Feda Prempeh

Ɛfi Wikipedia
Hon Dr.
Freda Prempeh
MP
Member of the Ghana Parliament
for Tano North
Mprenpren
Bere
7 January 2013
Ne ho asɛm
Awo bere
Freda

23 January 1966 (1966-01-23) (age 58)
Duayaw-Nkwanta, Ahafo Region, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
NehokaniSeparated
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaPolitician
N'adwumaPublic Relations and Marketing Executive
CommitteesCommittee on Government Assurances, Health
PortfolioDeputy Minister of Gender, Children and Social Protection.

Freda Akosua Oheneafrewo Prempeh (wɔwoo no 23 Ɔbɛnem 1966) yɛ Ghana amammuifoɔ, na ɔyɛ Mmarahyɛ Badwa no muni wɔ Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson ne Mmarahyɛ Bagua a ɛtɔ so nwɔtwe wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu a ɔgyina Tano Atifi Mansin ananmu wɔ Ahafo Mantam mu, Ghana.[1][2] Mprempren ɔyɛ Ɔmanpanyin, ma adwumayɛbea a ɛhwɛ adwuma ne adan so, Ghana.

Kan no na ɔyɛ Ɔsoafoɔ Abadiakyiri a ɔhwɛ mmarima ne mmaa so na ɔsan nso yɛ Mmarahyɛ Bagua no muni – "Assembly Woman" firi afe mpem mmienu ne mmienu (2002) kɔsi afe mpem mmienu ne du (2010) maa Lakoo Abatoɔ Beaeɛ a ɛwɔ La-Dadekotopo Mansin mu wɔ Greater Accra Mantam mu. Wɔ afe mpem mmienu ne du nson 2017 mu no, wɔpaw no sɛ mpɔtam hɔ nhyehyɛe boayikuo a emufo yɛ 11 a wɔde adwuma ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnyɛ afe mpem mmienu ne du nwɔtwe (2018) Afrika Mmaa Kuruwa no dwamtenani.[3]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo no wɔ Ɔbɛnem bosome no da a ɛtɔ so aduonu mmiensa wɔ afe apem ahankron aduosia nsia mu (1966) wɔ Accra wɔ Ghana Ahemfo abusua mu. Ɔyɛ owufoɔ Ohenenana Akwasi Agyeman Dua-Prempeh, a ɔfiri Ashanti Ahemfie abusua mu ne owufoɔ Nana Amma Serwaa, Kontihemaa a ɔfiri Duayaw Nkwanta,( a wonim no wɔ kokoam asetena mu sɛ Madam Georgina Ansah) babaa a ɔtɔ so mmiɛnsa.

Freda hyɛɛ ne mfitiaseɛ nwomasua ase wɔ University Primary School, Kumasi na ɔkɔɔ so de ne Ordinary(O) level wɔ Technology Secondary School (mprempren KNUST Senior High School) wɔ Kumasi, Ghana na ɔtoaa so de ne Advanced level Certificate (A level) wɔ Accra Workers Kɔlege a ɛwɔ Accra, Ghana. Afei ɔkɔɔ Ghana Institute of Journalism, na ɔkɔɔ Diploma wɔ Public Relations and Advertising mu. hyɛɛ no anuonyam sɛ Certified Public Accountant wɔ afe apem ahankron aduowɔtwe nwɔtwe (1998).

Ɔwɔ Certificate ne Advanced Certificate wɔ Marketing, DipM, MCIM, Chartered Marketer Professional Postgraduate Diploma wɔ Marketing mu, ne nyinaa firi Chartered Institute of Marketing, United Kingdom na ɛwɔ hɔ. Ɔnyaa ne abodin krataa wɔ (Business Administration), Human Resource Management Option mu wɔ Ghana Suapɔn mu wɔ afe 2006 mu. Ɔsane nso suaa MA Comms, Media ne Public Relations wɔ University of Leicester, UK na ɔsane nso wɔ PhD wɔ Business Administration mu wɔ Ghana Technology University College.[4]

Ankorankorɛ asetena[sesa]

Freda Akosua Prempeh firi Duayaw Nkwanta, ne mmarahyɛ badwa Mantam, Tano North, ahenkurow a ɛwɔ Ahafo Mantam mu, Ghana. Ɔyɛ Kristoni, na waware wɔ ɔbabarima. Ɛkaa kakraa bi na Freda hweree ne nkwa wɔ Ayɛwohomumɔ bosome no da a ɛtɔ so mmiensa wɔ afe mpem mmienu ne du num mu (2015) nsuyiri ne ogya asiane a esii wɔ circle, Accra. Ansa na wɔrepaw Freda sɛ ɔmannifoɔ wɔ mmarahyɛ badwa mu wɔ afe 2013 mu no, na ɔyɛ adwuma sohwɛfoɔ wɔ Point Four Hotel a ɛwɔ Sunyani na na ɔne Prison Service nso ayɛ adwuma mfeɛ 10. Ɔyɛ obi a ɔpɛ agumadi na ɔgye mmaa tumi di denneennen.

Amammuo asetena[sesa]

Freda Prempeh yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuo Foforo (N.P.P.) no muni. N’amammuo adwuma hyɛɛ aseɛ wɔ afe 2002 mu tɔnn, sɛ Mmarahyɛ Bagua no muni ma Lakoo Abatoɔ Beaeɛ a ɛwɔ La-Dadekotopo Mantam mu wɔ Greater Accra Mantam mu, mfeɛ 8, Wɔ Ɔpɛpɔn 2006 mu no, wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛsom wɔ Ɔman Mpata Badwa no mu sɛ Ɔmanfoɔ Affairs Officer a ɔyɛ asram 9. Mprempren ɔyɛ Mmarahyɛ Bagua no muni ma Tano North Constituency, na ɔsom wɔ Mines and Energy, Aban Awerɛhyem Boayikuo mu wɔ mmarahyɛ badwa no mu. Wɔpaw no sɛ Ɔmanpanyin Akufo-Addo sɛ Ɔmanpanyin Abadiakyiri a ɔhwɛ Adwumayɛ ne Adan So, wɔ afe 2017 mu. Mprempren ɔyɛ Ɔmanpanyin Abadiakyiri a ɔhwɛ Bɔbeasu, Mmɔfra ne Asetena mu Ahobammɔ so. Ɔsii akan wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ no mu sɛ mmarahyɛ badwani a ɔpɛ sɛ ɔdi Tano North seat no so wɔ New Patriotic Party tekiti so, na ɔdii nkonim bɛboro 51%. Eyi ma ɛyɛ ne bere a ɛto so 3 sɛ MP na mprempren ɔyɛ Fourth Republic mmarahyɛ badwa a ɛto so 8 no muni.

Akannifoɔ dibea ahodoɔ a wokura[sesa]

2004–2008 Ɔmannifoɔ, Aban Badwa, – Mpɔtam Aban Dwumadie Badwa

2005–2008 Ɔman Ba – Ɔman Nsɛm ho Amanneɛbɔ Badwa

2005–2008 Adwumakuo no muni – Ɔman Akwahosan Insurance Nhyehyɛeɛ, Kpeshie Sub- Metro, Accra

2002–2006 Oguamtrani, Nkɔso Boayikuw ketewa (Accra Kuropɔn Nhyiam) .

2006–2008 Oguamtrani, Mmea & Mmofra Boayikuw ketewa (Accra Metropolitan Assembly) .

2006/2007 Ɔmanpanyin a ɔhyehyɛɛ ne Ɔmampanyin Abadiakyiri, Tertiary Students Adesua Afe Confederacy (TESCON), Ghana Sukuupɔn, Accra City Campus 2008 Member, Nkitahodi Boayikuw. Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo, Ɔman Ɔsatu Kuo President ne Ɔdehyeɛ, Women Supporters Union of Ghana[5]

Adwumayɛkuo ahodoɔ a wɔyɛ adwumaden no mufoɔ[sesa]

  • 31 October 2003 to date        Institute of Public Relations (IPR, Ghana) – Accredited Member.
  • October 2000 – October 2003 Institute of Public Relations (IPR) Ghana –  Associate Member
  • Ghana Journalists Association (GJA) – Affiliate Member

baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-19
  2. NPP Primaries: Hon. Freda Retains Tano North Constituency Seat (in English), 2015-06-15, retrieved 2023-10-17
  3. "Freda Akosua Prempeh", Wikipedia (in English), 2023-06-07, retrieved 2023-10-17
  4. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-17
  5. Minister of States (Works and Housing) - MINISTRY OF WORKS AND HOUSING (in American English), 2018-05-26, retrieved 2023-10-19