dii Ghana fahodie afahyɛ no wɔ afe 1957 mu. Owuara Aban yɛ kane ɔkanidifo ma Ghana adwumakuo a wotintim ntama, na adwumakuo no din de GTMC.

Nkekaho[sesa]