Elizabeth Amoah Tetteh

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Elizabeth Amoah-Tetteh (wɔwoo no 25 Ɔbɛnem 1945) yɛ nhomasua ho nimdefo ne Ghana amanyɔni. Na ɔyɛ mmrahyɛbaguani ma Twifu-Atti Morkwaa mantam no wɔ mmrahyɛbagua a ɛtɔ so 5 a ɛwɔ Ghana Republic a ɛtɔ so nnan no mu.[1]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Amoah-Tetteh wɔ 25 Ɔbɛnem 1945. Ɔfiri Twifo-Abodom a ɛwɔ Central Region wɔ Ghana. Wɔ 1974 mu no onyaa Diploma wɔ Apɔw-mu-teɛteɛ mu wɔ Specialist Training College a ɛwɔ Winneba no mu .

Adwuma[sesa]

Amoah-Tetteh yɛɛ adwuma sɛ ɔkwankyerɛfoɔ boafoɔ ma Data Collection wɔ Teacher Education Division a ɛwɔ Ghana Education Service wɔ Accra. Na ɔyɛ mmrahyɛbaguani ma Twifo-Atti Morkwaa mantam no na ɔsan nso yɛ Nhomasua Minista Abadiakyiri a ɔhwɛ Pre-tertiary Education so wɔ bere a Nea Ɔkorɔn no Ghana Ɔmanpanyin Kan John Dramani Mahama nniso no mu.

Amanyɔsɛm[sesa]

Elizabeth Amoah-Tetteh dii kan gyinaa Twifo-Atti Morkwaa mantam ananmu sɛ mmrahyɛbadwani wɔ mmrahyɛbagua a Ɛto so Anum a ɛwɔ Ghana Republic a Ɛto so Anan no mu bere a odii nkonim wɔ National Democratic Congress tekiti so wɔ afe 2008 Ghana amansan abatow no mu akyi [2] Ɔnyaa abatoɔ dodoɔ a ɛyɛ 14,724 wɔ abatoɔ 28,632 a ɛfata a wɔtoeɛ a ɛgyina hɔ ma 51.4% sene n’akannifoɔ afoforɔ, Abraham Dwuma Odoom a ɔfiri New Patriotic Party a ɔtwee abatoɔ 13,086 a ɛgyina hɔ ma 42.90% ne Rose Buah-Bassuah a ɔfiri Conventions People’s Party a nso nyaa abatoɔ 1,577 a egyina hɔ ma 5.2%.

Ankorankoro asetra[sesa]

Amoa-Tetteh aware a ɔwɔ mma baason. Ɔyɛ Kristoni.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. Ghana Elections 2008 (PDF). Ghana: Friedrich-Ebert-Stiftung. 2010. p. 81.
  2. Ghana Elections 2008 (PDF). Ghana: Friedrich-Ebert-Stiftung. 2010. p. 81.