Eva Mends
Eva Mends | |
|---|---|
| Awo bere | Eva Esselba Mends |
| Adesua | University of Ghana, Ghana Institute of Management and Public Administration, Harvard University, Duke Universities |
| Sukuu a w'akɔ | University of Ghana |
| N'adwuma | Economist, coordinating director of the Ministry of Finance |
| Board member of | Head of The Americas Desk in 1998, Head of Budget Development in 2006, Group Head of Public Financial Management reforms in 2013, director of budget at the Ministry of Finance |
Eva Esselba Mends yɛ Ghanani a w'aben wɔ Sika ho ntotoe a ɛne ɛkɔnomise mu. ɔyɛ ɔbaa a odiakn a wɔpaw no sɛ okwakyerefo a oda sikasɛm ho ntotoeɛ ano wo adwumakuo a ɛde Ministry Of Finance wɔ Ghana. Aban no paw no wɔ afe mpem mmienu ne du-nson (2017) mu[1][2][3][4][5][6].
Nhomasua
[sesa]ɔkɔɔ Suapɔn a ɛde University of Ghana kosuaa sikasɛm ho ntotoeɛ a ɛne ekɔnɔmise ne Political Science. Okuraa abɔdin krataa a ɛde Executive Master's degree in firii Public Administration onyaa firii suapɔn a ɛde Ghana Institute of Management and Public administration. Osuaa nnema nkenkete bi wɔ Havard ne Duke University.[1][3][4][6]
Nwuma
[sesa]Mends de ne ho kɔdɔɔm adwumakuo a ɛde Finance Ministry no bre a na ɔreyɛ National Service, wɔ afe apem ahankron aduokron baako (1991) mu na efiri saa bre no besi nnɛ, w'akura dibea ahorɔw pii a emu bi ne otitenani a ɔhwɛ The Americas Desk wɔ afe apem ahankron aduokron nwɔtwe (1998) mu, Otitenani a ɔda Budget Development ano wɔ afe mpem mmienu ne nsia (2006) mu, ekuo anɔ titenani a ɔda Public Financial Managemnet reform ano wɔ afe mpem mmienu ne du-mmiensa (2013) mu. Wɔ bosome a ɛtɔ so nnum no mu wo afe mpem mmienu ne du-nson (2017) mu no, wopaw no sɛ ɔkwankyerɛfo a ɔda sikasɛm ho ntotoe ano wɔ adwumakuo a ɛde Ministry Of Finance,dibea a okurae kosii afe mpem mmienu ne du-nkron (2019) mu. Wonim no se obi a ɔboa maa nsakrae ahorɔw kɔɔ so a emu bi ne Gender responsive Budgeting, Programs Base Budgeting ne Public Financial Management Act foforo a ewɔ hɔ no. Sesie, ɔyɛ ɔkwankyerɛfo a ɔhwɛ ntotoe so wɔ Ministry of Finance[2][7][8][9][5][6].
Ntotoho
[sesa]- 1 2 MyJoyOnline.com - Ghana's most comprehensive website. Credible, fearless and independent journalism
- 1 2 Late Agyarko’s wife removed as Director of Budget at Finance Ministry (ghanaweb.com)
- 1 2 Eva Mends named as first female Director of Budget - Citi 97.3 FM - Relevant Radio. Always (citifmonline.com)
- 1 2 Eva Mends appointed first female Director of Budget - Graphic Online
- 1 2 Gov't has just appointed Ghana's first female director of budgets - YEN.COM.GH
- 1 2 3 Business in Ghana, News, Telephone Directory, Real Estate, GSE, Stock Exchange (ghanaweb.com)
- ↑ Eva Mends | Ministry of Finance | Ghana (mofep.gov.gh)
- ↑ Michael Ayesu And Eva Esselba Mends Appointed Finance Ministry Coordinating Directors (modernghana.com)
- ↑ ghananewsagency.org - ghananewsagency Resources and Information.