Jump to content

Dwonsɔkɛtɛso

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
nocturnal enuresis
Nyarewa, symptom or sign
subclass ofenuresis, urinary incontinence Sesa
health specialtypsychiatry, psychology Sesa
drug or therapy used for treatmentmesocarb Sesa
ICPC 2 IDP12 Sesa
NCI Thesaurus IDC118172 Sesa

Dwunsɔkɛtɛso (Nocturnal enuresis ) a borɔfo kasa mu yɛfrɛ no bedwetting, yɛ awerɛfire mu dwonsɔ a, obi da a ɔdwonsɔ wɔ berɛ a n'ani nna ne ho so. [1] Yei tumi de ɔhaw brɛ mmɔfra ne mpanin. Ɔhaw a ɛde ba no bi ne dwonsɔtwaa ho haw. [2]

Wɔn a wɔdwonsɔ kɛtɛ so no mu fa kɛseɛ no ara deɛ yɛ adeɛ a ɛba daadaa wɔ berɛ a wɔnyare. Wɔn a wɔdwonsɔ kɛtɛ so no mu ɔha nkyekyɛmu num de kɔ du pɛ na wɔn deɛ no yɛ yareɛ. Deɛ ɛtaa de ba pa ara firi awoɔ ntoatoasoɔ mu. Sɛ abɔfra bi nya nhunuu sɛdeɛ ɔno ankasa bɛworɔ ne ho adwonso a na ɔdwonsɔ ne ho anaa kɛtɛ so a, ɛnyɛ adeɛ a ɛhyɛ da ha adwene pii. [3] Wɔfa akwan bebree so sɔ ano. Ɛnonom bi ne sɛ wɔbɛnyane wɔn ma wɔakɔdwonsɔ, sɛ wɔbɛfa nnuro mpo wɔtumi mpo prehyɛn. Wɔn mu fa kɛseɛ no ara kyɛ ayarefoɔ no nkuran sɛ wɔbɛma wɔn ani akɔ wɔn ho so yie pa ara.[4]

Nsunsuansoɔ[sesa]

Nnwoma a ɛfa ayarehwɛ ho mpɛnsɛnmpɛnsɛnmu kyerɛ sɛ adɔkotafoɔ taa ka sɛ sɛ mmɔfra taa dwonsɔ kɛtɛ so a, ɛmfiri wɔn. Nti ɛntaa nha adwene. Nhwewhɛmu kyerɛ sɛ, nsunsuansoɔ a yei nya wɔ mmɔfra yi ne mpanimfoɔ atenka so no so sene deɛ ɛnya wɔ wɔn nnipadua so. Mpɛn pii no, ɛyɛ a, sɛdeɛ awofoɔ ne akwadaa no nnamfonom yɛ no na ɛbɛkyerɛ sɛ saa tebea no yɛ ɔhaw anaa ɛnyɛ ɔhaw. Ɛbinom wɔ hɔ a, wɔn nnamfonom ne wɔn nuanom resere wɔn no na wɔn no, na wɔn awofoɔ ne wɔn akyerɛkyerɛfoɔ retwe wɔn aso. Ɛba no saa a wɔn a wɔhunu yei no. dwene sɛ obi dwonsɔ kɛtɛ so a ɛyɛ ɔhaw. Ɛbinom nso deɛ, wɔnhunu saa nneɛma yi bi. Yeinom deɛ wɔnhunu sɛ ɛyɛ ɔhaw.

Sɛdeɛ Wɔn A Wɔdwonsɔ Kɛtɛ So No Bu Wɔn Ho[sesa]

Whether bedwetting causes low self-esteem remains a subject of debate, but several studies have found that self-esteem improved with management of the condition. Whehwɛmu pii akyerɛ sɛ sɛ obi dwonsɔ kɛtɛ so a, ɛma gyidie a ɔwɔ wɔ ne mu no so te. Ɛbi nso sɛ, sɛ wɔyɛ biribi fa saa tebea no ho a, ɛtumi ma gyidie a wɔwɔ wɔ wɔn mu no kɔ anim kakra.


Saekɔlɔgyifoɔ adwenkyerɛ mu no, deɛ ɛdidi soɔ yi na ɛbɛkyerɛ sɛ sɛ obi dwonsɔ kɛtɛ so a gyidie a ɔwɔ wɔ ne mu no so te anaa nyɛ saa.

  • Sɛdeɛ wɔn a wɔdwonsɔ kɛtɛ so no ne afoforɔ nkitahodue teɛ
  • Sɛdeɛ onipa no nnamfofoɔ si fa sere no
  • Sɛ onipa no awofoɔ twe n'aso anaa wɔntwe n'aso
  • Mpɛn dodoɔ a wɔapɛ sɛ wɔbɛsɔ ano a ne nyinaa gye guiɛ
  • Mfeɛ dodoɔ a obi de adwonsɔ kɛtɛ so.Sɛ abɔfra no awofoɔ ne ne nuanom sere no, na n'awofoɔ ne n'akyerɛkyerɛfoɔ nso twe n'aso a, ɛma ɔnka ne ho nkɔ afoforɔ ho, ɛnam fɛreɛ nti. Saafoɔ no mpo, wɔntaa mfa wɔn ntu kwan.


Kwan A Wɔfa So Brɛ No Ase[sesa]

Wɔwɔ akwan pii a wɔfa so brɛ saa tebea yi ase . Deɛ ne yɛ nyɛ den na dodoɔ no ara nim a wɔdi ho adanseɛ yɛ berɛ a wɔnhyɛ da nhunuu ade korɔ pɔtee a ɛma obi dwonsɔ kɛtɛ so, sɛ ebia dwonsɔtwaa ho sintɔ anaa asikyire yadeɛ. Dwonsɔ ho haw a ɛma obi dwonsɔ kɛtɛ so no mu fa kakra bi na yadeɛ anaa nipadua mu sintɔ de ba.

Nsɔano[sesa]

Wɔagye akwan tiawa bi ato mu sɛ ɛno ne deɛ ɛdi kan a wɔyɛ berɛ a obi dwonsɔ kɛtɛ so na wɔpɛ sɛ wɔsɔ saa tebea no ano

  • Deɛ ɛdi kan ne suahunu a wɔde ma awofoɔ ne wɔn mma a wɔdwonsɔ no. Wɔkyerɛ wɔn deɛ ɛsɛ sɛ wɔhunu fa saa tebea no ho no nyinaa. Ɛno ma wɔnya ahodasoɔ. Sɛ wɔn abam abu mpo a, wɔtumi nya awerɛhyɛmu. Na ɛno kanyan wɔn m wɔpɛ saa ɔhaw no ho pomasiberɛ. Nhwɛsoɔ ne sɛ ebia wɔbɛkyerɛ wɔn sɛ, da a abɔfra no annwonsɔ kɛtɛ so no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no abaso.

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. Definition & Facts for Bladder Control Problems & Bedwetting in Children | NIDDK, 2017-10-25, archived from the original on 2017-10-25, retrieved 2024-06-10{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  2. Definition & Facts for Bladder Control Problems & Bedwetting in Children | NIDDK, 2017-10-25, archived from the original on 2017-10-25, retrieved 2024-06-10{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  3. Nocturnal Enuresis, 2008-01-22, archived from the original on 2008-01-22, retrieved 2024-06-10{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  4. Nocturnal Enuresis, 2008-01-22, archived from the original on 2008-01-22, retrieved 2024-06-10{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)