Eco Akofo Kuw (Eco Warriors Movement)

Ɛfi Wikipedia
Eco Akofo Kuw
Eco Warriors wɔ Fodoa Senior High School ɛwɔ Ghana Apuei Mantam

Eco Akofo Kuw (Eco Warrior Movement) yɛ kuw a ɛnyɛ aban de a ɛwɔ Gaana (Ghana) a ɛne mmeranteɛ ne mmabaa reyɛ adwuma wɔ wim nsakraeɛ ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a ɛbɛkɔ so atra hɔ daa ho.[1] Kuw no yɛ kuw a mmabun di anim a wɔn botae nso ne sɛ wɔbɛsan de nsase a asɛe no aba na wɔabrɛ wim nsakrae ase denam ɔkwan a wɔaka abom na ɛka obiara ho so. Otuo-Akyampong Boakye a ɔyɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nyansahufoɔ (environmental scientist) a ɔfiri Ghana, na ɔde Eco-Akofo Kuw no sii hɔ wɔ afe 2020 mu.

Dwumadie ahorow[sesa]

1. Wim Tebea Nyansa Dua (Climate Smart Tree): Dwumadie no de nyansahu a ɛfa nnua dua ho di dwuma de tew mframa a atwa yɛn ho ahyia ho wɔ ɔkwan foforo so, de sie carbon, de yɛ atrae ma nnua mu mmoawa na wɔhyɛ kotokuo a ɛwɔ nkuropɔn mu kwaeɛ a ɛtwa mmeaeɛ a ɛfa ahotew ho te sɛ nwura a wɔtow gu ne ɔmanfoɔ tiafi a ɛwɔ nkuropɔn mu wɔ Gaana (Ghana) ase.

2. Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia Ho Abakɔsɛm (Environmental Storytelling): Abakɔsɛm adwuma no de abasɛm di dwuma sɛ akadɛ a wɔde di nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nimdeɛ ho nkitaho na wɔkyerɛkyerɛ mmerante ne mmabaa, kyɛ yɛn mmofraberem nkae wɔ sɛnea abɔde maa yɛn na ɛhwɛɛ sɛ yɛne yɛn ho bɛbɔ wɔ mpɔtam hɔ tebea horow mu.[2]

3. Eco Club a Wɔhyehyɛe (Eco Club Formation): kamfo mmɔdenbɔ a nhomasua nhyehyɛe no rebɔ sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ asuafoɔ wɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a ɛbɛtena hɔ daa ne wimu nsakraeɛ ho denam akuo a wɔbɛhyehyɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu a asuafoɔ di nkitaho na wɔde wɔn ho hyɛ mu de hwehwɛ ano aduru wɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛnnennen a ɛwɔ wɔn mpɔtam hɔ no ho. [3] [4]

Nimdeɛ a emu Ebue (Open Knowledge) a wɔde di dwuma ahyɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho adesua ho nkuran denam Wikimedia nnwuma ahorow no so.[5][6]

Abasobɔdeɛ[sesa]

  1. SDG13 ho ɔkamfofo a ɔsen biara wɔ Ghana (Best SDG13 Advocate in Ghana) [7]
  2. Yɛabom Nkonimdi nkonimdifo (WeAreTogether Prize winner) [8]
  3. Afasu a Ɛrehwe ase Ntikahodi Nhwehwɛmu nkonimdifo (Falling Walls Engage Lab winner) [9]

Beae a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. "Eco Warriors Movement starts initiative to translate environmental information into sign language and local languages".
  2. "Otuo-Akyampong Boakye, Eco Warriors Movement - XV WFC - 6May2022 - Video". IISD Earth Negotiations Bulletin (in English). Retrieved 2023-03-18.
  3. GNA (2022-06-20). "Community Solutions Programme supports environmental information implementation". Ghana News Agency (in American English). Retrieved 2023-03-18.
  4. Zulqa, Abdulai Nuhu (2021-05-22). "Step-by-step understanding of THE CONCEPT TO THE 'TYREBIN' PROJECT by Eco Warriors Movement". Radio For Peace and Development (in American English). Retrieved 2023-03-18.
  5. Wikipedia a tool for promoting science communication in Ghana (in American English), 2022-05-22, retrieved 2023-04-03
  6. Otuo-Akyampong Boakye, Eco Warriors Movement - XV WFC - 6May2022 - Video (in English), retrieved 2023-04-03
  7. "Humanitarian Awards Ghana: Full List Of 2020 Winners - Africapush.com" (in American English). 2020-10-07. Retrieved 2023-03-19.
  8. "The Eco Warriors Movement". wearetogetherprize.com. Retrieved 2023-03-19.
  9. "Otuo-Akyampong Boakye | Falling Walls". falling-walls.com (in American English). Retrieved 2023-03-19.