Ekow Panyin Okyere Eduamoah

Ɛfi Wikipedia


Hon.
Ekow Panyin Okyere Eduamoah
MpɛsoaGomoa East
Member of Parliament
Bere
7 January 2009 – 6 January 2013
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
OdikanfoRichard Sam Quarm
Ɛdɔm keseɛNDC
Ne ho asɛm
Awo bere23 November 1972 (1972-11-23) (age 51)
Ne manGhana Ghanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Mma2
Sukuu a w'akɔUniversity of Cape Coast
N'adwumaEducationist

Ekow Panyin Okyere EduamoahGhana amammuifoɔ na ɔyɛ mmarahyɛ baguani a ɔgyina Gomoa Apueeɛ mantam ananmu wɔ mfinimfini mantam mu wɔ Ghana.[1][2]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Ekow wɔ Ɔbɛnem bosome ne da a ɛtɔ wɔ afe 1972[3] wɔ Potsin, kurow bi a ɛwɔ Ghana Mfinimfini Mantam mu. Ɔyɛ obi a wawie Cape Coast Suapɔn a ɔnyaa Diploma wɔ Management Studies mu wɔ afe 2006 mu[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔyɛ National Democratic Congress no muni.[1] Wɔdii kan paw no sɛ mmarahyɛ bagua no muni sɛ ɔmmɛgyina Gomoa East Constituency ananmu wɔ afe 2008 Ghana Amansan Abatoɔ no mu. Enti ogyinaa amansin no ananmu wɔ ɔman a ɛto so 4 no mmarahyɛ bagua a ɛto so 5 no mu. Wɔde abatow 18,908 na ɛpaw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 35,212, a ɛne abatow a ɛfata nyinaa mu ɔha biara mu nkyem 53.70 yɛ pɛ. Wɔpaw no sen Richmond Sam Quarm a ofi New Patriotic Party, Kofi Otu a ofi Democratic Freedom Party ne Richmond K. Anwumanyi Grant a ofi Convention People’s Party mu.[4] Eyinom nyaa ɔha biara mu nkyem 37.77, ɔha biara mu nkyem 0.76 ne ɔha biara mu nkyem 7.78 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu.[4] Ɔsan nso dii nkonim wɔ ne sanba a ɔsan paw no sɛ ɔbɛkɔ adwuma no mu wɔ afe 2012 Amansan Abatoɔ no mu nanso ɔdii nkoguo wɔ ne mprɛnsa so a wɔsan paw no sɛ ɔbɛkɔ adwuma no mu wɔ afe 2016 Amansan Abatoɔ mu. [5] Na ɔyɛ boayikuw a ɛhwɛ Bɔbeasu ne Mmofra, Adwumayɛ, Asetra mu Yiyedi ne Ɔman, Ɔmanfo Akontaabu so no muni.[2] Kojo Asemanyi a ofi New Patriotic Party kuw no mu na odii n’ade.[5]

Adwumafa[sesa]

Ɔyɛ nhomasua ho nimdefo/ɔkyerɛkyerɛfo na na ɔyɛ Multi-Care Preparatory School a ɛwɔ Gomoa-Potsin no wura.[1][2]

Ankorankoro asetra[sesa]

Ekow aware na ɔwɔ mma baanu. Ɔyɛ Kristoni (Methodistni).[1][2]

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 MPs
  3. Ghana MPs - MP Details - Eduamoah, Ekow Panyin Okyere, 2016-05-06, archived from the original on 2016-05-06, retrieved 2023-10-01{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  4. 4.0 4.1 MPs (PDF)
  5. 5.0 5.1 MPs, archived from the original on 2020-07-13, retrieved 2023-10-01