Elizabeth Afoley Quaye

Ɛfi Wikipedia


Nhwɛsoɔ:Use Ghanaian English

Hon.
Elizabeth Afoley Quaye
MP
Member of the Ghana Parliament
for Krowor Constituency
Bere
7 January 2017 – 6 January 2021
OdikanfoNii Oakley Quaye-Kumah
AnanmusiniAgnes Naa Momo Lartey
Ne ho asɛm
Awo bere1 November 1970 (1970-11-01) (age 53)
Nungua, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mma4
Sukuu a w'akɔCentral University, Accra, Ghana
N'adwumaAgriculturist
N'adwumaAgriculturist

Elizabeth Afoley Quaye (wɔwoo no afe 1970), mprempren ɔyɛ Mmarahyɛbadwa no mu ni ma Krowor mmansini a ɛwɔ Nkran punpuni (Greater Accra ) mantam mu wɔ Ghana no. Ɔsan nso yɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Mpataayie, afarefodwuma, ne Nsuo mu Nneɛma ho nsɛm so.[1]

Nhomasua .[sesa]

Elizabeth wɔ Bachelor of Science abɔdin krataa wɔ (Agribusiness) mu wɔ Central University College. Ɔnyaa (National Diploma )wɔ (General Agriculture) mu wɔ Ghana Suapɔn mu, na ɔsan nso nyaa adansedie krataa wɔ General Agriculture mu wɔ Kwadaso Agricultural College.[2]

Adwuma[sesa]

Elizabeth ne asoeɛ a ɛhwɛ nnuane ne kuayɛ ho nsɛm so (Ministry of Food and Agriculture) ayɛ adwuma sɛ Principal Production Officer mfeɛ aduonu ni. Ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma krowor mansini no

Ɔsan nso yɛ Ɔsomfoɔ a wɔapaw no sɛ ɔhwɛ Mpataayie ne Nsuo mu Nneɛma ho nsɛm so.[3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Mprempren yi, Elizabeth Afoley Quaye yɛ Mmarabadwani ma Krowor Mansini a ɛwɔ Nkran punpuni (Greater Accra ) mantam mu wɔ Ghana no. Ɔsan nso yɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Mpataayie ne Nsuo mu neɛma ho nsɛm so. Afoley Quaye sii akan na ɔdii nkonim wɔ ɔsono Kokroko ammanyɔkuo (New Patriotic Party-NPP) tekiti so wɔ mmarahyɛbadwa abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ Nkran mantam no mu no. Ɔgyina maa Krowor abatoɔ mpɛsoa a ɛwɔ Greater Accra Mantam mu wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-num(2015). Wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-nsia (2016 ) Ghana amansan abatoɔ no mu no, ɔdii nkonim wɔ saa mmarahyɛbadwa no ara mu de bɛyɛɛ mmarahyɛbadwani maa Krowor Mansini no bio. Ɔne nnipa afoforoɔ mmeɛnsa na wɔpɛ sɛ wɔn nso bɛyɛ mmarahyɛbafoɔ na ɛsii Akan no a na wɔn nyinaa wɔpɛ sɛ wɔpaw wɔn sɛ mmarahyɛbadwafie wɔ Krowor mansin no mu no. Na ɔdii wɔn nyinaa so nkonim. Wɔne Agnes Naa Momo Lartey a ɔfiri kyiniiɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress-NDC), Hugo Kofi Huppenbauer a ɔfiri (Progressive People’s Party-PPP) ne Amartey Fanny a oɔfiri (Convention People’s Party-CPP) mu. Afoley Quaye dii nkonim wɔ abatoɔ no mu a ɔnyaa mma mpem Aduasa-mmienu, Ahanan ne aduosia nsia (32,463) wɔ mpem aduosia mmeɛnsa, ahanum ne aduonum-num (63,555) a wɔtoeɛ no mu, a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyem aduonum-baako ne akyiri pɔ whee ne nwɔtwe (51.08).[4]

Elizabeth na ɔyɛ asoeɛ a ɛhweɛ kuadwuma ne nnuane so (Ministry of Food and Agriculture) no mu panin a ɔhwɛ nnɔbaeɛ dua so. Wadi saa dwuma yi bɛyɛ mfeɛ aduonu ni.


Elizabeth Afoley Quaye a ɔyɛ Mmarahyɛbadwa no mu ni ma Krowor mansini no ani ku kwadwuma ho pa ara. Nti mpɛn pii no, ɔhyɛ ɔmanfoɔ nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ kuadwuma mu. Sɛ Ɔmsoafoɔ a ɔhwɛ Mpataayie e Nsuo mu Nnuadeɛ no, ɔmfa afarefoɔ nni agorɔ koraa. Ɔde ne nimdeɛ a ɔwɔ no wɔ Bachelor of Science wɔ Agribusiness mu no boa de akwan ahodoɔ a ɔmanfoɔ nam so bɛnya nkɔsoɔ wɔ wɔn kuadwuma ne Mpataayie mu bɛ

Elizabeth bɔɔ ne ho mmɔden , na ɔgu so yɛ adwumaden ma Ministry of Food and Agriculture a ɔne wɔn ayɛ adwuma sɛ Principal Production Officer mfeɛ aduonu no

Elizabeth Afoley Quaye nkonimdie a ɔnyaa no wɔ ne Mmarahyɛbadwa abatoɔ no mu no yɛɛ krabɛhwɛ Krowor Mansini a ɛwɔ Greater Accra Mantam mu no de anigyeɛ paw no sɛ wɔn kannifoɔ wɔ afe 2015.

Nnipa mmiɛnsa a Ɔne wɔn sii akan no mpo ammɛe no ababaa. Na abatoɔ no akyiri no, wɔn nyinaa de anigye hyɛɛ bɔ sɛ, ɛwom sɛ wɔanya aba no deɛ, nanso wɔbɛboa no ama wayɛ adwuma. Na ɛnam saa so ama Krowor mansini no afa ne ntoma pa afira.

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Ɔwaree na ɔwɔ mma baanan. Ɔda ne ho adi sɛ ɔyɛ Kristoni.[5]

Baabi Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. "Elizabeth Afoley Quaye", Wikipedia (in English), 2023-01-31, retrieved 2023-10-02
  2. Kojo Akoto Boateng (2017-01-12), Elizabeth Quaye nominated for Ministry of Fisheries & Aquaculture (in American English), retrieved 2023-10-02
  3. Kojo Akoto Boateng (2017-01-12), Elizabeth Quaye nominated for Ministry of Fisheries & Aquaculture (in American English), retrieved 2023-10-02
  4. Peace FM, Krowor Constituency Results - Election 2016, retrieved 2023-10-02
  5. MPs (in American English), retrieved 2023-10-02