Doris Asibi Seidu

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Doris Asibi SeiduGhanani nwomasua ho nimdefo, asetena mu adwumayɛni ne amanyɔni a ɔsom sɛ mmrahyɛbaguani maa Chereponi firi afe 2005 kɔsi afe 2009 berɛ a ɔwuiɛ wɔ n’adwuma mu. Ɔno ne ɔbea a odi kan a ogyinaa ɔmantam no ananmu wɔ mmrahyɛbagua no mu.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Doris wɔ afe 1969 mu wɔ Accra, Ghana. Ɔsuaa adeɛ wɔ Bimbilla Training College firi afe 1986 kɔsi afe 1990, ne Tamale Training College a ɔnyaa n’akyerɛkyerɛfoɔ Abodin krataa ‘A’ wɔ afe 1995.

Adwuma ne amammuisɛm[sesa]

Wɔ afe 2004 mu no, ɔsii akan wɔ Chereponi nkongua a ɛwɔ New Patriotic Party no tekiti so no ho na odii nkonim. Wɔkoraa no so wɔ mmrahyɛbagua mu wɔ afe 2008 mu berɛ a ɔdii nkonim wɔ atenaeɛ no mu bio a ɔtoo aba 9,188 wɔ abatoɔ 17,559 a ɛfata mu, a ɛyɛ 52.33% wɔ abatoɔ a wɔtoo no nyinaa mu. Ɔtraa mmrahyɛbagua mu kosii sɛ owui wɔ 31 July 2009. Wɔyɛɛ abatoɔ foforɔ wɔ 29 September 2009 na Samuel Abdulai Jabanyite a ɔfiri National Democratic Congress no dii nkonim wɔ atenaeɛ no mu. Bere a na ɔyɛ mmrahyɛbaguani no, ɔboaa nkɔso adwuma ahorow bi te sɛ anyinam ahoɔden a wɔde bɛma mpɔtam hɔfo wɔ amansin no mu, sukuu ne ayaresabea ahorow a wosisi, ne sika a wɔde bɛma sukuufo a wɔn ho akokwaw na wohia mmoa wɔ ɔmansin no mu nso. Wɔ mmrahyɛbagua mu no ɔsom wɔ boayikuw ahorow mu a ebi ne; Nhomasua ne Aboɔden abo boayikuw, ne Ahoɔden boayikuw.

Ankorankoro asetra[sesa]

Na Doris yɛ Nkramofo. Na waware na na ɔwɔ abofra.

Owuo[sesa]

Doris wui bɛyɛ 11:30 anadwo Fida, 31 July 2009 wɔ Korle-Bu Nkyerɛkyerɛ Ayaresabea a ɛwɔ Accra . Amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ owui esiane koma a ɛkyeree denneennen ne nsɛnnennen a efi koma mu nti. Na ɔwɔ n’asaabo nso ho nsɛnnennen, yare a na ɔne no reko bere bi. Esiane n’akwahosan tebea nti, na onni mmrahyɛbagua no nhyiam ahorow ase bere tenten. Owui bere a na wadi mfe 40. Ɔgyaa ne kunu ne ne ba.

Bere a wobisabisaa Daily Guide wɔ February 2009 mu no, ɔkae sɛ; "adeɛ a ɛhia paa ne sɛ ɔbɛma ne mansin no ayɛ beaeɛ a asomdwoeɛ wɔ a mmusuakuo bɛyɛ adeɛ a atwam na ɔsan nso bɛma adwumayɛ akwan ama ne mansinfoɔ; titire mmaa ne mmabun."

Hwɛ nso[sesa]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]